1 Beresosɛm 12:23-40, 1 Beresosɛm 13:1-14, 1 Beresosɛm 14:1-17 AKCB

1 Beresosɛm 12:23-40

Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.

Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw.

Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha.

Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia. Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase. Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho.

Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa (3,000). Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara.

Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu.

Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene.

Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso.

Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.

Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem (1,000) ne akofo akɛse mpem aduasa ason (37,000) a wokurakura nkatabo ne mpeaw.

Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.

Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.

Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.

Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.

Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene. Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan. Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.

Read More of 1 Beresosɛm 12

1 Beresosɛm 13:1-14

Dawid Pɛ Sɛ Ɔkɔfa Apam Adaka No

Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.” Bagua no penee saa asɛm yi so efisɛ wohuu sɛ, wɔyɛ saa a, eye.

Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra. Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na Awurade din da so no aba.

Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan. Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.

Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no. Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.

Dawid bo fuwii, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo beae hɔ din Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de besi nnɛ.

Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat. Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fifo nyinaa.

Read More of 1 Beresosɛm 13

1 Beresosɛm 14:1-17

Dawid Ahemfi Ne Nʼabusua

Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe. Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.

Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree. Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, Yibhar, Elisua, ne Elpelet, Noga, Nefeg ne Yafia, Elisama, Beeliada ne Elifelet.

Dawid Di Filistifo So Nkonim

Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn. Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa. Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?”

Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”

Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.

Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ. Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.” Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.

Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.

Read More of 1 Beresosɛm 14