Slovo na cestu

Skutky apoštolské 19

Efezští křesťané dostávají dar Ducha svatého

1Zatímco Apollos působil v Korintu, prošel Pavel hornatým středem Malé Asie a dostal se až do Efezu. Seznámil se tam se skupinou asi dvanácti mužů, kteří si říkali „učedníci“. Pavel chtěl zjistit, čemu vlastně věří, a tak se jich vyptával: „Projevila se na vás moc Božího Ducha, když jste uvěřili?“ Oni odpověděli: „Ne, o něčem takovém jsme ani neslyšeli.“ Pavel jim položil další otázku: „Čí jste tedy následovníci? Pokřtil vás někdo?“ Prohlásili: „Byli jsme pokřtěni po způsobu Jana Křtitele.“

„To je dobře,“ navázal na to Pavel. „Jan křtil ty, kdo vyznávali své hříchy a chtěli jich upřímně zanechat. Snad tedy také víte, že Jan vybízel lidi, aby uvěřili v Ježíše, který vystoupil po něm, a přijali ho jako Vykupitele.“

Ti mužové přijali vše, co jim Pavel vyprávěl, a dali se pokřtít na znamení toho, že uvěřili v Ježíše Krista. 6-7 Když jim potom Pavel žehnal, sestoupil na ně Duch svatý a oni začali mluvit v prorockém nadšení.

Pavel káže evangelium v Efezu

Tři měsíce pak Pavel navštěvoval synagogu, svobodně tam promlouval a snažil se přesvědčit židy, že zaslíbený Boží Král už přišel. Někteří se však ostře stavěli proti němu, odmítali mu uvěřit a snažili se jeho kázání před ostatními zesměšnit. Nakonec musel Pavel zřídit oddělená shromáždění pro křesťany. Hovořil k nim každodenně v přednáškové síni filozofa Tyrana. 10 Kázal tam dva roky, takže snad všichni obyvatelé toho kraje, židé i pohané, uslyšeli o Ježíšovi.

11 Bůh se přiznával k této službě tím, že v Pavlově blízkosti byli lidé mimořádným způsobem uzdravováni. 12 Dokonce i Pavlovy kapesníky a části oděvu kladli lidé s vírou na nemocné a ti, zvláště duševně choří, tak byli vyléčeni. 13 Toho se pokoušeli využít někteří židovští zaklínači nemocí. Začali používat novou formulku: „Zaklínám tě ve jménu Ježíše, kterého káže Pavel.“ Nepřineslo jim to však úspěch. 14 Sedm synů jakéhosi významného židovského kněze Skévy zkoušelo tímto způsobem uzdravit jednoho šílence. 15 Temný duch z něho promluvil: „Ježíše i Pavla znám, ale kdo jste vy?“ 16 Pak se na ně ten člověk vrhl, strhal z nich šaty, ztloukl je a jen tak tak, že vyvázli živí; všechny je zmohl.

17 To se rozkřiklo po celém Efezu mezi židy i pohany, takže si už na takové čáry nikdo netroufal a jméno Pána Ježíše bylo vyslovováno s úctou. 18 Také křesťané přicházeli a veřejně se přiznávali, že se dříve pokoušeli zaklínat. 19 Mnozí teď přinášeli své knihy o magii a veřejně je pálili. Takového čarodějnického braku bylo spáleno dobře za padesát tisíc stříbrných drachem. 20 I to byl projev šířícího se vlivu a rostoucí moci Kristovy.

Diana je příčinou vzbouření efezských obchodníků

21 Pavel chtěl pokračovat v misijní cestě do Makedonie, do Řecka a pak se mínil vrátit do Jeruzaléma. Říkal: „Po nějakém čase bych se rád vypravil do Říma.“ 22 Dva ze svých pomocníků, Timotea a Erasta, vyslal do Makedonie napřed, ale sám se ještě zdržel v Asii. 23 Pak ale vypukl odpor proti křesťanskému učení, tentokrát ze strany pohanů. 24 Příčinou byly ohrožené zisky efezských řemeslníků, kteří ve velkém vyráběli upomínkové modely chrámu se sochou bohyně Diany a prodávali je poutníkům.

Vedl je stříbrotepec Demetrios, 25 který svolal všechny podnikatele a jejich dělníky a oslovil je: 26 „Přátelé, všichni dobře víme, jak výnosné je naše řemeslo. A teď, jak jste jistě slyšeli, přijde si nějaký Pavel a nejenom v Efezu, ale i po celé Asii odvrací lidi od naší víry! Že prý bohové vyrobení lidskýma rukama nejsou bohové, ale jen modly. 27 Tím nejen poškozuje naše obchody, ale vážnost efezského chrámu a samotné Diany tak povážlivě upadá v Asii a snad v celém světě!“

28-29 Tím ovšem přivedl shromáždění do varu a ti začali provolávat: „Velká je Diana z Efezu!“ Nepokoje se rychle rozšířily po celém městě, lidé se sbíhali do amfiteátru. Někde chytili Gaja a Aristarcha, Pavlovy makedonské průvodce, a přivlekli je tam. 30 Pavel chtěl jít a promluvit ke shromážděnému lidu, 31 ale ostatní křesťané z provinčního úřadu, kteří sympatizovali s Pavlem, mu naléhavě vzkazovali, aby tam nechodil. 32 V amfiteátru zatím už každý vyvolával něco jiného a většina lidí vůbec nevěděla, proč tam přišli.

33 Židé dostali strach, aby se hněv davu nevybil na nich, a vyslali tam svého řečníka Alexandra. Chtěl si zjednat ticho a vysvětlit, že s Pavlem nemají nic společného. 34 Jakmile však lidé poznali, že je to žid, sjednotili se zase na společném heslu: „Velká je Diana z Efezu!“ A tak křičeli skoro dvě hodiny.

35 Konečně se dostavil tajemník městské rady, podařilo se mu dav utišit a promluvit k nim: „Občané Efezu! To přece ví každý, že právě v našem městě je nejvýznamnější chrám bohyně Diany a že její zdejší socha spadla přímo z nebe. 36-37 Kdo by se to odvážil popírat? Přivedli jste k soudu tyto muže. Ale oni přece neznesvětili náš chrám, ani se nerouhali naší bohyni. Prosím vás, uklidněte se a neukvapujte se! 38 Jestliže si Demetrios a ostatní řemeslníci chtějí na někoho stěžovat, jsou tady od toho veřejné soudy a římské úřady, kde se může konat řádné přelíčení. 39 A máte-li nějaké požadavky, je třeba je projednat ve schůzi městské rady. 40 Takhle je nebezpečí, že budeme obviněni z povstání. Vždyť nemáte pro tenhle rozruch žádný rozumný důvod.“ 41 Po těch slovech se lidé rozešli.

Nkwa Asem

Asomafo 19

Honhom Kronkron ba gyidifo bi so

1Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu gyidifo bi bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, Honhom Kronkron baa mo so anaa? Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”

Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛnne na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”

Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi n’akyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.”

Wɔtee saa asɛm yi no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. Bere a Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm. Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien.

Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosom abiɛsa pɛe sɛ ɔsakra nnipa no adwene. Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa Asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de gyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. 10 Saa kyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu, a Yudafo ne Helafo ka ho, no tee Awurade asɛm no.

Skewa mma baason no

11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse, 12 maa mpo ne nnukuu ne n’atade nsɛwanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahohommɔne nso.

13 Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahohommɔne pɛe sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahohommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahohommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no se, muntu mfi ne mu!” 14 Yudafo sɔfo panyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi. 15 Hohommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mone hefo?” 16 Afei ɔbarima a hohommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ.

17 Yudafo ne Amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ. 18 Gyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm. 19 Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma bae ma wɔhyewee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyewee no bo no na ɛyɛ sika bebree. 20 Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛwee tumi so.

Basabasa a esii Efeso

21 Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri yi mɛkɔ Roma nso.” 22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ n’aboafo no dii n’anim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛe kakra.

23 Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso. 24 Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. N’adwuma no maa n’adwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam. 25 Ɔfrɛfrɛɛ n’adwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma horow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so. 26 Mo ara moahu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27 Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na n’anim agu ase.”

28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuwii, fitii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛm se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

29 Basabasayɛ no trɛwee wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔe. 30 Paulo pɛe sɛ anka ɔkɔ aguabɔe hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan. 31 Ɔmantam no mu mpanyin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ aguabɔe hɔ.

32 Nhyiam yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛm kaa nsɛm bi, na ebinom nso teɛɛm kaa nsɛm foforo bi, efisɛ, na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu.

33 Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuwii sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛe sɛ ɔkasa, yi ɔne ne nkurɔfo ano. 34 Dɔm no hui sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteɛteɛɛm nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

35 Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefi ne ohoni a efi soro bedurui no so. 36 Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn asɔrefi, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38 Sɛ Demetrio ne adwimfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, nna bi wɔ hɔ a mpanyin hyia di asɛm, wɔmfa mmɛto gua. 39 Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.”

41 Ɔkasa wiei no, otuu gua no.