Slovo na cestu

Matouš 18

Učedníci se přou o to, kdo z nich je větší

1Tehdy Ježíše obstoupili jeho učedníci a ptali se ho: „Kdo z lidí je v nebeském království nejpřednější?“

Zavolal malé dítě, postavil je mezi ně a řekl: „Dobře mne poslouchejte: Půjde-li vám o přední místa, do Božího království se vůbec nedostanete. Ujišťuji vás, že jen s pokornou myslí dítěte tam můžete vejít a něco znamenat. Kdo si umí vážit takového nepatrného člověka, prokazuje tím úctu mně. Na kom by ztroskotala víra jednoho z těchto maličkých ve mne, tomu by bylo lépe, kdyby ho hodili do moře s mlýnským kamenem na krku.

Ježíš varuje před pokušením

Běda světu, že se tu dějí věci, pro které člověk ztrácí víru. Pokušení jsou sice nevyhnutelná, ale běda tomu, kdo je působí. Neváhej odložit všechno, co tě odvádí od Boha. I kdyby to měla být tvá ruka nebo noha, raději ji utni a zahoď. Lépe je vkulhat do Božího království než skočit oběma nohama do záhuby. A kdyby tě tvé oko svádělo ke zlému, zbav se ho! Je lepší získat věčný život jednooký než přijít s oběma očima do věčného zatracení.

Ježíš varuje před pohrdáním jinými

10 Dejte pozor, abyste nepohrdli ani tím nejprostším člověkem. Věřte tomu, každý z nich má anděla, který ho stále zastupuje před Bohem. 11 Přišel jsem zachránit ztracené. 12 Když má někdo sto ovcí a jedna z nich se ztratí, co myslíte, že takový člověk udělá? Nenechá těch devadesát devět na pastvině a nepůjde hledat tu ztracenou? 13 A když ji najde, má z ní větší radost než z těch devadesáti devíti, které mu zůstaly. 14 A právě tak můj Otec nechce, aby sebenepatrnější člověk zahynul.

Ježíš učí, jak jednat s tím, kdo zhřešil

15 Proviní-li se proti tobě někdo z věřících, vyhledej ho a promluv si s ním mezi čtyřma očima. Přizná-li svoji chybu, udělal sis z nepřítele znovu bratra. 16 Bude-li neústupný, přizvi ještě jednoho nebo dva z věřících, aby byli svědky rozhovoru. 17 Když si ani tak nedá říci, pověz to shromáždění věřících. Když neuposlechne ani je, ať je vyloučen. 18 Mějte přitom na mysli, že co rozhodnete zde na zemi, bude platit i v nebi. 19 A také platí: spojí-li se dva z vás k modlitbám za jakoukoliv záležitost, nebeský Otec je vyslyší. 20 Tam, kde se už dva nebo tři sejdou, aby jednali podle mé vůle, tam jsem já s nimi.“

Ježíš vypráví podobenství o nemilosrdném věřiteli

21 Potom mu Petr položil otázku: „Pane, když se proti mně můj bližní opakovaně prohřešuje, kolikrát mu mám odpustit? Sedmkrát?“ 22 Ježíš mu odpověděl: „Ne sedmkrát, ale až sedmdesátkrát sedmkrát.

23 Pán Bůh s námi jedná jako král, který se rozhodl provést vyúčtování se svými podřízenými. 24 Mezi prvními mu přivedli jednoho, který měl u něj miliónový dluh. 25 Ten muž však neměl na zaplacení. Král tedy nařídil, aby ho s celou rodinou prodali do otroctví, rozprodali jeho majetek, a tak uhradili dluh. 26 On však před králem padl na kolena a prosil ho: ‚Pane, měj se mnou trpělivost a já všechno zaplatím!‘

27 Králi bylo líto toho člověka, propustil ho a dokonce mu celý dluh odpustil. 28 Sotva však ten muž vyšel od krále, potkal člověka, který mu dlužil nepatrnou částku. Popadl ho a křičel: ‚Hned mi vrať, co jsi dlužen!‘

29 Ten chudák si před něj klekl a zoufale ho prosil: ‚Měj strpení a já ti zaplatím!‘ 30 Ale věřitel stál na svém a dal ho zavřít do vězení, dokud dluh nezaplatí. 31 Svědky té události to pobouřilo a šli to oznámit králi. 32 Ten si předvolal nemilosrdného věřitele a řekl mu: ‚Ty ničemo! Jak velký dluh jsem ti odpustil, když jsi mne prosil! 33 A tys nemohl odpustit svému druhovi tak směšnou částku?‘

34 A rozhněvaný král jej potom dal zavřít, dokud svůj dluh do posledního haléře nezaplatí. 35 Tak bude jednat můj nebeský Otec s vámi, jestliže nebudete ochotně odpouštět druhým.“

Nkwa Asem

Mateo 18

Hena ne ɔkɛseɛ

1Ɛbɛyɛ saa bere koro no ara mu, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu.

Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfinimfini. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Merema mo ate ase sɛ gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobetumi akɔ ɔsoro ahenni no mu.” Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ne kɛse koraa ɔsoro ahenni no mu. Na mo mu biara a, me nti, obegye abofra ketewa biara te sɛ oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn. Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene ɛpo mu.

“Wiase nnue wɔ ne hintiduato ho! Hintiduato wɔ hɔ de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue. Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ soro sen sɛ wɔde wo nipa mu bɛto ogyatannaa mu. Na sɛ w’ani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto ogyatannaa mu.

Oguan a wayera no ho bɛ

10 “Monhwɛ yiye, na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfo wɔ m’agya nkyɛn daa. 11 Na me, Agyenkwa no, mebae sɛ merebegye wɔn a wɔayera no nkwa.

12 “Sɛ onipa bi wɔ nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no? 13 Na sɛ ɛba sɛ ohu saa oguan no a, n’ani gye no ho sen aduɔkron akron a wɔwɔ fie no. 14 Saa ara nso na m’agya a ɔwɔ soro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

Onua fom wo a, w’asɛde

15 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka nea ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ otie nea woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. 16 Na sɛ wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn na wɔadi nea ebesi hɔ no nyinaa ho adanse. 17 Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem asafo no anim na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu. 18 Mereka akyerɛ mo se, biribiara a mobɛkyekye wɔ asase so no, wɔakyekye wɔ soro; na biribiara a moasan wɔ asase so no, wɔasan wɔ soro.

19 “Meresan aka akyerɛ mo bio se, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi, na wɔde nokware bisa m’agya a ɔwɔ soro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn. 20 Na nea baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfinimfini.”

Ɔpaani tirimɔdenfo no

21 Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Mpɛn ason anaa?”

22 Yesu buaa no se, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!

23 “Ɔsoro ahenni no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne n’apaafo bu nkontaa. 24 Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sidi ɔpepem du brɛɛ no. 25 Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛe sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ na wɔmfa mmetua ka no.

26 “Ɔpaani no de n’anim butuw fam srɛɛ ne wura yi se, ‘Me wura, hu me mmɔbɔ, na tɔ wo bo ase ma me, na mɛba abetua ka a mede wo no nyinaa.’

27 “Ɔpaani yi asɛm a ɔkae yi yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

28 “Saa ɔpaani yi fi hɔ no, okohuu ɔpaani foforo bi a ɔde no ka sidi mpenu. Otim no amenewa sɛ ontua no ka a ɔde no no wɔ hɔ ara.

29 “Ɔkafo no kotow, paa no kyɛw se ɔntɔ ne bo ase mma no na obetua no ka.

30 “Nanso, ɔno de, wampene. Ɔma wɔde ɔkafo yi kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.

31 “Ɔkafo yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no. 32 Ɔhene no tee no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa n’anim. Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Onipa bɔne ne otirimɔdenfo! Wosrɛɛ me no, mede ka kɛse a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ wo sɛ wo nso wuhu wo yɔnko mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?’

34 “Ɔhene no de abufuw ma wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kae se, gye sɛ watua ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no. 35 Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomso ankyɛ wɔn a, me soro Agya nso, remfa mo mfomso nkyɛ mo.”