1 Beresosɛm 15:1-29, 1 Beresosɛm 16:1-36 AKCB

1 Beresosɛm 15:1-29

Wɔde Apam Adaka No Ba Yerusalem

Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi. Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”

Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no.

Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no:

Wɔn a wofi Kohat abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduonu a Uriel tua wɔn ano.

Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano.

Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa (130), a Yoel da wɔn ano.

Na Elisafan asefo yɛ ahannu (200) a Semaia da wɔn ano.

Na Hebron asefo yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel tua wɔn ano.

Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien (112) a Aminadab tua wɔn ano.

Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo. Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no. Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, Awurade, yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.” Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no.

Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom.

Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim. Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel.

Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no. Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti.

Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no. Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.

Wɔsoa Apam Adaka No Kɔ Yerusalem

Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem. Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre. Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifo a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwontofo no ne Kenania a ɔyɛ nnwontofo no kwankyerɛfo no nso yɛe. Na Dawid hyɛ asɔfo nguguso bi nso. Enti Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne ntorobɛntohyɛn, akasaewosow, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.

Na bere a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kurow mu no, Saulo babea Mikal too nʼani hwɛɛ fam, fii ne mfɛnsere mu. Bere a ohuu sɛ ɔhene Dawid resaw na ɔde anigye rehuruhuruw no, obuu no animtiaa wɔ ne koma mu.

Read More of 1 Beresosɛm 15

1 Beresosɛm 16:1-36

Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim. Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu. Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.

Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no. Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.

Dawid Aseda Dwom

Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:

Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.

Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;

monka nʼanwonwade no nyinaa.

Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.

Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;

na monhwehwɛ nʼanim bere biara.

Monkae anwonwade a wayɛ,

ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.

Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo,

Yakob mma a wapaw wɔn.

Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn;

nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.

Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.

Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe

ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.

Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,

de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;

“Mede Kanaan asase no bɛma wo

sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”

Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso,

ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

Wofii aman so kɔɔ aman so,

fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so;

wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;

“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,

na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”

Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!

Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.

Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu.

Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.

Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no!

Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.

Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!

Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,

ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.

Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw,

momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade!

Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no.

Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.

Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.

Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.

Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho!

Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.

Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no.

Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.

Momma kwae nnua nnyigyei

nyɛ ayeyi Awurade anim!

Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.

Monna Awurade ase, efisɛ oye

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn!

Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam,

na yɛatumi ada wo din kronkron ase,

na yɛadi ahurusi akamfo wo.”

Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

emfi mmeresanten nkosi nnasanten.

Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.

Read More of 1 Beresosɛm 16