ዕብራውያን 6 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ዕብራውያን 6:1-20

1ስለዚህ ስለ ክርስቶስ የተሰጠውን የመጀመሪያ ትምህርት ትተን ወደ ብስለት እንሂድ፤ ከሞተ ሥራ ንስሓ ስለ መግባትና6፥1 ወይም ከከንቱ ሥርዐት በእግዚአብሔር ስለ ማመን እንደ ገና መሠረትን አንጣል፤ 2እንዲሁም ስለ ጥምቀቶች፣ እጆችን ስለ መጫን፣ ስለ ሙታን ትንሣኤና ስለ ዘላለም ፍርድ ትምህርት እንደ ገና አንመሥርት። 3እግዚአብሔር ቢፈቅድ ይህን እናደርጋለን።

4አንድ ጊዜ ብርሃን የበራላቸውን፣ ሰማያዊውን ስጦታ የቀመሱትን፣ ከመንፈስ ቅዱስ ተካፋዮች የሆኑትን፣ 5መልካሙን የእግዚአብሔር ቃልና የሚመጣውን ዓለም ኀይል የቀመሱትን፣ 6በኋላ ግን የካዱትን እንደ ገና ወደ ንስሓ መመለስ አይቻልም፤ ምክንያቱም እነርሱ ለገዛ ጥፋታቸው የእግዚአብሔርን ልጅ እንደ ገና ይሰቅሉታል፤ ያዋርዱታልም።

7ዘወትር በእርሷ ላይ የሚወርደውን ዝናብ የምትጠጣና ለሚያርሷትም ፍሬ የምትሰጥ መሬት ከእግዚአብሔር በረከትን ትቀበላለች። 8ነገር ግን እሾኽና አሜኬላ የምታበቅል መሬት ዋጋ ቢስ ትሆናለች፤ መረገሚያዋም ተቃርቧል፤ መጨረሻዋም በእሳት መቃጠል ነው።

9ወዳጆች ሆይ፤ ምንም እንኳ እንደዚህ ብንናገርም፣ ከድነታችሁ ጋር የተያያዘ ታላቅ ነገር እንዳላችሁ ርግጠኞች ነን። 10እግዚአብሔር ዐመፀኛ አይደለም፤ እርሱ ሥራችሁን እንዲሁም በፊትም ሆነ አሁን ቅዱሳንን በመርዳት ስለ ስሙ ያሳያችሁትን ፍቅር አይረሳም። 11የተሰጠው ተስፋ እስኪፈጸም ድረስ እያንዳንዳችሁ እንዲህ ያለውን ትጋት እስከ መጨረሻ እንድታሳዩ እንመኛለን። 12በእምነትና በትዕግሥት የተስፋውን ቃል የሚወርሱትን እንድትመስሉ እንጂ ዳተኞች እንድትሆኑ አንፈልግም።

የእግዚአብሔር የተስፋ ቃል ርግጠኛነት

13እግዚአብሔር ለአብርሃም ተስፋ በሰጠው ጊዜ፣ የሚምልበት ከእርሱ የሚበልጥ ሌላ ባለመኖሩ፣ በራሱ ማለ፤ 14እንዲህም አለ፤ “በርግጥ እባርክሃለሁ፤ ዘርህንም አበዛዋለሁ።” 15አብርሃምም በትዕግሥት ከጠበቀ በኋላ የተሰጠውን ተስፋ አገኘ።

16ሰዎች ከእነርሱ በሚበልጥ ይምላሉ፤ መሐላውም የተባለውን ነገር ስለሚያጸና በመካከላቸው የተነሣው ክርክር ሁሉ ይወገዳል። 17እግዚአብሔር የማይለወጥ ዐላማውን ለተስፋው ቃል ወራሾች ግልጽ ለማድረግ ስለ ፈለገ፣ በመሐላ አጸናው። 18እግዚአብሔር ከቶ ሊዋሽ አይችልም፤ እርሱ በሁለት በማይለወጡ ነገሮች በፊታችን ያለውን ተስፋ ለመያዝ ወደ እርሱ ለሸሸን ለእኛ ብርቱ መጽናናት እንድናገኝ አድርጓል። 19እኛም የነፍስ መልሕቅ የሆነ ጽኑና አስተማማኝ ተስፋ አለን፤ ይህም ተስፋ ከመጋረጃው በስተ ጀርባ ወዳለው ውስጠኛ መቅደስ ይገባል። 20ይህም ስፍራ ኢየሱስ ስለ እኛ ቀድሞ የገባበት ነው። እርሱም እንደ መልከጼዴቅ ሹመት ለዘላለም ሊቀ ካህናት ሆኗል።

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 6:1-20

1Momma yɛnnyae Kristosom ahyɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ no, na yɛnsua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nnhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnu yɛn ho wɔ nneyɛeɛ a ɛde owuo berɛ yɛn ho ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidie. 2Ɛho nhia bio nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔreɛ ne daa atemmuo ho nsɛm. 3Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma ɛkwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.

Ɔpo Ho Amanehunu

4Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsane de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛdeɛ hwɛeɛ na wɔnyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. 5Wɔfiri osuahunu mu ahunu sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ, na wɔahunu ewiase a ɛreba no mu tumi. 6Nanso, ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti, ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsane aba bio sɛ wɔmmɛnu wɔn ho, ɛfiri sɛ, wɔresane abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. 7Onyankopɔn hyira asase a ɛnonom nsuo a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifideɛ yɛ yie ma wɔn a wɔn enti wɔduaeɛ no. 8Na sɛ nkasɛɛ ne wura hunu fifiri so a, ɛnyɛ mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.

9Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yɛnim pefee sɛ ade pa bi a nkwagyeɛ bata ho bɛfiri mo mu aba. 10Onyankopɔn nnyɛ deɛ ɔntene. Ne werɛ remfiri adwuma a moyɛeɛ anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfoɔ Akristofoɔ na mogu so de boa wɔn no. 11Deɛ yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka adeɛ a mo ani da so no. 12Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.

Abraham So Nhwɛsoɔ

13Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa deɛ wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sene no no enti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14Ɔkaa ntam no sɛ, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛhyira wo na mama wʼase adɔre.” 15Na Abraham wɔ boasetɔ enti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kaeɛ.

16Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sene no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa nʼatirimsɛm, enti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. 18Saa nneɛma mmienu yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atorɔ. Enti, yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkura yɛn anidasoɔ no mu den. 19Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Ɛtim hɔ, na ɛma yɛhyɛne tra ntwamutam no mu kɔsi Kronkron mu Kronkron hɔ. 20Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn ɛkan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanin afebɔɔ sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.