यूहन्ना 13 – NCA & ASCB

New Chhattisgarhi Translation (नवां नियम छत्तीसगढ़ी)

यूहन्ना 13:1-38

यीसू ह अपन चेलामन के गोड़ धोथे

1फसह तिहार के ठीक पहिली, यीसू ह जान लीस कि ओकर समय ह आ गे हवय, अऊ ओला ए संसार ला छोंड़के ददा करा जाना हवय, त ओह अपन मनखेमन ले जऊन मन संसार म रिहिन, जइसने मया करत रिहिस, आखिरी तक ओह ओमन ले वइसनेच मया करिस।

2रात के भोजन परोसे जावत रहय, अऊ सैतान ह सिमोन के बेटा – यहूदा इस्करियोती ला पहिली ले उकसाय रहय कि ओह यीसू ला दगा देवय। 3यीसू ह जानत रहय कि ददा ह हर चीज ला ओकर हांथ म कर दे हवय, अऊ ए घलो कि ओह परमेसर करा ले आय हवय अऊ परमेसर करा जावत हवय। 4एकरसेति ओह भोजन ले उठिस अऊ अपन बाहिरी कपड़ा ला उतारिस अऊ अपन कनिहां म एक ठन गमछा लपेटिस। 5तब ओह एक ठन परात म पानी डारिस अऊ अपन चेलामन के गोड़ ला धोवन लगिस, अऊ अपन कनिहां म लपेटाय गमछा ले ओमन के गोड़ ला पोंछन लगिस।

6जब ओह सिमोन पतरस करा आईस, तब पतरस ह ओला कहिस, “हे परभू, का तेंह मोर गोड़ ला धोवन जावत हस?”

7यीसू ह जबाब दीस, “तेंह अभी नइं समझस कि मेंह का करत हवंव, पर पाछू तेंह समझबे।”

8तब पतरस ह कहिस, “नइं, मेंह तोला मोर गोड़ ला कभू धोवन नइं देवंव।” ए सुनके यीसू ह कहिस, “यदि मेंह तोर गोड़ ला नइं धोवंव, त मोर संग तोर कुछू संबंध नइं ए।”

9सिमोन पतरस ह ओला कहिस, “तब हे परभू, सिरिप मोर गोड़ ला ही नइं, पर मोर हांथ अऊ मुड़ ला घलो धो दे।”

10यीसू ह ओला कहिस, “जऊन ह नहा डारे हवय, ओला सिरिप अपन गोड़ ला धोय के जरूरत होथे। ओकर जम्मो देहें ह साफ होथे। तुमन ह साफ हवव, पर तुमन म हर एक झन साफ नइं ए।” 11काबरकि ओह जानत रहय कि कोन ह ओला दगा देवइया रिहिस, एकरसेति ओह कहिस, “हर एक झन साफ नइं ए।”

12जब यीसू ह अपन चेलामन के गोड़ ला धो डारिस, त ओह अपन कपड़ा ला पहिरके अपन जगह म वापिस आईस अऊ तब ओह ओमन ले पुछिस, “का तुमन समझत हव कि मेंह तुम्‍हर बर का करेंव? 13तुमन ह मोला गुरू अऊ परभू कहिथव अऊ एह सही ए, काबरकि मेंह एहीच अंव। 14जब मेंह तुम्‍हर परभू अऊ गुरू होके तुम्‍हर गोड़ ला धोएंव, तब तुमन ला घलो एक-दूसर के गोड़ धोना चाही। 15मेंह तुम्‍हर आघू म एक नमूना रखे हवंव कि जइसने मेंह तुम्‍हर बर करे हवंव, वइसनेच तुमन घलो करव। 16मेंह तुमन ला सच कहथंव कि एक सेवक ह अपन मालिक ले बड़े नइं होवय, अऊ न ही पठोय गे मनखे ह अपन पठोइया ले बड़े होथे। 17अब तुमन ए बातमन ला जानथव; यदि तुमन अइसने करहू, त तुमन ला आसिस मिलही।”

यीसू ह अपन संग दगाबाजी के अगमबानी करथे

(मत्ती 26:20-25; मरकुस 14:17-21; लूका 22:21-23)

18“मेंह तुमन जम्मो झन के बारे म नइं कहत हंव; जऊन मन ला मेंह चुने हवंव, ओमन ला मेंह जानथंव। पर एह एकरसेति होवत हवय, ताकि परमेसर के बचन ह पूरा होवय – ‘जऊन ह मोर रोटी खाथे, ओही ह मोर बिरोध म अपन लात ला उठाईस।’13:18 भजन-संहिता 41:9

19ए बात होय के पहिली, मेंह तुमन ला अभी बता देथंव, ताकि जब ए बात ह होवय, तब तुमन बिसवास करव कि मेंह ओही अंव। 20मेंह तुमन ला सच कहथंव, जऊन कोनो मोर पठोइया मनखे ला गरहन करथे, ओह मोला गरहन करथे; अऊ जऊन कोनो मोला गरहन करथे, ओह ओला गरहन करथे, जऊन ह मोला पठोय हवय।”

21ए कहे के बाद, यीसू ह आतमा म बहुंत बियाकुल होईस अऊ ए गवाही दीस, “मेंह तुमन ला सच कहथंव, तुमन ले एक झन मोला दगा दिही।”

22ए सुनके, ओकर चेलामन दुबिधा म पड़ गीन कि ओह काकर बारे म कहत हवय। अऊ ओमन एक-दूसर के मुहूं ताके लगिन। 23ओकर चेलामन ले एक झन जऊन ला यीसू मया करय, यीसू के छाती कोति झुकके बईठे रिहिस। 24सिमोन पतरस ह ओ चेला कोति इसारा करिस अऊ कहिस, “ओकर ले पुछ कि ओह काकर बारे म कहत हवय।”

25ओ चेला ह वइसनेच यीसू कोति झुकके पुछिस, “हे परभू, ओह कोन ए?”

26यीसू ह जबाब दीस, “जऊन ला मेंह ए रोटी के टुकड़ा ला बरतन म बोर के दूहूं, ओहीच ह ओ मनखे अय।” तब ओह रोटी के टुकड़ा ला बोर के सिमोन के बेटा यहूदा इस्करियोती ला दीस। 27यहूदा के रोटी ला लेतेच ही सैतान ह ओम हमा गीस। तब यीसू ह ओला कहिस, “जऊन काम तेंह करइया हवस, ओला जल्दी कर।” 28पर उहां जतेक झन खाना खाय बर बईठे रिहिन, ओमन ले एको झन घलो नइं समझिन कि यीसू ह ओला काबर ए बात कहिस। 29यहूदा करा रूपिया-पईसा के थैली के जिम्मेदारी रहय, त कुछू झन ए समझिन कि यीसू ह ओला कहत होही कि जऊन कुछू के, हमन ला तिहार बर जरूरत हवय, ओला बिसो ले या फेर गरीबमन ला कुछू देय दे। 30यहूदा ह रोटी ला लेके तुरते बाहिर चल दीस; अऊ ओह रतिहा के बेरा रहय।

पतरस के इनकार करे के बारे म यीसू ह बताथे

(मत्ती 26:31-35; मरकुस 14:27-31; लूका 22:31-34)

31जब यहूदा इस्करियोती ह चल दीस, तब यीसू ह कहिस, “अब मनखे के बेटा के महिमा होईस अऊ ओकर दुवारा परमेसर के महिमा होईस। 32अऊ जब ओकर दुवारा परमेसर के महिमा होईस, त परमेसर ह घलो अपन म बेटा के महिमा करही अऊ तुरते ओकर महिमा करही।

33हे मोर लइकामन हो, अऊ थोरकन बेर मेंह तुम्‍हर संग रहिहूं। तुमन मोला खोजहू अऊ जइसने मेंह यहूदीमन ला कहे हवंव, वइसने अब मेंह तुमन ला घलो कहत हंव: जिहां मेंह जावत हवंव, उहां तुमन नइं आ सकव।

34एक नवां हुकूम मेंह तुमन ला देवत हंव: एक-दूसर ले मया करव। जइसने मेंह तुमन ला मया करे हवंव, वइसने तुमन घलो एक-दूसर ले मया करव। 35यदि तुमन एक-दूसर ले मया करहू, त एकर ले जम्मो मनखेमन जान लिहीं कि तुमन मोर चेला अव।”

36सिमोन पतरस ह यीसू ले पुछिस, “हे परभू, तेंह कहां जावत हस?” यीसू ह जबाब दीस, “जिहां मेंह जावत हंव, उहां तेंह अभी मोर पाछू नइं आ सकस, पर बाद म तेंह आबे।”

37पतरस ह ओला कहिस, “हे परभू, अभी मेंह तोर पाछू काबर नइं आ सकंव? मेंह तोर बर अपन परान ला घलो दे दूहूं।”

38तब यीसू ह जबाब दीस, “का सही म, तेंह मोर बर अपन परान देबे? मेंह तोला सच कहथंव – एकर पहिली कि कुकरा ह बासे, तेंह तीन बार मोर इनकार करबे।”

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 13:1-38

Yesu Hohoro Nʼasuafoɔ Nan Ase

1Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu sɛ afei, berɛ aso sɛ ɔfiri ewiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ.

2Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma. 3Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn. 4Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasene. 5Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.

6Ɛberɛ a Yesu duruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?”

7Yesu buaa no sɛ, “Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ.”

8Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.”

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.”

9Simon Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”

10Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako pɛ.” 11Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no.

12Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Mote deɛ mayɛ yi ase anaa? 13Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade’ a, modi me frɛ; ɛfiri sɛ, ɛno ne deɛ meyɛ. 14Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase. 15Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara. 16Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no. 17Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira.

18“Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu.

19“Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi. 20Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no.”

Yesu Hyɛ Deɛ Ɔbɛyi No Ama Ho Nkɔm

21Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”

22Asuafoɔ no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ ɔde no no. 23Na asuafoɔ no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. 24Simon Petro buu nʼani sɛ, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”

25Ɛno enti saa osuani no twe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ hwan?”

26Yesu buaa sɛ, “Deɛ mede burodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na ɔbɛyi me ama.” Na ɔde burodo bɔɔ mu de maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no. 27Ɛberɛ a Yuda gyee burodo no pɛ na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu.

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!” 28Wɔn a na wɔte adidiiɛ no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. 29Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na wɔsusu sɛ, Yesu reka akyerɛ no sɛ, ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafoɔ biribi. 30Yuda gyee burodo no pɛ na ɔfirii adi; saa ɛberɛ no na ɛyɛ anadwo.

Ahyɛdeɛ Foforɔ

31Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa sɛ, “Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi. 32Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so.

33“Me mma, ɛrenkyɛre biara, mɛgya mo hɔ. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no, mobɛhwehwɛ me, nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.

34“Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. 35Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’ ”

Yesu Hyɛ Petro Ho Nkɔm

36Simon Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no sɛ, “Faako a merekɔ no deɛ, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”

37Petro bisaa no sɛ, “Awurade, adɛn enti na merentumi nni wʼakyi saa ɛberɛ yi? Ɛyɛ owuo mpo a, mɛwu ama wo.”

38Yesu bisaa no sɛ, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wobɛwu ama me anaa? Mereka nokorɛ akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”