New Amharic Standard Version

1 ነገሥት 15:1-34

የይሁዳ ንጉሥ አብያ

15፥1-2፡7-8 ተጓ ምብ – 2ዜና 13፥1-2፡22–14፥1

1የናባጥ ልጅ ኢዮርብዓም በነገሠ በዐሥራ ስምንተኛው ዓመት አብያ15፥1 በዚህ ስፍራና በቍ 7 እና 8 ላይ እንዳንድ የዕብራይስጥና የሰብዓ ሊቃናት ትርጒሞች ከዚህ ጋር ይስማማሉ፤ አብዛኞቹ የዕብራይስጥ ትርጒሞች ግን፤ አቢጃም ይላሉ በይሁዳ ነገሠ፤ 2በኢየሩሳሌም ሆኖ ሦስት ዓመት ገዛ፤ እናቱ መዓካ የተባለች የአቤሴሎም ልጅ ነበረች።

3እርሱም አባቱ ከእርሱ በፊት የሠራውን ኀጢአት ሁሉ ሠራ፤ እንደ አባቱ እንደ ዳዊትም በፍጹም ልቡ በታማኝነት ለእግዚአብሔር አልተገዛም። 4ነገር ግን ከእርሱ ቀጥሎ እንዲነግሥና ኢየሩሳሌምን እንዲያጸናት፣ አምላክ እግዚአብሔር ስለ ዳዊት ሲል በኢየሩሳሌም መብራት ሰጠው። 5ዳዊት በኬጢያዊው በኦርዮ ላይ ካደረሰው በደል በቀር፣ በእግዚአብሔር ፊት ትክክል የሆነውን ነገር አድርጓል፤ በሕይወት ዘመኑም ሁሉ ከእግዚአብሔር ትእዛዝ ፈቀቅ ያለበት ጊዜ አልነበረም።

6አብያም15፥6 አብዛኞቹ የዕብራይስጥ ቅጆች ከዚህ ጋር ይስማማሉ አንዳንድ የዕብራይስጥና የሱርስት ትርጒሞች ግን፣ አቢጃም ይላሉ በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ በሮብዓምና በኢዮርብዓም መካከል ጦርነት ነበር። 7ሌላው አብያ በዘመኑ የፈጸመውና ያደረገው ሁሉ፣ በይሁዳ ነገሥታት ታሪክ ተጽፎ የሚገኝ አይደለምን? በአብያና በኢዮርብዓም መካከልም ጦርነት ነበር። 8አብያም ከአባቶቹ ጋር አንቀላፋ፤ በዳዊትም ከተማ ተቀበረ። ልጁም አሳ በእግሩ ተተክቶ ነገሠ።

የይሁዳ ንጉሥ አሳ

15፥9-22 ተጓ ምብ – 2ዜና 14፥2-3፤ 15፥16–16፥6

15፥23-24 ተጓ ምብ – 2ዜና 16፥11–17፥1

9የእስራኤል ንጉሥ ኢዮርብዓም በነገሠ በሃያኛው ዓመት፣ አሳ የይሁዳ ንጉሥ ሆነ፤ 10በኢየሩሳሌምም አርባ አንድ ዓመት ነገሠ፤ አያቱ መዓካ ትባላለች፤ እርሷም የአቤሴሎም ልጅ ነበረች።

11አሳ አባቱ ዳዊት እንዳደረገው ሁሉ፣ በእግዚአብሔር ፊት መልካም የሆነውን ነገር አደረገ። 12የቤተ ጣዖት ወንደቃዎችን ከምድሪቱ አባረረ፤ አባቶቹ የሠሯቸውን ጣዖታት ሁሉ አስወገደ። 13አስጸያፊውን የአሼራ ምስል ዐምድ በማቆሟ፣ አያቱን መዓካን ከእቴጌነቷ ሻራት፤ ጣዖቷንም ሰባብሮ በቄድሮን ሸለቆ አቃጠለው። 14አሳ የማምለኪያ ኰረብታዎችን ፈጽሞ ባያስወግድም እንኳ በሕይወት ዘመኑ ሁሉ፣ ልቡ ለእግዚአብሔር የተገዛ ነበር። 15አባቱና እርሱ ለእግዚአብሔር የቀደሱትን ብርና ወርቅ እንዲሁም ዕቃዎችን አምጥቶ ወደ እግዚአብሔር ቤት አስገባ።

16አሳና የእስራኤል ንጉሥ ባኦስ ዘመነ መንግሥታቸውን ያሳለፉት፣ እርስ በርስ በመዋጋት ነበር። 17የእስራኤል ንጉሥ ባኦስ ይሁዳን ለመውጋት ወጣ፤ ከዚያም ወደ ይሁዳ ንጉሥ ወደ አሳ ግዛት ማንም እንዳይገባና እንዳይወጣ ለመቈጣጠር ራማን ምሽግ አድርጎ ሠራት።

18አሳም በእግዚአብሔር ቤትና በቤተ መንግሥቱ ግምጃ ቤት የቀረውን ብርና ወርቅ በሙሉ ወሰደ፤ ከዚያም በታማኝ ሹማምቱ እጅ በደማስቆ ይገዛ ለነበረው፣ ለጠብሪሞን ልጅ፣ የአዚን የልጅ ልጅ ለሆነው ለሶርያ ንጉሥ ለቤን ሀዳድ ላከው። 19እንዲህም አለ፤ “በአባቴና በአባትህ መካከል የስምምነት ውል እንደ ነበረ ሁሉ፣ አሁንም በእኔና በአንተ መካከል ይኑር፤ እነሆ፣ የብርና የወርቅ ገጸ በረከት ልኬልሃለሁ። አሁንም የእስራኤል ንጉሥ ባኦስ ወደ መጣበት እንዲመለስ፣ ሄደህ ከእርሱ ጋር ያደረግኸውን የስምምነት ውል አፍርስ።”

20ቤንሀዳድም የንጉሥ አሳን ሐሳብ ተቀብሎ፣ የጦር አዛዦቹን በእስራኤል ከተሞች ላይ አዘመተ፤ ዒዮንን፣ ዳንን፣ አቤልቤት ማዕካን እንዲሁም ንፍታሌምን ጨምሮ ጌንሳሬጥን በሙሉ ድል አደረገ። 21ባኦስም ይህን ሲሰማ፣ በራማ የጀመረውን የምሽግ ሥራ አቁሞ ወደ ቴርሳ ተመለሰ። 22ንጉሥ አሳ አንድም ሰው እንዳይቀር በይሁዳ ሁሉ ዐዋጅ አስነገረ፤ ከዚያም ሕዝቡ ባኦስ በራማ አስቀምጦት የነበረውን ድንጋይና ዕንጨት አጋዘ፤ ንጉሡም በዚሁ ምጽጳንና በብንያም ውስጥ ጌባን ሠራ።

23በአሳ ዘመነ መንግሥት የተከናወነው ሌላው ነገር በሙሉ፣ ያደረገውም ሁሉና የሠራቸውም ከተሞች በይሁዳ ነገሥታት ታሪክ ተጽፈው የሚገኙ አይደሉምን? ንጉሥ አሳ በሸመገለ ጊዜ ግን እግሮቹ ታመሙ። 24አሳ ከአባቶቹ ጋር አንቀላፋ፤ እነርሱ በተቀበሩበትም በአባቱ በዳዊት ከተማ ተቀበረ፤ ልጁ ኢዮሣፍጥም በእግሩ ተተክቶ ነገሠ።

የእስራኤል ንጉሥ ናዳብ

25በይሁዳ ንጉሥ በአሳ ዘመነ መንግሥት በሁለተኛው ዓመት የኢዮርብዓም ልጅ ናዳብ በእስራኤል ላይ ነገሠ፤ ሁለት ዓመትም ገዛ። 26እርሱም በአባቱ መንገድ በመሄድ፣ አባቱ የሠራውንና እስራኤልም እንዲሠሩ ያደረገውን ኀጢአት በመሥራት በእግዚአብሔር ፊት ክፉ ድርጊት ፈጸመ።

27ናዳብና መላው እስራኤል በፍልስጥኤም የምትገኘውን የገባቶንን ከተማ ከበው ሳሉ፣ ከይሳኮር ነገድ የተወለደው የአኪያ ልጅ ባኦስ ዐምፆ በመነሣት ናዳብን በገባቶን ገደለው። 28ባኦስ ናዳብን የገደለውና በእግሩ ተተክቶ የነገሠው፣ የይሁዳ ንጉሥ አሳ በነገሠ በሦስተኛው ዓመት ነው።

29ወዲያውኑ እንደ ነገሠም የኢዮርብዓምን ቤተ ሰብ በሙሉ ፈጀ። እግዚአብሔር በሴሎናዊው ባሪያው በአኪያ በኩል እንደ ተናገረው፣ ከኢዮርብዓም ቤተ ሰብ አንድም ሰው በሕይወት ሳያስቀር፣ ሁሉንም አጠፋቸው፤ 30ይህም የሆነው ኢዮርብዓም በሠራው ኀጢአትና እስራኤልም እንዲሠሩ በማድረጉ ምክንያት፣ የእስራኤል አምላክ እግዚአብሔርን ለቊጣ በማነሣሣቱ ነው።

31ሌላው በናዳብ ዘመነ መንግሥት የተከናወነው፣ እርሱም ያደረገው ሁሉ በእስራኤል ነገሥታት ታሪክ ተጽፎ የሚገኝ አይደለምን? 32አሳና የእስራኤል ንጉሥ ባኦስ ዘመነ መንግሥታቸውን ያሳለፉት እርስ በርስ በመዋጋት ነበር።

የእስራኤል ንጉሥ ባኦስ

33የይሁዳ ንጉሥ አሳ በነገሠ በሦስተኛው ዓመት የአኪያ ልጅ ባኦስ በቴርሳ ከተማ፣ በእስራኤል ሁሉ ላይ ነገሠ፤ ሃያ አራት ዓመትም ገዛ። 34በኢዮርብዓም መንገድ በመሄድና እስራኤልም እንዲሠሩ ያደረገውን ኀጢአት በመፈጸም በእግዚአብሔር ፊት ክፉ ሥራ ሠራ።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 15:1-34

Abia Di Yuda Man So

1Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ dunwɔtwe soɔ no, Abiyam hyɛɛ nʼadedie ase sɛ ɔhene wɔ Yuda. 2Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmiɛnsa. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Absalom babaa.

3Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni Awurade ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 4Nanso, ɛsiane Dawid enti, Awurade, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ wɔ Yerusalem. 5Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.

6Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara. 8Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Asa Di Yuda Man So

9Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene wɔ Yuda. 10Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa. 11Asa yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 12Ɔpamoo asɔreeɛ so nnwamanfoɔ nyinaa firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a nʼagyanom yɛeɛ no nyinaa. 13Na mpo, ɔtuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwadeɛ. Asa twaa dua no na ɔhyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu. 14Ɛwom sɛ wɔansɛe abosonnan no nyinaa koraa deɛ, nanso, Asa kɔɔ so de nʼakoma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu. 15Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too edin de maa Awurade Asɔredan no baeɛ.

16Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie wɔ Yudahene Asa asase so. 18Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho. 19“Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”

20Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. 22Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no.

23Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Nadab Di Ɔhene Wɔ Israel

25Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu. 26Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.

27Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no. 28Baasa kumm Nadab wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi hɔ.

29Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. 30Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.

31Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 32Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.

Baasa Di Israel So Ɔhene

33Ahiya ba Baasa hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no mfeɛ mmiɛnsa mu. Baasa dii adeɛ Tirsa mfeɛ aduonu ɛnan. 34Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no.