New Amharic Standard Version

1 ነገሥት 18:1-46

ኤልያስና አብድዩ

1ከብዙ ጊዜ በኋላም በሦስተኛው ዓመት እንዲህ የሚል የእግዚአብሔር ቃል ለኤልያስ መጣለት፤ “ሄደህ ለአክዓብ ተገለጥ፤ እኔም በምድሪቱ ላይ ዝናብ አዘንባለሁ።” 2ስለዚህም ኤልያስ ራሱን በአክዓብ ፊት ለመግለጥ ሄደ።

በዚህ ጊዜ ራብ በሰማርያ ክፋኛ ጸንቶ ነበር። 3አክዓብም የቤተ መንግሥቱን አዛዥ አብድዩን ጠራው፤ አብድዩም እግዚአብሔርን በጣም የሚፈራ ሰው ነበር። 4ኤልዛቤል የእግዚአብሔርን ነቢያት እያስገደለች በነበረበት ጊዜ፣ አብድዩ መቶውን ነቢያት ወስዶ አምሳ አምሳውን በሁለት ዋሻ ውስጥ ሸሽጎ እንጀራና ውሃ ይሰጣቸው ነበር። 5አክዓብም አብድዩን፣ “ተነሣና በአገሪቱ ውስጥ ወዳሉት ምንጮችና ሸለቆዎች ሂድ፤ ፈረሶቻችንና በቅሎዎቻችን እንዳይሞቱ በሕይወት እንዲቈዩ ምናልባት ሣር እናገኝ ይሆናል።” አለው። 6ስለዚህ የሚሄዱበትን ምድር ተከፋፈሉ፤ አክዓብ በአንድ በኩል፣ አብድዩም በሌላ በኩል ሄደ።

7አብድዩ በመንገድ ላይ ሳለም ኤልያስን አገኘው። አብድዩም ዐወቀው፤ ወደ መሬት ለጥ ብሎ እጅ በመንሣት፣ “ጌታዬ ኤልያስ ሆይ፤ በእርግጥ አንተ ነህን?” አለው።

8እርሱም፣ “አዎን እኔ ነኝ፤ ሂድና ለጌታህ፣ ‘ኤልያስ እዚሁ አለልህ’ ብለህ ንገረው” ሲል መለሰለት።

9አብድዩም እንዲህ አለው፤ “ምነው ምን አጠፋሁና ነው ባሪያህ እንዲሞት ለአክዓብ አሳልፈህ የምትሰጠው? 10አምላክህን ሕያው እግዚአብሔርን! ጌታዬ አንተን ለመፈለግ መልእክተኛ ያላከበት ሕዝብና መንግሥት የለም፤ የትኛውም ሕዝብ ሆነ መንግሥት አንተ በዚያ አለመኖርህን ባስታወቀው ጊዜ ሁሉ አንተን አለማግኘቱን ለማረጋገጥ ያስምለው ነበር። 11አሁን ግን አንተ ወደ ጌታዬ ሄጄ፣ ‘ኤልያስ እዚህ አለልህ’ እንድለው ትፈልጋለህ፤ 12ተለይቼህ ስሄድ የእግዚአብሔር መንፈስ የት እንደሚወስድህ አላውቅም፤ ታዲያ ሄጄ ለአክዓብ ከነገርሁት በኋላ ሳያገኝህ ቢቀር እኔን ይገድለኛል፤ ነገር ግን እኔ ባሪያህ ከጐልማሳነቴ ጀምሮ እግዚአብሔርን አመልካለሁ። 13ጌታዬ ሆይ፤ ኤልዛቤል የእግዚአብሔርን ነቢያት ባስገደለች ጊዜ ምን እንዳደረግሁ አልሰማህምን? መቶውን የእግዚአብሔር ነቢያት ወስጄ አምሳ አምሳውን በሁለት ዋሻ በመሸሸግ እህልና ውሃ ሰጠኋቸው። 14ታዲያ አንተ ሄጄ ለጌታዬ፤ ‘ኤልያስ እዚህ አለልህ’ እንድለው ትፈልጋለህ፤ እርሱም ይገድለኛል!”

15ኤልያስም፣ “በፊቱ የቆምሁት ሁሉን የሚገዛ ጌታ እግዚአብሔርን፣ ዛሬ በአክዓብ ፊት በርግጥ እገለጣለሁ” አለ።

ኤልያስ በቀርሜሎስ ተራራ ላይ

16ስለዚህ አብድዩ ሄዶ ይህንኑ ለአክዓብ ነገረው፤ አክዓብም ኤልያስን ለማግኘት ሄደ። 17ኤልያስንም ባየው ጊዜ፤ “እስራኤልን የምታውክ አንተ ነህን?” አለው።

18ኤልያስም መልሶ እንዲህ አለ፤ “አንተና የአባትህ ቤት እንጂ እኔ እስራኤልን አላወክሁም። የእግዚአብሔርን ትእዛዝ ተዋችሁ፣ እነ በኣልንም ተከተላችሁ። 19አሁንም ሕዝቡ በቀርሜሎስ ተራራ እንዲገናኘኝ ለመላው እስራኤል ጥሪ አድርግ። ከኤልዛቤል ማእድ የሚቀለቡትን አራት መቶ አምሳውን የበኣል ነቢያት፣ አራት መቶውንም የአሼራ ነቢያት አምጣቸው።”

20ስለዚህ አክዓብ በመላው እስራኤል ጥሪ አደረገ፣ ነቢያቱንም በቀርሜሎስ ተራራ ሰበሰበ። 21ኤልያስም በሕዝቡ ፊት ቀርቦ፣ “በሁለት ሐሳብ የምትዋልሉት እስከ መቼ ድረስ ነው? እግዚአብሔር አምላክ ከሆነ እግዚአብሔርን ተከተሉ፤ በኣል አምላክ ከሆነም በኣልን ተከተሉ” አለ።

ሕዝቡ ግን አንዲት ቃል አልመለሱም።

22ከዚያም ኤልያስ እንዲህ አላቸው፤ “ከእግዚአብሔር ነቢያት የተረፍሁ እኔ ብቻ ነኝ፤ በኣል ግን አራት መቶ አምሳ ነቢያት አሉት። 23ሁለት ወይፈኖች ስጡን፤ እነርሱም አንዱን መርጠው ይውሰዱ፤ በየብልቱም ቈራርጠው፣ በዕንጨት ላይ ያኑሩት፤ ግን እሳት አያንድዱበት፤ እኔም ሁለተኛውን ወይፈን አዘጋጃለሁ፤ በዕንጨትም ላይ አኖረዋለሁ፤ እሳት አላነድበትም። 24ከዚያ እናንተ የአምላካችሁን ስም ጥሩ፤ እኔም የእግዚአብሔርን ስም እጠራለሁ፤ ሰምቶ በእሳት የሚመልሰውም እርሱ እውነተኛ አምላክ ነው።”

ከዚያም ሕዝቡ ሁሉ፣ “ያልኸው መልካም ነው” አሉ።

25ኤልያስም ለበኣል ነቢያት፣ “እናንተ ብዙ ስለ ሆናችሁ በመጀመሪያ አንዱን ወይፈን መርጣችሁ አዘጋጁ፤ የአምላካችሁን ስም ጥሩ፤ ግን እሳት አታንድዱበት” አላቸው። 26ስለዚህ የተሰጣቸውን ወይፈን ወስደው አዘጋጁት። ከዚያም ከጧት እስከ እኩለ ቀን የበኣልን ስም ጠሩ፤ “በኣል ሆይ ስማን” እያሉ ጮኹ፤ ድምፅ ግን የለም፤ የሚመልስ አልነበረም፤ በሠሩት መሠዊያ ዙሪያም እየዘለሉ ያሸበሽቡ ነበር።

27እኩለ ቀንም ላይ ኤልያስ፣ “ድምፃችሁን ከፍ አድርጋችሁ ጩኹ እንጂ አምላክ አይደለም እንዴ! ምናልባት በሐሳብ ተውጦ ወይም ሥራ በዝቶበት፣ አልያም በጒዞ ላይ ይሆናል፤ ተኝቶም ከሆነ ቀስቅሱት” እያለ ያፌዝባቸው ጀመር። 28ስለዚህ እየጮኹ እንደ ልማዳቸው ደማቸው እስኪፈስ ድረስ ሰውነታቸውን በሰይፍና በጩቤ ያቈስሉ ነበር። 29እኩለ ቀን ዐለፈ፤ እነርሱም የሠርክ መሥዋዕት እስኪቀርብ ድረስ የሚዘላብድ ትንቢት ይናገሩ ነበር፤ አሁንም ድምፅ የለም፤ የመለሰና ከቁም ነገር የቈጠረውም አልነበረም።

30ከዚያም ኤልያስ ሕዝቡን በሙሉ፣ “ወደ እኔ ቅረቡ” አላቸው፤ ሕዝቡም ሁሉ ወደ እርሱ ቀረቡ፤ እርሱም ፈርሶ የነበረውን የእግዚአብሔር መሠዊያ ሠራ። 31ከዚያም ኤልያስ፣ “ስምህ እስራኤል ይባላል” ተብሎ የእግዚአብሔር ቃል በመጣለት በያዕቆብ ልጆች ነገድ ቍጥር ልክ ዐሥራ ሁለት ድንጋይ ወስዶ፤ 32በድንጋዮቹም ለእግዚአብሔር ስም መሠዊያ ሠራ፤ በመሠዊያውም ዙሪያ ዐሥራ አምስት ሊትር ውሃ18፥32 15 ሊትር ያህል ነው የሚይዝ ጒድጓድ ቈፈረ፤ 33ዕንጨቱን ረበረበ፤ የወይፈኑንም ሥጋ በየብልቱ ከቈረጠ በኋላ በዕንጨቱ ላይ አኖረው። ከዚያም፣ “ውሃ በአራት ጋን ሞልታችሁ፣ በመሥዋዕቱና በዕንጨቱ ላይ አፍስሱ” አላቸው። 34ደግሞም፣ “እንደ ገና ጨምሩበት” አላቸው፤ እነርሱም ጨመሩበት። “ሦስተኛም ጨምሩበት” ሲል አዘዛቸው፤ እነርሱም ለሦስተኛ ጊዜ ጨመሩበት። 35ውሃውም በመሠዊያው ዙሪያ ፈሰሰ፤ ጒድጓዱንም ሞላው።

36የሠርክ መሥዋዕት በሚቀርብበትም ጊዜ ኤልያስ ወደ መሠዊያው ቀረብ ብሎ እንዲህ ሲል ጸለየ፤ “የአብርሃም፣ የይስሐቅና የእስራኤል አምላክ እግዚአብሔር ሆይ፤ አንተ የእስራኤል አምላክ መሆንህ፣ እኔም የአንተ አገልጋይ መሆኔና ይህን ሁሉ በትእዛዝህ እንዳደረግሁ ዛሬ ይታወቅ። 37ይህ ሕዝብ፣ አንተ አምላክ እግዚአብሔር እውነተኛ መሆንህንና ልባቸውን የመለስኸው አንተ መሆንህን ያውቁ ዘንድ እባክህ ስማኝ፤ እግዚአብሔር ሆይ፤ እባክህ መልስልኝ።”

38ከዚያም የእግዚአብሔር እሳት ወርዳ መሥዋዕቱን፣ ዕንጨቱን፣ ድንጋዩንና ዐፈሩን ፈጽማ በላች፤ በጒድጓዱ ውስጥ ያለውንም ውሃ ላሰች።

39ሕዝቡም ሁሉ ይህን ሲያዩ፣ በግንባራቸው ተደፍተው፣ “አምላክ እግዚአብሔር እርሱ እውነተኛ ነው! እግዚአብሔር እርሱ እውነተኛ አምላክ ነው!” አሉ።

40ከዚያም ኤልያስ፣ “የበአልን ነቢያት ያዟቸው! አንድም ሰው እንዳያመልጥ” ሲል አዘዘ፤ ሕዝቡም ያዟቸው፤ ኤልያስም ወደ ቂሶን ወንዝ አውርዶ አሳረዳቸው።

41ኤልያስም አክዓብን፣ “የከባድ ዝናብ ድምፅ ይሰማልና ሂድና ብላ፤ ጠጣም” አለው። 42ስለዚህ አክዓብ ሊበላና ሊጠጣ ሄደ፤ ኤልያስ ግን ወደ ቀርሜሎስ ተራራ ጫፍ ወጣ፤ ፊቱንም በጒልበቶቹ መካከል አድርጎ ወደ መሬት አቀረቀረ።

43አገልጋዩንም፣ “ውጣና ወደ ባሕሩ ተመልከት” አለው።

አገልጋዩም ሄዶ ተመለከተና፤ “በዚያ ምንም የለም” አለው።

ኤልያስ ሰባት ጊዜ፣ “እንደ ገና ሂድ” አለው።

44በሰባተኛው ጊዜ አገልጋዩ፣ “እነሆ፤ የሰው እጅ የምታህል ትንሽ ደመና ከባሕሩ እየወጣች ነው” አለው።

ኤልያስም፣ “ሂድና አክዓብን፣ ‘ዝናቡ ሳያግድህ፣ ሠረገላህን ጭነህ ውረድ’ ብለህ ንገረው” አለው።

45ወዲያውኑም ሰማዩ በጥቊር ደመና ተሸፈነ፤ ነፋሱ ነፈሰ፤ ከባድ ዝናብ ጣለ፤ አክዓብም በሠረገላ ተቀምጦ ወደ ኢይዝራኤል ሄደ። 46የእግዚአብሔርም ኀይል በኤልያስ ላይ ወረደ፤ ኤልያስም ልብሱን ከፍ አድርጎ በቀበቶው ካጠበቀ በኋላ እስከ ኢይዝራኤል ድረስ አክዓብን ቀድሞት ሮጠ።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 18:1-46

Karmel Bepɔ So Akansie

1Mfeɛ mmiɛnsa akyi, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn sɛ, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no sɛ ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so.” 2Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab.

Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria. 3Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye Awurade di yie. 4Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo. 5Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa sɛ ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu.” 6Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa.

7Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?”

8Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ ”

9Obadia bisaa sɛ, “Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me? 10Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo. 11Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ 12Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase. 13Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso. 14Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!”

15Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.”

16Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia. 17Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no sɛ, “Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?”

18Elia buaa sɛ, “Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae Awurade mmara so die, akɔdi Baal akyi. 19Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra.”

20Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano wɔ Karmel bepɔ so. 21Elia dii nnipa no anim kaa sɛ, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi.” Nanso, nnipa no yɛɛ dinn.

22Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, “Me nko ara ne Awurade odiyifoɔ a maka, nanso Baal wɔ adiyifoɔ ahanan aduonum. 23Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya. 24Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.”

Ɔmanfoɔ no nyinaa penee so.

25Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ, “Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri sɛ, mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya.” 26Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa sɛ wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa sɛ, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ.

27Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho fɛ sɛ, “Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ sɛ wɔnyane no.” 28Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn. 29Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.

30Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na abubuo no. 31Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako, 32na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ. 33Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.”

Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no, 34ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ara bio!”

Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, 35maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so.

36Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. 37Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.”

38Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa.

39Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”

40Na Elia hyɛɛ sɛ, “Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane.” Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn wɔ hɔ.

Elia Bɔ Osutɔ Ho Mpaeɛ

41Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Kɔ na kɔdi aduane pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛseɛ bi rebɛtɔ.” 42Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ.

43Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.”

Ɔsomfoɔ no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia sɛ, “Manhunu hwee.”

Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mprɛnson.

44Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.”

Ɛhɔ ara na Elia teaam sɛ, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na sane kɔ efie. Sɛ woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’ ”

45Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. 46Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.