ለሽማግሌዎችና ለጕልማሶች የተሰጠ ምክር
1እንግዲህ ከእነርሱ ጋር እኔም ሽማግሌና የክርስቶስ መከራ ምስክር የሆንሁ፣ እንዲሁም ወደ ፊት የሚገለጠው ክብር ተካፋይ የምሆን፣ በመካከላችሁ ያሉትን ሽማግሌዎች እመክራቸዋለሁ፤ 2በእናንተ ኀላፊነት ሥር ያለውን የእግዚአብሔርን መንጋ ጠብቁ፤ የምትጠብቁትም ከእግዚአብሔር እንደሚጠበቅባችሁ በግድ ሳይሆን በፈቃደኝነት፣ ለጥቅም በመስገብገብ ሳይሆን ለማገልገል ባላችሁ ጽኑ ፍላጎት ይሁን፤ 3እንዲሁም በዐደራ ለተሰጣችሁ መንጋ መልካም ምሳሌ በመሆን እንጂ በላያቸው በመሠልጠን አይሁን። 4የእረኞች አለቃ በሚገለጥበት ጊዜ የማይጠፋውን አክሊል ትቀበላላችሁ።
5ጕልማሶች ሆይ፤ እናንተም እንዲሁ ለሽማግሌዎች ተገዙ፤ ሁላችሁም እርስ በርስ በመከባበር ትሕትናን ልበሱ፤ ምክንያቱም፣
“እግዚአብሔር ትዕቢተኞችን ይቃወማል፤
ለትሑታን ግን ጸጋን ይሰጣል።”
6ስለዚህ እርሱ በወሰነው ጊዜ ከፍ እንዲያደርጋችሁ ከእግዚአብሔር ብርቱ እጅ በታች ራሳችሁን ዝቅ አድርጉ፤ 7እርሱ ስለ እናንተ ስለሚያስብ የሚያስጨንቃችሁን ሁሉ በእርሱ ላይ ጣሉት።
8ራሳችሁን የምትገዙ ሁኑ፣ ንቁም፤ ጠላታችሁ ዲያብሎስ የሚውጠውን በመፈለግ እንደሚያገሣ አንበሳ ወዲያ ወዲህ ይዞራልና። 9በዓለም ዙሪያ ያሉት ወንድሞቻችሁ ተመሳሳይ መከራ እንደሚቀበሉ ዐውቃችሁ በእምነት ጸንታችሁ ተቃወሙት።
10በክርስቶስ ወደ ዘላለም ክብሩ የጠራችሁ የጸጋ ሁሉ አምላክ፣ ለጥቂት ጊዜ መከራ ከተቀበላችሁ በኋላ እርሱ ራሱ መልሶ ያበረታችኋል፤ አጽንቶም ያቆማችኋል። 11ኀይል ከዘላለም እስከ ዘላለም ለእርሱ ይሁን፤ አሜን።
የስንብት ሰላምታ
12እንደ ታማኝ ወንድም በምቈጥረው በስልዋኑስ5፥12 ወይም ሲላስ አማካይነት ይህን ዐጭር መልእክት ጽፌላችኋለሁ፤ የጻፍሁላችሁም ልመክራችሁና ይህ እውነተኛ የእግዚአብሔር ጸጋ መሆኑን ልመሰክርላችሁ ብዬ ነው። በዚህ ጸጋ ጸንታችሁ ቁሙ።
13ከእናንተ ጋር የተመረጠችው፣ በባቢሎን የምትገኘው5፥13 በአንዳንድ ጥንታዊ ቅጆች ላይ በባቢሎን የምትገኘው ቤተ ክርስቲያን ይላሉ። ሰላምታ ታቀርብላችኋለች፤ እንዲሁም ልጄ ማርቆስ ሰላምታ ያቀርብላችኋል።
14በፍቅር አሳሳም እርስ በርሳችሁ ሰላምታ ተሰጣጡ።
በክርስቶስ ላላችሁ ለሁላችሁ ሰላም ይሁን።
Kɔkɔ A Wɔbɔ Adefoɔ
1Me a meyɛ ɔpanin no, metu asafo no mu mpanimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu no ho adanseɛ enti nʼanimuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Metu mo fo sɛ, 2monyɛ nnwan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nnwanhwɛfoɔ na monhwɛ wɔn yie sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom, pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. 3Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ pa mma nnwan no. 4Na sɛ Odwanhwɛfoɔ panin no ba a, wɔbɛma mo animuonyam ahenkyɛ a ɛho nsɛe da.
5Saa ara na ɛsɛ sɛ mmabunu, mobrɛ mo ho ase ma mpanimfoɔ. Mo nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanimu mmɔ mo asene na monsom mo ho mo ho ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Onyankopɔn si ahantanfoɔ ɛkwan
na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”
6Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu. 7Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri sɛ, ɔdwene mo ho.
8Mo ani nna hɔ; monwɛn ɛfiri sɛ, mo ɔtamfoɔ bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene. 9Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri sɛ, monim sɛ mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi.
10Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. 11Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.
12Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen.
13Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyea mo.
14Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyeakyea mo ho mo ho.
Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.