
Daily Manna for Thursday, September 16, 2021
Daily Manna is a daily Bible devotional service provided by Biblica. The Scripture is provided in many forms and is new every day. It is a great way to receive the encouragement and hope found in the Word of God.
Nnwom 51:1-2
Dwom 51
Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ,
sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ;
wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti,
pepa me mmarato.
Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa
na te me ho firi me bɔne mu!
Nnwom 51:8-10
Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;
na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
Kata wʼani wɔ me bɔne ho
na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu,
na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.