1 Korintofo 12:1-26 AKCB

1 Korintofo 12:1-26

Honhom Kronkron No Akyɛde

Me nuanom, mempɛ sɛ morenhu nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron akyɛde no ho no. Munim sɛ bere a na moyɛ abosonsomfo no, moyeraa kwan kɔɔ ahoni a awuwu no nkyɛn. Nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka se “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.

Akyɛde no gu ahorow nanso Honhom koro no ara na ɛkyekyɛ. Akwan ahorow bebree wɔ hɔ a wɔfa so som nanso Awurade koro no ara na wɔsom no. Tumi ahorow bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn koro no ara na ɔma obiara tumi ma ɔde som.

Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi wɔ akwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu. Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɔma no tumi ma ɔkyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɔma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase. Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa; akyɛde ahorow a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.

Nipadua Koro

Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu sɛ ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara. Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom. Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.

Sɛ nan ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. Na sɛ aso ka se, “Esiane sɛ menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. Na sɛ nipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua ade? Sɛnea Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara sii. Sɛ nipadua no nyinaa yɛ akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn? Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow, nanso nipadua no yɛ baako pɛ.

Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ yiye. Akwaa a yesusuw sɛ enni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yiye, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara. Na akwaa a edi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɔkwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a wommu no no anuonyam. Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bɔ mu. Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.

Read More of 1 Korintofo 12