اللاويين 25 – NAV & ASCB

Ketab El Hayat

اللاويين 25:1-55

السنة السابعة

1وَقَالَ الرَّبُّ لِمُوسَى فِي جَبَلِ سِينَاءَ: 2«أَوْصِ بَنِي إِسْرَائِيلَ: مَتَى جِئْتُمْ إِلَى الأَرْضِ الَّتِي أَهَبُكُمْ إِيَّاهَا، لَا تَزْرَعُوهَا فِي السَّنَةِ السَّابِعَةِ. 3ازْرَعْ حَقْلَكَ سِتَّ سَنَوَاتٍ، وَقَلِّمْ كَرْمَكَ سِتَّ سَنَوَاتٍ، وَاجْمَعْ غَلَّتَهُمَا. 4وَأَمَّا السَّنَةُ السَّابِعَةُ فَفِيهَا تُرِيحُ الأَرْضَ وَتُعَطِّلُهَا سَبْتاً لِلرَّبِّ. لَا تَزْرَعْ فِيهَا حَقْلَكَ وَلا تُقَلِّمْ كَرْمَكَ. 5لَا تَحْصُدْ زَرْعَكَ الَّذِي نَمَا بِنَفْسِهِ، وَلا تَقْطِفْ عِنَبَ كَرْمِكَ الْمُحْوِلِ، بَلْ تَكُونُ سَنَةَ رَاحَةٍ لِلأَرْضِ. 6وَمَا تُغِلُّهُ الأَرْضُ فِي سَنَةِ الرَّاحَةِ يَكُونُ طَعَاماً لَكَ وَلِعَبْدِكَ وَأَمَتِكَ وَأَجِيرِكَ وَالْمُسْتَوْطِنِ النَّازِلِ عِنْدَكَ، 7وَكَذَلِكَ تَكُونُ كُلُّ غَلَّتِهَا طَعَاماً لِلْبَهَائِمِ وَلِلْحَيَوَانِ الرَّاعِي فِيهَا.

سنة اليوبيل

8وَبَعْدَ انْقِضَاءِ تِسْعٍ وَأَرْبَعِينَ سَنَةً، أَيْ بَعْدَ سَبْعِ سُبُوتٍ مِنَ السِّنِينَ، 9فِي الْيَوْمِ الْعَاشِرِ مِنَ الشَّهْرِ السَّابِعِ، مِنْ كُلِّ خَمْسِينَ سَنَةً عِبْرِيَّةً، تَنْفُخُونَ بُوقَ الْهُتَافِ فِي يَوْمِ الْكَفَّارَةِ فِي جَمِيعِ أَرْضِكُمْ، 10وَتُقَدِّسُونَ السَّنَةَ الْخَمْسِينَ وَتُعْلِنُونَ فِيهَا الْعِتْقَ لِجَمِيعِ سُكَّانِهَا، فَتَكُونُ لَكُمْ يُوبِيلاً، وَتَرْجِعُونَ كُلُّ وَاحِدٍ إِلَى مُلْكِهِ وَعَشِيرَتِهِ. 11وَتَكُونُ لَكُمُ السَّنَةُ الْخَمْسُونَ هَذِهِ يُوبِيلاً، لَا تَزْرَعُوا فِيهَا وَلا تَحْصُدُوا غَلَّتَهَا وَلا تَقْطِفُوا كَرْمَهَا الْمُحْوِلَ. 12إِنَّهَا يُوبِيلٌ، سَنَةٌ مُقَدَّسَةٌ لَكُمْ. لَا تَأْكُلُوا إِلّا مَا يُجْنَى مُبَاشَرَةً مِنَ الْحَقْلِ. 13وَفِي سَنَةِ الْيُوبِيلِ هَذِهِ يَرْتَدُّ كُلُّ وَاحِدٍ إِلَى مُلْكِهِ. 14فَإِنْ بِعْتَ مُوَاطِنَكَ، أَوِ اشْتَرَيْتَ مِنْهُ، فَلا تَظْلِمْهُ. 15يَكُونُ شِرَاؤُكَ مِنْ صَاحِبِكَ وَفْقاً لِعَدَدِ السِّنِينَ بَعْدَ الْيُوبِيلِ، وَبَيْعُهُ لَكَ يَكُونُ بِنَاءً عَلَى سِنِي الْغَلَّةِ. 16فَكُلَّمَا كَثُرَتِ السِّنُونَ تَزِيدُ قِيمَتُهُ، وَكُلَّمَا قَلَّتِ السِّنُونَ يَنْخَفِضُ ثَمَنُهُ، لأَنَّهُ يَبِيعُكَ بِنَاءً عَلَى عَدَدِ الْغَلّاتِ، 17فَلا يَظْلِمَنَّ أَحَدٌ صَاحِبَهُ، بَلِ اتَّقِ إِلَهَكَ، لأَنِّي أَنَا الرَّبُّ إِلَهُكُمْ. 18فَاعْمَلُوا بِفَرَائِضِي وَرَاعُوا أَحْكَامِي وَمَارِسُوهَا، لِتَسْكُنُوا فِي الأَرْضِ آمِنِينَ، 19عِنْدَئِذٍ تَغِلُّ الأَرْضُ ثَمَرَهَا، فَتَأْكُلُونَ وَتَشْبَعُونَ وَتَسْكُنُونَ عَلَيْهَا آمِنِينَ. 20وَإِنْ قُلْتُمْ: مَاذَا نَأْكُلُ فِي السَّنَةِ السَّابِعَةِ إِنْ لَمْ نَزْرَعْ وَلَمْ نَجْمَعْ غَلَّتَنَا؟ 21هَا أَنَا آمُرُ بِبَرَكَتِي لَكُمْ فِي السَّنَةِ السَّادِسَةِ فَتُغِلُّ لِثَلاثِ سِنِينَ، 22فَتَزْرَعُونَ فِي السَّنَةِ الثَّامِنَةِ وَتَأْكُلُونَ مِنَ الْغَلَّةِ الْقَدِيمَةِ إِلَى أَنْ يَتِمَّ حَصِيدُ مَوْسِمِ السَّنَةِ التَّاسِعَةِ.

23أَمَّا الأَرْضُ فَلا تُبَاعُ مُطْلَقاً لأَنَّ لِي الأَرْضَ، وَأَنْتُمْ غُرَبَاءُ وَنُزَلاءُ عِنْدِي. 24بَلْ فِي كُلِّ عَقْدِ بَيْعٍ تَضَعُونَ شَرْطَ فِكَاكٍ لِلأَرْضِ. 25وَإذَا افْتَقَرَ مُوَاطِنُكَ وَبَاعَ بَعْضَ مُلْكِهِ فَلْيَأْتِ أَقْرَبُ أَقْرِبَائِهِ وَيَفُكَّ مَبِيعَ قَرِيبِهِ 26وَمَنْ لَمْ يَكُنْ لَهُ قَرِيبٌ، وَاسْتَطَاعَ الْحُصُولَ عَلَى مِقْدَارٍ كَافٍ مِنَ الْمَالِ لِفَكِّ الْبَيْعِ، 27فَلْيَحْسُبْ عَدَدَ السَّنَوَاتِ الَّتِي انْقَضَتْ عَلَى الْمَبِيعِ، وَمَا هُوَ مُتَبَقٍّ مِنْهَا حَتَّى حُلُولِ سَنَةِ الْيُوبِيلِ، فَيَدْفَعَ لِلْمُشْتَرِي مَا يُعَادِلُ غِلَالَ السَّنَوَاتِ الْمُتَبَقِّيَةِ، وَيَسْتَرِدَّ مُلْكَهُ 28وَإِنْ لَمْ يَتَوَافَرْ لَدَيْهِ الْمَالُ لاِسْتِرْدَادِ مَبِيعِهِ مِنْ يَدِ الشَّارِي، فَلْيَنْتَظِرْ حَتَّى حُلُولِ سَنَةِ الْيُوبِيلِ لِيَسْتَرِدَّ مُلْكَهُ.

29وَإذَا بَاعَ إِنْسَانٌ بَيْتاً لِلسُّكْنَى فِي مَدِينَةٍ مُسَوَّرَةٍ يَحِقُّ اسْتِرْدَادُهُ فِي خِلالِ سَنَةٍ مِنْ بَيْعِهِ. 30وَإِنْ عَجَزَ عَنْ فِكَاكِهِ قَبْلَ انْقِضَاءِ سَنَةٍ، يُصْبِحُ الْبَيْتُ الَّذِي فِي الْمَدِينَةِ الْمُسَوَّرَةِ مِنْ حَقِّ شَارِيهِ وَنَسْلِهِ لَا يُرَدُّ فِي سَنَةِ الْيُوبِيلِ. 31أَمَّا الْبُيُوتُ الْمَبِيعَةُ فِي الْقُرَى غَيْرِ الْمُسَوَّرَةِ فَإِنَّهَا تُعَامَلُ مُعَامَلَةَ الْحُقُولِ الزِّرَاعِيَّةِ، قَابِلَةٌ لِلْفِكَاكِ وَالاسْتِرْدَادِ فِي سَنَةِ الْيُوبِيلِ. 32أَمَّا بُيُوتُ اللّاوِيِّينَ الْقَائِمَةُ فِي مُدُنِ اللّاوِيِّينَ الْمُسَوَّرَةِ، فَإِنَّ لِلّاوِيِّينَ حَقَّ اسْتِرْدَادِهَا دَائِماً، 33فَبُيُوتُ اللّاوِيِّينَ قَابِلَةٌ لِلْفِكَاكِ وَتُسْتَرَدُّ فِي سَنَةِ الْيُوبِيلِ، لأَنَّ بُيُوتَهُمْ فِي مُدُنِ اللّاوِيِّينَ هِيَ مُلْكُهُمْ بَيْنَ بَنِي إِسْرَائِيلَ. 34أَمَّا الْمَزَارِعُ الْمُحِيطَةُ بِمُدُنِهِمْ فَلا تُبَاعُ، لأَنَّهَا مُلْكٌ أَبَدِيٌّ لَهُمْ.

35وَإذَا افْتَقَرَ أَخُوكَ وَعَجَزَ عَنْ إِعَالَةِ نَفْسِهِ فِي وَسَطِكَ، فَأَعِنْهُ، سَوَاءٌ كَانَ غَرِيباً أَوْ مُوَاطِناً، لِيَتَمَكَّنَ مِنَ الْعَيْشِ مَعَكَ. 36اِتَّقِ إِلَهَكَ وَلا تَأْخُذْ مِنْهُ رِباً وَلا رِبْحاً، لِيَتَمَكَّنَ مِنَ الْعَيْشِ فِي وَسَطِكَ 37لَا تُقْرِضْهُ فِضَّتَكَ بِرِباً، وَلا تَبِعْهُ طَعَامَكَ بِرِبْحٍ. 38أَنَا الرَّبُّ إِلَهُكُمُ الَّذِي أَخْرَجَكُمْ مِنْ دِيَارِ مِصْرَ لِيَهَبَكُمْ أَرْضَ كَنْعَانَ، فَيَكُونُ لَكُمْ إِلَهاً.

39وَإذَا افْتَقَرَ أَخُوكَ وَبِيعَ لَكَ عَبْداً، فَلا تُعَامِلْهُ كَعَبْدٍ، 40بَلْ لِيَكُنْ عِنْدَكَ كَأَجِيرٍ أَوْ نَزِيلٍ، فَيَخْدُمَكَ حَتَّى حُلُولِ سَنَةِ الْيُوبِيلِ، 41ثُمَّ تَعْتِقُهُ هُوَ وَأَوْلادَهُ، وَيَعُودُ إِلَى قَوْمِهِ، وَيَرْجِعُ إِلَى مُلْكِ آبَائِهِ، 42لأَنَّ بَنِي إِسْرَائِيلَ عَبِيدِي الَّذِينَ أَخْرَجْتُهُمْ مِنْ مِصْرَ، لَا يُبَاعُونَ كَالْعَبِيدِ. 43لَا تَطْغَ بِتَسَلُّطِكَ، بَلِ اتَّقِ إِلَهَكَ، 44وَلْيَكُنْ عَبِيدُكُمْ وَإِمَاؤُكُمْ مِنَ الشُّعُوبِ الَّتِي حَوْلَكُمْ، مِنْهَا تَقْتَنُونَ عَبِيداً وَإِمَاءً، 45وَكَذَلِكَ مِنْ أَبْنَاءِ الْمُسْتَوْطِنِينَ النَّازِلِينَ عِنْدَكُمْ، فَمِنْهُمْ وَمِنْ عَشَائِرهِمْ، الَّذِينَ عِنْدَكُمُ الْمَوْلُودِينَ فِي أَرْضِكُمْ، تَقْتَنُونَ عَبِيداً لَكُمْ. 46وَتُوَرِّثُونَهُمْ لِبَنِيكُمْ مِنْ بَعْدِكُمْ مِيرَاثَ مُلْكٍ، فَيَكُونُونَ عَبِيداً لَكُمْ إِلَى الأَبَدِ. وَأَمَّا إِخْوَتُكُمْ مِنْ بَنِي إِسْرَائِيلَ فَلا تَطْغَوْا بِتَسَلُّطِكُمْ عَلَيْهِمْ.

47وَإذَا اغْتَنَى غَرِيبٌ أَوْ نَزِيلٌ مُقِيمٌ فِي وَسَطِكُمْ، وَافْتَقَرَ أَخُوكَ فَبِيعَ لِلْغَرِيبِ الْمُسْتَوْطِنِ عِنْدَكَ، أَوْ لِنَسْلِ عَشِيرَتِهِ، 48فَلْيَفُكَّهُ وَاحِدٌ مِنْ أَقْرِبَائِهِ بَعْدَ بَيْعِهِ، لأَنَّهُ يَمْلِكُ حَقَّ الانْعِتَاقِ. 49أَوْ يَفُكَّهُ عَمُّهُ أَوِ ابْنُ عَمِّهِ أَوْ أَحَدُ أَقْرِبَائِهِ مِنْ أَبْنَاءِ عَشِيرَتِهِ، أَوْ يَسْتَرِدَّ هُوَ نَفْسُهُ حُرِّيَّتَهُ إِذَا حَصَلَ عَلَى مَا يَكْفِي مِنْ مَالٍ، 50فَيَتَحَاسَبُ مَعَ شَارِيهِ مُنْذُ سَنَةِ بَيْعِهِ حَتَّى سَنَةِ الْيُوبِيلِ، فَيَكُونُ ثَمَنُ عِتْقِهِ وَفْقاً لِمَا يُدْفَعُ لأَجِيرٍ، لِذَلِكَ الْعَدَدِ مِنَ السَّنَوَاتِ. 51وَإذَا كَانَتِ السَّنَوَاتُ الْبَاقِيَةُ حَتَّى حُلُولِ الْيُوبِيلِ كَثِيرَةً، فَعَلَيْهِ أَنْ يَدْفَعَ نِسْبَةً أَكْبَرَ مِنْ أَصْلِ الثَّمَنِ الَّذِي دُفِعَ فِي شِرَائِهِ، اِسْتِرْدَاداً لِحُرِّيَّتِهِ. 52وَإِنْ كَانَتِ السَّنَوَاتُ الْبَاقِيَةُ حَتَّى سَنَةِ الْيُوبِيلِ قَلِيلَةً، فَعَلَيْهِ أَنْ يَحْسُبَ عَدَدَ السَّنَوَاتِ وَيَدْفَعَ وَفْقَهَا فِي سَبِيلِ فِكَاكِهِ. 53وَعَلَى الأَجْنَبِيِّ أَنْ يُعَامِلَهُ كَأَجِيرٍ مِنْ سَنَةٍ إِلَى سَنَةٍ، وَلا يَقْسُوَ عَلَيْهِ أَمَامَ عَيْنَيْكَ. 54وَإِنْ لَمْ يُوْجَدْ سَبِيلٌ لِفِكَاكِهِ، فَإِنَّهُ يُعْتَقُ هُوَ وَبَنُوهُ مَعَهُ فِي سَنَةِ الْيُوبِيلِ. 55لأَنَّ بَنِي إِسْرَائِيلَ لِي عَبِيدٌ. هُمْ عَبِيدِي الَّذِينَ أَخْرَجْتُهُمْ مِنْ مِصْرَ. أَنَا الرَّبُّ إِلَهُكُمْ.

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 25:1-55

Homeda Afe

1Mose wɔ Sinai Bepɔ so no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, 2“Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede rebɛma mo no so a, mfeɛ nson biara, momma asase no nya Awurade mu homeda. 3Momfa mfeɛ nsia nnua mo nnɔbaeɛ wɔ mo mfuo mu na monyiyi mo bobe turo mu na montwa mo nnɔbaeɛ. 4Na mfeɛ nson so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Monnnua so aba. Afe no nyinaa mu, monnyiyi mo bobe turo no mu. 5Na aba biara a moadua no, monnte mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home. 6Nanso, aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduane ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔhoɔ, 7wʼayɛmmoa ne wiram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Monni biribiara a asase no bɛma biara.

Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ

8“ ‘Bubu Homeda mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, na wobɛnya mfeɛ aduanan nkron. 9Afei, bosome a ɛtɔ so nson no ɛda edu no yɛ Mpata Ɛda. Monhyɛn totorobɛnto wɔ baabiara. Mpata Ɛda no, monhyɛn totorobɛnto no dendeenden nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara. 10Monte mfeɛ aduonum no ho na mompae ahofadie mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsane akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafoɔ ho. 11Aane, mfeɛ aduonum no bɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo; monnnua biribiara na monntwa nnɔbaeɛ biara, na bobe a moadua nso, monnte so aba. 12Ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho teɛ. Monni deɛ monya firi asase no mu nko ara.

13“ ‘Saa mfirinhyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so.

14“ ‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛeɛ a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapadeɛ bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko. 15Sɛ woretɔ asase afiri wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfeɛ dodoɔ no so fa afiri Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛtwaam no. Ɔdetɔnfoɔ no bɛgye wo boɔ a ɛgyina mfeɛ dodoɔ a aka ansa na mfirinhyia aduonum afahyɛ a ɛreba no. 16Mfeɛ no dodoɔ na ɛma ɛboɔ no kɔ soro. Saa ara nso na mfeɛ kakra bi ma ɛboɔ no kɔ fam. Yeinom nyinaa mu, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodoɔ a wɔbɛtwa afiri asase no so. 17Monsuro mo Onyankopɔn na moammɔ ɛboɔ a ɛboro so! Na mene Awurade.

18“ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoeɛ mu deɛ a, monni me mmara so. 19Sɛ moyɛ ɔsetie a, aduane bɛbu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoeɛ mu. 20Nanso, mobɛbisa sɛ, “Na sɛ wɔse yɛnnnua anaa yɛnntwa saa afe no so a, ɛdeɛn na mfeɛ nson no so yɛbɛdie?” 21Mmuaeɛ ara ne sɛ, mfeɛ nsia no so, mɛhyira mo ama nnɔbaeɛ aba abu so kɔsi sɛ mobɛtwa mfeɛ nwɔtwe mu nnɔbaeɛ no. 22Sɛ modua nnɔbaeɛ wɔ mfeɛ nwɔtwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a ɛtwaam no mu nnuane. Nokorɛm, nnuane dada no na mobɛdi kɔsi sɛ otwaberɛ bɛduru so mfeɛ nkron no mu.

23“ ‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti monni ho ɛkwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔhoɔ na meyɛ asasewura ma mo. 24Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛeɛ sɛ asasetɔnfoɔ no tumi sane bɛgye asase no ɛberɛ biara.

25“ ‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafoɔ tumi bɛgye. 26Sɛ ɔnni obi a ɔbɛgye ama no na sɛ nʼankasa nya sika a, 27wɔbɛsese ɛso nnɔbaeɛ a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛ Afe no reba na wɔagyina so atua ɛka no, na deɛ ɔtɔeɛ no nso adane asase no ama no. 28Na sɛ deɛ asase no yɛ ne dea no ankasa antumi annye a, ɛnneɛ, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea ara kɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no, na deɛ ɔtɔeɛ no de onii no adeɛ asane ama no.

29“ ‘Sɛ obi tɔn efie wɔ kurom a, ɔwɔ afe a ɔtumi sane gye nʼadeɛ a biribiara nsi no ho ɛkwan. 30Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora. Ahosɛpɛ Afe no mu, ɔrensane mfa mma onipa a kane no na ɛyɛ ne dea no bio. 31Nanso akuraase dan a wɔntoo ɔfasuo ntwaa ho nhyiaeɛ te sɛ agyapadeɛ a ɛwɔ wiram deɛ, wɔtumi sane kɔgye no ɛberɛ biara, na Mfeɛ Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsane de ma ne wura ankasa.

32“ ‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifoɔ afie a ɛwɔ nkuro a wɔde afasuo atwa ho mu no, wɔtumi sane gye ɛberɛ biara, 33na wɔde ama wɔn wuranom Ahosɛpɛ Afe no mu. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔremma wɔn mfuo nsase te sɛ mmusuakuo a aka no, na mmom, wɔbɛma wɔn afie wɔ wɔn nkuro ne wɔn mfuo a atwa wɔn ho ahyia no mu. 34Mma wɔnntɔn nsase a atwa Lewifoɔ nkuro ho ahyia, ɛfiri sɛ, yeinom yɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ.

35“ ‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi. 36Suro wo Onyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho ba. 37Kae sɛ, worennye ho nsiho biara, na aduane a wode ma no nso, nnye ho nsiho biara. Mpɛ mfasoɔ! 38Ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn yii mo firii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛdeɛ mɛyɛ mo Onyankopɔn.

39“ ‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ 40na mmom, yɛ no sɛ obi a wotua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔhoɔ na ɔnsom wo nkɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no. 41Ɛduru saa mmerɛ no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapadeɛ nyinaa kɔ wɔn abusuafoɔ nkyɛn. 42Me na mede mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ mommɛsom me sɛdeɛ obi rentumi ntɔn mo sɛ nnipa hunu bi 43na obi nso ntumi nha mo; monsuro mo Onyankopɔn.

44“ ‘Nanso mobɛtumi atɔ asomfoɔ afiri aman foforɔ a atwa mo ho ahyia no so. 45Saa ara nso na motumi tɔ ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu. 46Wɔbɛyɛ nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfoɔ no deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa.

47“ ‘Sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu no bɛyɛ osikani, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ no anaa ɔhɔhoɔ no abusuafoɔ a, 48ne nuanom bi tumi bɛgye no. 49Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho onipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso bɛnya sika a, ɔtumi de bɛgye ne ho. 50Nʼahogyeɛ no gyina mfeɛ a aka na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduro ne sika dodoɔ a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfoɔ a, anka ɔbɛgye saa mfeɛ a aka no mu. 51Sɛ aka mfeɛ pii ansa na Ahosɛpɛ Afe no aso a, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ wɔ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no nyinaa; 52na sɛ mfeɛ no pii atwam ama aka kakra na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduru a, ɛnneɛ, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi. 53Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ a, ɔhɔhoɔ no bɛfa no sɛ ne ɔsomfoɔ a ɔtua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne ɔsomfoɔ buruburo anaa nʼagyapadeɛ.

54“ ‘Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru na wɔnnyee no a, wɔbɛgyaa ɔne ne mma nyinaa. 55Israelfoɔ yɛ mʼasomfoɔ. Mede wɔn firi Misraim na ɛbaeɛ. Mene Awurade mo Onyankopɔn.