1 Beresosɛm 16:37-43, 1 Beresosɛm 17:1-27, 1 Beresosɛm 18:1-17 AKCB

1 Beresosɛm 16:37-43

Ɔsom Wɔ Yerusalem Ne Gibeon

Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara. Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.

Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ. Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.” Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.

Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.

Read More of 1 Beresosɛm 16

1 Beresosɛm 17:1-27

Awurade Apam Bɔhyɛ A Ɔde Ma Dawid

Dawid bɔɔ ne ho atenase wɔ nʼahemfi hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Me de, manya ahemfi a wɔde sida asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no de, ɛhyɛ ntamadan mu.”

Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”

Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan se,

“Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wusi asɔredan ma me tena mu. Efi bere a mede Israelfo fii Misraim besi nnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntamadan mu na wɔde di atutena. Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?” ’

“Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo sɛ di me nkurɔfo Israelfo anim bere a na woyɛ abarimaa guanhwɛfo a worehwɛ wo nguan wɔ adidibea. Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara. Mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no, fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ.

“ ‘Na merepae mu aka se, Awurade besi fi ama wo, ahenni nnidiso. Na sɛ wuwu a, mɛma wo mmabarima no mu baako so, na mama nʼahenni ayɛ den. Ɔno ne obi a obesi fi a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na metim nʼahengua ase afebɔɔ. Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfi ne so, sɛnea miyi fii Saulo a wudii nʼade so no. Mɛma nʼase atim wɔ mʼahenni nnidiso ne mʼaheman mu bere nyinaa mu, na nʼahengua no bɛtena hɔ daa.’ ”

Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.

Dawid Aseda Mpaebɔ

Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se,

“Me ne hena, Awurade Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu? Na mprempren, Awurade, eyi nyinaa akyi no, woka se wobɛma me ahenni nnidiso afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛse pa ara, Awurade Nyankopɔn!

“Dɛn na menka bio mfa ɔkwan a woafa so ahyɛ me anuonyam yi ho? Wunim sɛnea mete ankasa. Awurade, me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi.

Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforo bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforo bi wɔ hɔ te sɛ wo! Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no. Wuyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfo afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.

Awurade, afei yɛ nea woahyɛ ho bɔ afa me ne mʼabusuafo ho no. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ebetim hɔ daa. Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim.

“Wo me Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi, efisɛ woada no adi sɛ wubesi fi ama me, mʼahenni nnidiso a ɛbɛtena hɔ daa. Efisɛ woyɛ Onyankopɔn, Awurade. Na me, wo somfo, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. Na afei asɔ wʼani sɛ wubehyira me ne mʼabusuafo, sɛnea yɛn ahenni nnidiso bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wuhyira a, Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”

Read More of 1 Beresosɛm 17

1 Beresosɛm 18:1-17

Dawid Akodi Mu Nkonimdi

Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase. Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.

Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.

Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien. Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem. Ɔde kɔbere mfrafrae bebree a efi Hadadeser nkuropɔn Tibhat ne Kun kaa ho bae. Akyiri no, Salomo nan kɔbere mfrafrae no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.

Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.

Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa fii aman foforo a ɔkaa wɔn hyɛe no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filisti ne Amalek.

Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu. Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea Awurade maa Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔe no nhwɛso.

Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.

Na Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.

Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfo.

Sawsa na na ɔyɛ asennii kyerɛwfo.

Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo18.17 Na Keretifo ne Peletifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifo no ase fi Krete na Peletifo no nso ase fi Filisti. Wɔtaa bɔ saa akuw abien yi din sɛ awɛmfo a wɔwɛn adehye. ne Peletifo so.

Dawid mmabarima somee sɛ ɔhene aboafo mpanyimfo.

Read More of 1 Beresosɛm 18