1 Beresosɛm 7:1-40, 1 Beresosɛm 8:1-40 AKCB

1 Beresosɛm 7:1-40

Isakar Asefo

Na Isakar mmabarima baanan no din de

Tola, Pua, Yasub ne Simron.

Tola mmabarima no ne:

Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia (22,600).

Na Usi babarima din de:

Yisrahia.

Na Yisrahia mmabarima din de:

Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano. Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.

Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason (87,000). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.

Benyamin Asefo

Na Benyamin mmabarima baasa no din de:

Bela. Beker ne Yediael.

Na Bela mmabarima yɛ:

Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan (22,034). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.

Na Beker mmabarima din de:

Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet. Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu (20,200) wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.

Na Yediael babarima ne:

Bilhan.

Na Bilhan mmabarima ne:

Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu (17,200).

Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.

Naftali Asefo

Na Naftali mmabarima yɛ:

Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.

Manase Asefo

Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead. Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara. Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.

Na Ulam babarima din de:

Bedan.

Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.

Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.

Na Semida mmabarima yɛ:

Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.

Efraim Asefo

Efraim asefo ne:

Sutela, Bered, Tahat, Elada,

Tahat, Sabad ne Sutela.

Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no. Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ. Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti. Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.

Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,

Ladan, Amihud, Elisama, Nun ne Yosua.

Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so. Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.

Aser Asefo

Na Aser mmabarima yɛ:

Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.

Na Beria mmabarima din de:

Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.

Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.

Na Yaflet mmabarima din de:

Pasak, Bimhal ne Aswat.

Na Semer mmabarima din de:

Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.

Na ne nuabarima Helem mmabarima din de:

Sofa, Yimna, Seles ne Amal.

Na Sofa mmabarima din de:

Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra, Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.

Na Yeter mmabarima din de:

Yefune, Pispa ne Ara.

Na Ula mmabarima din de:

Arah, Haniel ne Risia.

Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.

Read More of 1 Beresosɛm 7

1 Beresosɛm 8:1-40

Benyamin Asefo

Benyamin mmabarima na wodidi so yi:

Bela (abakan), Asbel, Ahra,

Noha ne Rafha.

Bela mmabarima yɛ:

Adar, Gera, Abihud, Abisua, Naaman, Ahoa, Gera, Sefufan ne Huram.

Ehud mmabarima mmusua ntuanofo a na wɔte Geba na wɔpam wɔn fii hɔ kɔɔ Manahat:

Ehud mmabarima ne Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na bere a wɔretu no odii wɔn anim.

Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma wɔ Moab asase so. Ne yere foforo Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam, Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmabarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofo. Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dedaw.

Elpaal mmabarima yɛ:

Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no, Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a na wɔte Ayalon, na wɔpam ɔmanfo a wɔte Gat no.

Beria mmabarima yɛ Ahio, Sasak, Yeremot, Sebadia, Arad, Eder, Mikael, Yispa ne Yoha.

Elpaal mmabarima yɛ Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber, Ismerai, Yislia ne Yobab.

Simei mmabarima yɛ Yakim, Sikri, Sabdi, Elienai, Siletai, Eliel, Adaia, Beraia ne Simrat.

Sasak mmabarima yɛ Yispan, Eber, Eliel, Abdon, Sikri, Hanan, Hanania, Elam, Antotia, Yifdeia ne Penuel.

Yeroham mmabarima yɛ Samserai, Seharia, Atalia, Yaaresia, Elia ne Sikri.

Eyinom ne agyanom mmusua ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mu biara anato nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.

Saulo Abusua

Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, Gedor, Ahio, Seker, ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.

Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

Yonatan babarima ne:

Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

Mika mmabarima ne:

Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.

Asel woo mmabarima baasia a wɔne:

Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.

Na Asel nuabarima Esek wɔ mmabarima baasa a wɔne

Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔto so abien ne Elifelet a ɔto so abiɛsa. Ulam mmabarima nyinaa yɛ akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduonum.

Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.

Read More of 1 Beresosɛm 8