1 Korintofo 1:1-17 AKCB

1 Korintofo 1:1-17

Nkyia

Saa krataa yi fi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn,

Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn se wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:

Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu. Esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti munya nhyira biara bi. Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu Kristo bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara. Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.

Asafo No Mpaapaemu

Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako. Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”

Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui wɔ asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu wɔ Paulo din mu ana? Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo. Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio. Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui wɔ asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.

Read More of 1 Korintofo 1