Słowo Życia

Mateusza 24:1-51

Znaki końca czasów

1Gdy Jezus opuszczał świątynię, uczniowie chcieli Mu pokazać różne jej zabudowania. 2On im odpowiedział:

—To, co teraz podziwiacie, legnie w gruzach i nie pozostanie tu nawet kamień na kamieniu.

3Później, gdy siedział na zboczu Góry Oliwnej, uczniowie podeszli do Niego i dyskretnie spytali:

—Kiedy wydarzy się to, o czym mówiłeś? Po czym poznamy, że zbliża się Twoje przyjście i koniec tego świata?

4—Nie dajcie się nikomu oszukać!—przestrzegł ich Jezus. 5—Wielu bowiem będzie się podawać za Mesjasza i oszuka mnóstwo ludzi. 6Na świecie wybuchną wojny i będą rozchodzić się wieści o walkach. Uważajcie i nie dajcie się zastraszyć, to jeszcze nie będzie koniec! 7Narody i państwa będą walczyć przeciwko sobie, a wiele krajów nawiedzi głód oraz trzęsienia ziemi. 8Ale to będzie dopiero początek tragedii. 9Będą was torturować i zabijać! Wszystkie narody was znienawidzą z mojego powodu! 10Wielu ponownie wpadnie w sidła grzechu i będzie nienawidzić oraz zdradzać innych. 11Pojawi się też wielu fałszywych proroków, którzy zwiodą całe rzesze ludzi. 12Z powodu tak wielkiego zła oziębnie miłość wielu wierzących. 13Ale ci, którzy wytrwają do końca i nie zaprą się Mnie, zostaną uratowani! 14A dobra nowina o królestwie Bożym będzie głoszona na całym świecie jako świadectwo dla wszystkich narodów. I wtedy nadejdzie koniec.

15Gdy zobaczycie w świątyni „ohydę spustoszenia”, o której mówił prorok Daniel—kto to czyta, niech uważa— 16wtedy ci, którzy przebywają w Judei, niech uciekają w góry. 17I śpieszcie się! Jeśli będziecie na tarasie, nie wchodźcie do domu, aby się spakować. 18Jeśli będziecie na polu, nie wracajcie po pieniądze czy ubranie. 19Ciężko będzie wtedy kobietom w ciąży i matkom karmiącym niemowlęta. 20Módlcie się, żeby wasza ucieczka nie wypadła zimą albo w szabat. 21Będą to bowiem dni tak straszliwe, jakich nie było od początku świata i już nigdy potem nie będzie. 22I gdyby czas tej klęski nie został skrócony, nikt by się nie uratował. Lecz ze względu na wybranych czas ten zostanie skrócony.

23Jeśli wtedy ktoś wam powie: „Tu jest Mesjasz”—nie wierzcie! 24Pojawi się bowiem wielu fałszywych mesjaszy i proroków, którzy będą czynić wielkie cuda, starając się oszukać nawet wybranych przez Boga. 25Pamiętajcie więc, że was ostrzegałem.

26Jeśli więc ktoś wam powie: „Mesjasz jest na pustyni”—nie szukajcie Mnie tam. I nie wierzcie, gdy powiedzą: „Tam się ukrywa!”. 27Gdy powtórnie przyjdę, będzie to bowiem tak widoczne, jak błyskawica na niebie. 28Gdzie jest padlina, tam w naturalny sposób pojawiają się i sępy. Wy również rozpoznacie nadchodzący koniec! 29Zaraz po zakończeniu tego strasznego czasu nastąpi zaćmienie słońca, a księżyc straci swój blask. Gwiazdy będą spadać z nieba i zachwieje się cały porządek wszechświata. 30Wtedy pojawi się na niebie znak mojego przyjścia i wszystkich ogarnie skrucha, bo cała ludzkość ujrzy Mnie, Syna Człowieczego, przybywającego na obłokach w wielkiej mocy i chwale. 31Rozlegnie się wtedy potężny dźwięk trąb. I poślę aniołów, żeby zgromadzili Moich wybranych z całego świata, z najdalszych zakątków ziemi.

Nieznany dzień i czas

32Niech to drzewo figowe stanie się dla was przykładem—kontynuował Jezus. —Gdy jego pączki miękną, a listki zaczynają się rozwijać, mówicie, że zbliża się lato. 33Gdy więc zobaczycie wszystko, co wam zapowiedziałem, bądźcie pewni, że mój powrót jest bliski, że jestem tuż u drzwi. 34Zapewniam was: Nie wymrze to pokolenie, a wszystko to się dokona. 35Niebo i ziemia przeminą, lecz moje słowa pozostaną na wieki. 36Nikt jednak nie zna dnia ani czasu, w którym się to stanie—ani aniołowie w niebie, ani nawet Ja—Syn. Wie o tym tylko mój Ojciec. 37Czas mojego przybycia będzie podobny do czasów Noego. 38Ludzie wtedy zwyczajnie jedli i pili, zawierali małżeństwa—aż do chwili, gdy Noe wszedł do arki. 39Nie wiedzieli, że to potop—i wszyscy zginęli. Tak samo będzie w dniu, w którym Ja, Syn Człowieczy, powrócę na ziemię. 40Z dwóch ludzi pracujących w polu, jeden zostanie wzięty, a drugi pozostawiony. 41Z dwóch kobiet, pracujących w domu, jedna zostanie wzięta, druga zaś pozostawiona. 42Uważajcie więc, bo nie wiecie, którego dnia Ja, wasz Pan, przyjdę. 43Pomyślcie: Gdyby właściciel domu wiedział, kiedy złodziej przyjdzie go okraść, pilnowałby dobytku i nie dopuściłby do włamania. 44Wy również musicie uważać, bo nie wiecie, kiedy Ja, Syn Człowieczy, powrócę!

45Kim jest ten wierny i mądry sługa, któremu Pan powierzył opiekę nad innymi swoimi sługami, by na czas o nich dbał? 46Nagrodzi go, gdy po powrocie zobaczy dobrze wykonaną pracę. 47Zapewniam was, że da mu w zarządzanie cały swój majątek. 48Gdyby jednak ten sługa pomyślał sobie: 49„Nieprędko wróci właściciel, nie muszę się więc go obawiać” i zaczął znęcać się nad powierzonymi sobie ludźmi, zabawiać się i upijać, 50to jego pan powróci w najmniej oczekiwanej chwili. 51Surowo się wtedy z nim rozprawi i osądzi go wraz z innymi obłudnikami. Będzie tam lament i rozpacz.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 24:1-51

Asɔredansɛe Ho Nkɔmhyɛ Ne Awiei Mmere Nsɛnkyerɛnne

1Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔtwe nʼadwene kɔ adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so. 2Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobedwiriw saa dan yi agu pasaa!”

Ɔhaw Ne Ɔtaa

3Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?”

4Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 6Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae. 7Aman bɛsɔre wɔ aman so, na ahenni asɔre wɔ ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. 8Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.

9“Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa, 10na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatentan mo ho mo ho. 11Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii. 12Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase. 13Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa. 14Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.”

Ahohia A Ɛyɛ Hu

15“Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase, 16na wɔn a wɔte Yudea no nguan nkɔ Yuda mmepɔw so. 17Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi hɔ. 18Wɔn a wɔwɔ mfuw so no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntama. 19Ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu! 20Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda. 21Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.

22“Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi. 23Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni. 24Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo. 25Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!

26“Enti sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,’ monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, ‘Ɔde ne ho asie baabi a,’ munnnye nni! 27Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no. 28Na nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.

29“Saa mmere no awerɛhowdi no akyi pɛ

“ ‘owia beduru sum,

na ɔsram renhyerɛn;

na nsoromma befi wim atetew ahwe,

na wim abɔde behinhim.’

30“Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi wɔ ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba. 31Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano yɛ den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.

32“Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn. 33Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu ɔpon ano. 34Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 35Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa.

36“Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim. 37Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara pɛ. 38Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu, 39na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ. 40Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako. 41Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.

42“Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a Awurade bɛba. 43Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no, 44saa ara na ɛsɛ sɛ musiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.

Akoa Pa Anaa Akoa Bɔne

45“Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu? 46Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. 47Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so! 48Na sɛ ɔkɔyɛ ɔsomfo tirimuɔdenfo, na ɔka kyerɛ ne ho se, ‘Me Wura nnya mmae,’ 49na ofi ase boro ne mfɛfo nkoa, na ɔne akɔwensafo didi, bow nsa a, 50Ɔsomfo no wura no bɛba da a nʼani nna so. 51Ɔbɛtwe nʼaso dennen, na ɔde no akɔ baabi a wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.