ኢያሱ 21 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢያሱ 21:1-45

ለሌዋውያን የተመደቡ ከተሞች

21፥4-39 ተጓ ምብ – 1ዜና 6፥54-80

1የሌዋውያን ቤተ ሰብ አለቆች ወደ ካህኑ ወደ አልዓዛር፣ ወደ ነዌ ልጅ ወደ ኢያሱና ወደ ሌሎቹ የእስራኤል ነገድ አባቶች ዘንድ ቀረቡ፤ 2በከነዓን ምድር በሴሎም፣ “እግዚአብሔር የምንኖርባቸውን ከተሞች፣ ከብቶቻችን ከሚሰማሩባቸው ቦታዎች እንድትሰጡን በሙሴ በኩል አዝዞልን ነበር” አላቸው።

3ስለዚህ እስራኤላውያን ከወረሱት ምድር ላይ የሚከተሉትን ከተሞችና መሰማሪያዎች እግዚአብሔር ባዘዘው መሠረት ለሌዋውያኑ ሰጡ።

4የመጀመሪያው ዕጣ ለቀዓት ዘሮች በየጐሣቸው ወጣ፤ የካህኑ የአሮን ዝርያዎች ለሆኑት ሌዋውያን ከይሁዳ፣ ከስምዖንና ከብንያም ነገዶች ዐሥራ ሦስት ከተሞች በዕጣ ተመደቡላቸው።

5ለቀሩት ለቀዓት ዘሮች ደግሞ ከኤፍሬምና ከዳን ነገድ ጐሣዎች፣ እንዲሁም ከምናሴ ነገድ እኩሌታ ጐሣዎች ዐሥር ከተሞች በዕጣ ተመደቡላቸው።

6ለጌርሶን ዝርያዎች ከይሳኮር፣ ከአሴር፣ ከንፍታሌም ነገድ ጐሣዎችና ባሳን ውስጥ ካለው ከምናሴ ነገድ እኩሌታ ጐሣዎች ዐሥራ ሦስት ከተሞች ተመደቡላቸው።

7ለሜራሪ ዝርያዎች በየጐሣቸው ከሮቤል፣ ከጋድና ከዛብሎን ነገዶች ዐሥር ከተሞች ተመደቡላቸው።

8ስለዚህ እስራኤላውያን እግዚአብሔር በሙሴ በኩል ባዘዘው መሠረት፣ እነዚህን ከተሞችና መሰማሪያቸውን ለሌዋውያኑ በዕጣ መደቡላቸው።

9ከይሁዳና ከስምዖን ነገዶች ደግሞ ከዚህ በታች በስም የተጠቀሱትን ከተሞች በዕጣ መደቡላቸው። 10እነዚህም ከተሞች የሌዊ ልጆች፣ የቀዓት ጐሣዎች ለሆኑት ለአሮን ዝርያዎች ተመደቡ፤ ይህም የሆነው የመጀመሪያው ዕጣ ለእነርሱ ስለ ወጣላቸው ነበር፤

11እነርሱም በተራራማው የይሁዳ ምድር ያለችውን ኬብሮን የተባለችውን ቂርያት አርባቅን በዙሪያዋ ካለው መሰማሪያ ጋር ሰጧቸው፤ አርባቅ የዔናቅ አባት ነበረ። 12ይሁን እንጂ በከተማዪቱ ዙሪያ ያሉትን ዕርሻዎችና መንደሮች ለዮፎኒ ልጅ ለካሌብ ርስት አድርገው ሰጡት። 13እንደዚሁም ለነፍሰ ገዳይ መማጠኛ የሆነችውን ኬብሮንንና ልብናን ከነ ማሰማሪያቸው ለካህኑ ለአሮን ልጆች ሰጧቸው፤ 14ደግሞም የቲርን፣ ኤሽትሞዓን፣ 15ሖሎንን፣ ዳቤርን፣ 16ዐይንን፣ ዮጣንና ቤትሳሚስን ከነ ማሰማሪያቸው ሰጧቸው፤ እነዚህ ዘጠኙ ከተሞች ከሁሉ ነገዶች ይዞታ ላይ ተከፍለው የተሰጡ ናቸው።

17ከብንያም ነገድ፣

ገባዖን፣ ጌባዕ፣ 18ዓናቶትና አልሞን የተባሉትን አራት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው ሰጧቸው።

19ለካህናቱ ለአሮን ዝርያዎች ከነ ማሰማሪያቸው የተሰጧቸው ከተሞች ዐሥራ ሦስት ነበሩ።

20የሌዊ ልጅ የቀዓት ጐሣዎች ለሆኑት ለሌሎቹ ደግሞ ከኤፍሬም ነገድ ላይ ተከፍለው የሚከተሉት ከተሞች በዕጣ ተመደቡላቸው።

21በተራራማው በኤፍሬም ምድርም ለነፍሰ ገዳይ መማጠኛ የሆነችው ሴኬምና ጌዝር፣ 22ቂብጻይሞና ቤትሖሮን ከነ መሠማሪያዎቻቸው አራት ከተሞች ተሰጧቸው።

23እንዲሁም ከዳን ነገድ፣

ኤልተቄን፣ ገባቶን፤ 24ኤሎንና ጋትሪሞን ከነ መሰማሪያዎቻቸው አራት ከተሞች ተሰጧቸው።

25ከምናሴ ነገድ፣

እኩሌታ ደግሞ ታዕናክና ጋትሪሞን ከነ ማሰማሪያዎቻቸው ሁለት ከተሞች ተሰጧቸው።

26እነዚህ ዐሥር ከተሞች ሁሉ ከነ ማሰማሪያዎቻቸው ለተቀሩት የቀዓት ጐሣዎች ተሰጧቸው።

27የጌርሶን ወገኖች ለሆኑት ለሌሎቹ የሌዊ ጐሣዎች የተሰጧቸው የሚከተሉት ናቸው፤

ከምናሴ ነገድ እኩሌታ፣

በባሳን ውስጥ ለነፍሰ ገዳይ መማጠኛ የሆነችው ከተማ ጎላንና በኤሽትራ እነዚህ ሁለት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው፤

28ከይሳኮር ነገድ፣

ቂሶን፣ ዳብራት፣ 29የርሙትና ዐይን ጋኒም፣ እነዚህ አራት ከተሞች ከነመሰማሪያዎቻቸው፤

30ከአሴር ነገድ፣

ሚሽአል፣ ዓብዶን፣ 31ሔልቃትና ረአብ እነዚህ አራት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው፤

32ከንፍታሌም ነገድ፣

በገሊላ ውስጥ ለነፍሰ ገዳይ መማጠኛ የሆነችው ከተማ ቃዴስ፣ ሐሞትዶርና ቀርታን እነዚህ ሦስት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው፤

33ለጌድሶናውያን ጐሣዎች የተመደቡት ከተሞች ሁሉ ከነ መሰማሪያዎቻቸው ዐሥራ ሦስት ነበሩ።

34የሜራሪ ጐሣዎች ለሆኑት ለተቀሩት ሌዋውያን የተሰጧቸው የሚከተሉት ናቸው፤

ከዛብሎን ነገድ፣

ዮቅንዓም፣ ቀርታ፣ 35ዲሞናና ነህላል፣ እነዚህ አራት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው፤

36ከሮቤል ነገድ፣

ቦሶር፣ ያሀጽ፣ 37ቅዴሞትና ሜፍዓት፣ እነዚህ አራት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው፤

38ከጋድ ነገድ፣

በገለዓድ ውስጥ ለነፍሰ ገዳይ መማጠኛ የሆነችው ከተማ ራሞት መሃናይም፣ 39ሐሴቦንና ኢያዜር፣ እነዚህ አራት ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው፦

40የሜራሪ ጐሣዎች ለሆኑት ለተቀሩት ሌዋውያን የተመደቡት ከተሞች ሁሉ ዐሥራ ሁለት ነበሩ።

41እንግዲህ እስራኤላውያን ርስት አድርገው ከያዙት ምድር ለሌዋውያኑ የተሰጧቸው ከተሞች ከነ መሰማሪያዎቻቸው በአጠቃላይ አርባ ስምንት ነበሩ። 42እነዚህም ከተሞች እያንዳንዳቸው በዙሪያቸው መሰማሪያዎች ነበሯቸው፤ ማሰማሪያ የሌለው ከተማ አልነበረም።

43ስለዚህ እግዚአብሔር ለቀድሞ አባቶቻቸው ይሰጣቸው ዘንድ የማለላቸውን ምድር ሁሉ ለእስራኤል ሰጠ፤ እነርሱም ምድሪቱን ወረሱ፣ መኖሪያቸውም አደረጓት። 44እግዚአብሔር ለቀድሞ አባቶቻቸው እንደ ማለላቸው በዙሪያቸው ካሉት አሳረፋቸው፤ አንድም ጠላት ሊቋቋማቸው አልቻለም፤ እግዚአብሔር ጠላቶቻቸውን ሁሉ አሳልፎ በእጃቸው ሰጥቷቸዋልና። 45እግዚአብሔር ለእስራኤል ቤት ከሰጠው መልካም የተስፋ ቃል አንዳችም አልቀረም፤ ሁሉም ተፈጽሟል።

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 21:1-45

Nkuro A Wɔde Maa Lewifoɔ

1Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn. 2Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.”

3Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ.

4Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea.

5Afie a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurotoɔ edu firii Efraim ne Dan mmusuakuo no ne Manase abusuakuo fa no nsase mu.

6Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan.

7Merari abusua no nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuo no nkyɛn.

8Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.

9Israelfoɔ no de saa nkuro a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuo no dea no 10maa Aaron asefoɔ a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuo ho no, ɛfiri sɛ, ntonto kronkron a ɛdi ɛkan no bɔɔ wɔn.

11Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) 12Nanso, nsase ne nkuraaseɛ a atwa kuro no ho ahyia no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 13Nkuro a ɛdidi soɔ yi ne wɔn adidibea no, wɔde maa ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ: Hebron, (dwanekɔbea Kuropɔn), Libna, 14Yatir, Estemoa, 15Holon, Debir, 16Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurotoɔ nkron a wɔnya firii saa mmusuakuo mmienu yi nkyɛn.

17Wɔfiri Benyamin abusuakuo mu de saa nkuro yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfoɔ:

Gibeon, Geba, 18Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.

19Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.

20Kohat21.20 Kohatfoɔ—Na saa nnipa yi nyɛ asɔfoɔ, ɛfiri sɛ, na wɔnyɛ Aaron asefoɔ. abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:

21Sekem, (dwanekɔbea kuropɔn), Geser. 22Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.

23Saa nkuro ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu:

Elteke ne Gibeton, 24Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.

25Manase abusuakuo fa no de saa nkuro ne wɔn adidibea maa asɔfoɔ no:

Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu.

26Enti, nkuro edu ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkaeɛ no.

27Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibea

firii Manase abusua fa no nkyɛn.

Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra.

28Isakar abusuakuo no nso maa wɔn:

Kision, Daberat, 29Yarmut ne En-Ganim, nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.

30Aser abusuakuo no maa

Misal, Abdon, 31Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.

32Naftali abusuakuo no maa wɔn

Kedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea.

33Enti, nkuro dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.

34Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi a

ɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn:

Yokneam, Karta, 35Dimna ne Nahalal—nkurotoɔ ɛnan ne ɛho adidibea.

36Ruben abusuakuo no nso maa wɔn

Beser, Yahas, 37Kedemot ne Mefaat—nkurotoɔ ɛnan ne wɔn adidibea.

38Gad abusuakuo no maa wɔn

Ramot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim, 39Hesbon ne Yaser, nkurotoɔ ɛnan ne ho adidibea.

40Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua.

41Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe. 42Na kuro biara wɔ adidibea da ho.

43Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ. 44Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim. 45Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu.