ኢዮብ 38 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ኢዮብ 38:1-41

እግዚአብሔር ተናገረ

1እግዚአብሔርም በዐውሎ ነፋስ ውስጥ ሆኖ ለኢዮብ መለሰለት፤ እንዲህም አለው፤

2“ዕውቀት በጐደለው ቃል፣

ዕቅዴን የሚያጨልም ይህ ማን ነው?

3እስቲ እንደ ወንድ ወገብህን ታጠቅ፤

እኔ ልጠይቅህ፣

አንተም መልስልኝ።

4“ምድርን በመሠረትሁ ጊዜ አንተ የት ነበርህ?

በርግጥ የምታስተውል ከሆንህ ንገረኝ።

5ካወቅህ፣ መጠኗን ለይቶ ማን ወሰነ?

በላይዋስ መለኪያ ገመድ የዘረጋ ማን ነው?

6መሠረቶቿ ምን ላይ ተተከሉ?

የማእዘን ድንጋይዋንስ ማን አቆመ?

7ይህም የሆነው የንጋት ከዋክብት በዘመሩበት ጊዜ፣

መላእክትም38፥7 ወይም፣ የእግዚአብሔር ልጆች እልል ባሉበት ጊዜ ነበር።

8“ባሕር ከማሕፀን በወጣ ጊዜ፣

በር የዘጋበት ማን ነው?

9ደመናውን ልብሱ፣

ጨለማንም መጠቅለያው አደረግሁለት፣

10ድንበር ወሰንሁለት፤

መዝጊያና መወርወሪያውን አበጀሁለት።

11‘እስከዚህ ድረስ ትመጣለህ፤ ማለፍ ግን አትችልም፤

የዕቡይ ማዕበልህም ገደብ ይህ ነው’ አልሁት።

12“ከተወለድህ ጀምሮ ንጋትን አዝዘህ ታውቃለህን?

ወይስ ወጋገን ስፍራውን እንዲይዝ አድርገሃል?

13በዚህም የምድርን ዳርቻ ይዞ፣

ክፉዎችን ከላይዋ እንዲያራግፍ አድርገሃልን?

14ምድር ከማኅተም በታች እንዳለ የሸክላ ጭቃ ቅርጿ ይወጣል፤

ቅርጿ እንደ ልብስ ቅርጽ ጐልቶ ይታያል።

15ክፉዎች ብርሃናቸውን ተከልክለዋል፤

ከፍ ያለው ክንዳቸውም ተሰብሯል።

16“ወደ ባሕር ምንጭ ወርደህ ታውቃለህን?

ወይስ ወደ ጥልቀቱ ገብተህ በመሠረቱ ላይ ተመላልሰሃልን?

17የሞት ደጆች ተገልጠውልሃልን?

የሞትንስ ጥላ በሮች አይተሃልን?

18የምድርን ስፋት ታውቃለህን?

ይህን ሁሉ ዐውቀህ ከሆነ፣ ንገረኝ።

19“ወደ ብርሃን መኖሪያ የሚያደርሰው መንገድ የትኛው ነው?

የጨለማ መኖሪያስ ወዴት ነው?

20ወደ ማደሪያቸው ልትወስዳቸው ትችላለህን?

የመኖሪያቸውን መንገድ ታውቃለህ?

21ያን ጊዜ ተወልደሃል! ዕድሜህ ትልቅ ነውና፣

አንተስ በርግጥ ሳታውቅ አትቀርም!

22“ወደ በረዶው መጋዘን ገብተሃልን?

የዐመዳዩንስ ማከማቻ አይተሃልን?

23ይኸውም ለመከራ ጊዜ፣

ለጦርነትና ለውጊያ ቀን ያስቀመጥሁት ነው።

24መብረቅ ወደሚሠራጭበት ቦታ የሚያደርሰው መንገድ፣

የምሥራቅም ነፋስ በምድር ላይ ወደሚበተንበት ስፍራ የሚወስደው የትኛው ነው?

25ለዝናብ መውረጃን፣

ለመብረቅም መንገድን ያበጀ ማን ነው?

26በዚህም ማንም የማይኖርበትን ምድር፣

ሰውም የሌለበትን ምድረ በዳ የሚያጠጣ፣

27ባድማውንና በረሓውን መሬት የሚያጠግብ፣

ሣርም እንዲበቅልበት የሚያደርግ ማን ነው?

28ዝናብ አባት አለውን?

የጤዛን ጠብታ ማን ወለደው?

29በረዶ ከማን ማሕፀን ይወጣል?

የሰማዩንስ ዐመዳይ ማን ይወልዳል?

30ውሆች እንደ ድንጋይ ይጠነክራሉ፤

የጥልቁ ገጽ እንደ በረዶ ይጋገራል።

31“ፕልያዲስ የተባሉትን ውብ ከዋክብት ልትለጕም፣

ወይም የኦርዮንን ማሰሪያ ልትፈታ ትችላለህን?

32ማዛሮት የተባለውን የከዋክብት ክምችት በወቅቱ38፥32 ወይም በወቅቱ የሚወጣ የንጋት ኮከብ ልታወጣ፣

ወይም ድብ የተባለውን ኮከብና ልጆቹን ልትመራ ትችላለህ?

33የሰማያትን ሥርዐት ታውቃለህ?

ይህንስ በምድር ላይ እንዲሠለጥን ማድረግ ትችላለህ?

34“ድምፅህን ወደ ደመናት አንሥተህ፣

ራስህን በጐርፍ ማጥለቅለቅ ትችላለህን?

35መብረቆችን መስደድ ትችላለህ?

እነርሱስ፣ ‘እነሆ፤ እዚህ አለን’ ይሉሃል?

36ለልብ38፥36 በዕብራይስጡ የዚህ ቃል ትርጕም በትክክል አይታወቅም። ጥበብን፣

ለአእምሮም ማስተዋልን የሰጠ ማን ነው?

37ትቢያ ሲጠጥር፣

ጓሎችም እርስ በርስ ሲጣበቁ፣

38ደመናትን ለመቍጠር ጥበብ ያለው ማን ነው?

የሰማያትንስ የውሃ ገንቦ ዘንበል ማድረግ ማን ይችላል?

39“ለአንበሳዪቱ ዐድነህ ግዳይ ታመጣለህን?

የተራቡ የአንበሳ ግልገሎችንስ ታጠግባለህን?

40እነርሱ በዋሻ ውስጥ ያደባሉ፤

በደን ውስጥም ይጋደማሉ።

41ልጆቿ ወደ እግዚአብሔር ሲጮኹ፣

ምግብ ዐጥተው ሲንከራተቱ፣

ለቍራ መብልን የሚሰጥ ማን ነው?

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 38:1-41

Awurade Bisa Hiob Nsɛm

1Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,

2“Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu

kata me nhyehyɛe so?

3Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;

mebisa wo nsɛm,

na wubebua me.

4“Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he?

Sɛ wote ase, ka ɛ.

5Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim!

Hena na ɔtwee susuhama faa ani?

6Dɛn so na egyina,

anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no,

7bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,

na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no?

8“Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi,

bere a epue fii ɔyafunu mu,

9bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade

na mede sum kabii kyekyeree no,

10bere a metoo ɔhye maa no

na misisii nʼapon ne nʼadaban,

11bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha;

ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’

12“So woahyɛ mmara ama adekyee da?

Na woakyerɛ ahemadakye nso afa,

13sɛ ɛnkɔka asase ano

na ontu amumɔyɛfo mfi so?

14Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase;

na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade.

15Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn,

na wɔn abasa a wɔama so no mu abu.

16“So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔ

anaa woanantew ne bun mu pɛn?

17So wɔde owu apon akyerɛ wo?

Woahu owu sunsuma apon ana?

18Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana?

Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me.

19“Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae?

Na ɛhe na sum te?

20Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea?

Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae?

21Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw.

Woanyin yiye!

22“Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da

anaa woahu mparuwbo adekoradan

23a makora so ama ahohia bere,

ɔsa ne akodi nna?

24Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba,

anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so?

25Hena na otwaa ɛka maa osuhweam,

ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu,

26sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so,

nweatam a obiara nni so,

27na ama asase kesee a ɛda mpan afɔw

na sare afifi wɔ so?

28Osu wɔ agya ana?

Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ?

29Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi?

Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro

30bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo,

na bun ani kyen?

31“Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma?

Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana?

32Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere mu

anaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ?

33So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho?

Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana?

34“Wubetumi ama wo nne adu omununkum so

na wode nsu akata wo ho ana?

35Wutumi ma anyinam twa?

Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana?

36Hena na ɔde nyansa ma koma

anaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu?

37Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum?

Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku,

38bere a mfutuma ayɛ den

ama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu.

39“Wokɔ ahayɛ ma gyatabere

ma gyata didi mee

40bere a wobutubutuw wɔn abon ano

anaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase?

41Hena na ɔma kwaakwaadabi aduan

bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn

na wonni aduan nti wokyinkyin?