ኢሳይያስ 66 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 66:1-24

ፍርድና ተስፋ

1እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“ሰማይ ዙፋኔ ነው፤

ምድርም የእግሬ ማረፊያ ናት፤

ታዲያ የምትሠሩልኝ ቤት፣

የማርፍበትስ ስፍራ የቱ ነው?

2እነዚህን ነገሮች ሁሉ እጄ አልሠራችምን?

እንዲገኙስ ያደረግሁ እኔ አይደለሁምን?”

ይላል እግዚአብሔር

“ነገር ግን እኔ ወደዚህ፣

ትሑት ወደ ሆነና መንፈሱ ወደ ተሰበረ፣

በቃሌም ወደሚንቀጠቀጥ ሰው እመለከታለሁ።

3ነገር ግን ወይፈን የሚሠዋልኝ፣

ሰው እንደሚገድል ነው፤

የበግ ጠቦት የሚያቀርብልኝ፣

የውሻ ዐንገት እንደሚሰብር ሰው ነው፤

የእህል ቍርባን የሚያዘጋጅልኝ፣

የዕሪያ ደም እንደሚያቀርብልኝ ሰው ነው፤

የመታሰቢያን ዕጣን የሚያጥንልኝም፣

ጣዖትን እንደሚያመልክ ሰው ነው፤

የገዛ መንገዳቸውን መርጠዋል፤

ነፍሳቸውም በርኩሰታቸው ደስ ይላታል።

4ስለዚህ ችግር እንዲደርስባቸው አደርጋለሁ፤

የፈሩትንም አመጣባቸዋለሁ፤

በተጣራሁ ጊዜ የመለሰ፣

በተናገርሁ ጊዜ ያደመጠ ሰው የለምና።

በፊቴ ክፉ ነገር አደረጉ፤

የሚያስከፋኝንም መረጡ።”

5እናንት በቃሉ የምትንቀጠቀጡ፣

ይህን የእግዚአብሔር ቃል ስሙ፤

“እናንት ወንድሞቻችሁ የጠሏችሁ፣

ስለ ስሜም አውጥተው የጣሏችሁ፣

‘እስቲ እግዚአብሔር ይክበርና፣

የእናንተን ደስታ እንይ’ አሏችሁ፤

ይሁን እንጂ ማፈራቸው አይቀርም።

6ያን የጩኸት ድምፅ ከከተማው ስሙ!

ያን ጫጫታ ከቤተ መቅደሱ ስሙ!

ይኸውም የእግዚአብሔር ድምፅ ነው፤

ለጠላቶቹም የሚገባቸውን ሁሉ ይከፍላቸዋል።

7“ከማማጧ በፊት፣

ትወልዳለች፤

በምጥ ጣር ከመያዟ በፊት፣

ወንድ ልጅ ትገላገላለች።

8እንዲህ ያለ ነገር ማን ሰምቶ ያውቃል?

እንዲህ ያለ ነገርስ ማን አይቶ ያውቃል?

አገር በአንድ ጀንበር ይፈጠራልን?

ወይስ ሕዝብ በቅጽበት ይገኛል?

ጽዮንን ምጥ ገና ሲጀምራት፣

ልጆቿን ወዲያውኑ ትወልዳለች።

9ሊወለድ የተቃረበውን፣

እንዳይወለድ አደርጋለሁን?” ይላል እግዚአብሔር

“በሚገላገሉበት ጊዜስ፣

ማሕፀን እዘጋለሁን?” ይላል አምላክሽ።

10“ወዳጆቿ የሆናችሁ ሁሉ፣

ከኢየሩሳሌም ጋር ደስ ይበላችሁ፤

ስለ እርሷም ሐሤት አድርጉ፤

ለእርሷ ያለቀሳችሁ ሁሉ፣

ከእርሷ ጋር እጅግ ደስ ይበላችሁ።

11ከሚያጽናኑ ጡቶቿ፣

ትጠባላችሁ፤ ትረካላችሁም፤

እስክትረኩም ትጠጣላችሁ፤

በተትረፈረፈ ሀብቷም ትደሰታላችሁ።”

12እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“እነሆ፤ ሰላምን እንደ ወንዝ ውሃ አፈስስላታለሁ፤

የመንግሥታትንም ብልጽግና እንደ ጅረት ውሃ አጐርፍላታለሁ፤

ትጠባላችሁ፤ በዕቅፏም ትያዛላችሁ፤

በጭኖቿም ላይ ትፈነድቃላችሁ።

13እናት ልጇን እሹሩሩ እንደምትል፣

እኔም እናንተን እሹሩሩ እላችኋለሁ፤

በኢየሩሳሌምም ትጽናናላችሁ።”

14ይህን ስታዩ፣ ልባችሁ ሐሤት ያደርጋል፤

ዐጥንቶቻችሁም እንደ ሣር ይለመልማሉ፤

የእግዚአብሔር እጅ ከባሮቹ ጋር መሆኑ ይታወቃል፤

ቍጣው ግን በጠላቶቹ ላይ ይገለጣል።

15እነሆ፤ እግዚአብሔር በእሳት ነበልባል ይመጣል፤

ሠረገሎቹም እንደ ዐውሎ ነፋስ ናቸው፤

ንዴቱን በቍጣ፣

ተግሣጹንም በእሳት ነበልባል ይገልጣል።

16በእሳትና በሰይፍ፣

እግዚአብሔር ፍርዱን በሰው ሁሉ ላይ ያመጣል፤

በእግዚአብሔር ሰይፍ የሚታረዱት ብዙ ይሆናሉ።

17“ወደ አትክልት ቦታዎች ለመሄድና ከተክሎቹ አንዱን ለማምለክ ራሳቸውን የሚቀድሱና የሚያነጹ፣ የዕሪያዎችንና የዐይጦችን ሥጋ፣ የረከሱ ነገሮችንም የሚበሉ ሁሉ የመጨረሻ ፍርዳቸውን በአንድነት ይቀበላሉ” ይላል እግዚአብሔር

18“እኔም ሥራቸውንና ሐሳባቸውን ስለማውቅ፣ መንግሥታትንና ልሳናትን ሁሉ ልሰበስብ እመጣለሁ፤66፥18 በዕብራይስጡ የዚህ ሐረግ ትርጕም በትክክል አይታወቅም። እነርሱም መጥተው ክብሬንም ያያሉ።

19“በመካከላቸው ምልክት አደርጋለሁ፤ ከእነርሱም የተረፉትን አንዳንዶቹን ወደ አሕዛብ ወደ ተርሴስ፣ ወደ ፉጥ፣ ወደ ታወቁት ቀስተኞች ወደ ሉድ፣ ወደ ቶባልና ያዋን እንዲሁም ዝናዬን ወዳልሰሙትና ክብሬን ወዳላዩት ራቅ ወዳሉት ደሴቶች እልካቸዋለሁ፤ በሕዝቦችም መካከል ክብሬን ይናገራሉ። 20ለእግዚአብሔር ቍርባን እንዲሆኑ ወንድሞቻችሁን ሁሉ ከየመንግሥታቱ ወደ ተቀደሰው ተራራዬ ወደ ኢየሩሳሌም በፈረስ፣ በሠረገላና በጋሪ፣ በበቅሎና በግመል ያመጧቸዋል” ይላል እግዚአብሔር። “እስራኤላውያን የእህል ቍርባናቸውን በሥርዐቱ መሠረት በነጹ ዕቃዎች ወደ እግዚአብሔር ቤተ መቅደስ እንደሚያቀርቡ እነዚህንም ያቀርቧቸዋል። 21እኔም ካህናትና ሌዋውያን ይሆኑ ዘንድ አንዳንዶቹን እመርጣቸዋለሁ” ይላል እግዚአብሔር

22“እኔ የምሠራቸው አዲስ ሰማያትና አዲስ ምድር በፊቴ ጸንተው እንደሚኖሩ፣ የእናንተና የዘራችሁ ስም እንደዚሁ ጸንቶ ይኖራል” ይላል እግዚአብሔር23“ከአንዱ ወር መባቻ እስከ ሌላው፣ እንዲሁም ከአንዱ ሰንበት እስከ ሌላው፣ የሰው ልጅ ሁሉ በፊቴ ሊሰግድ ይመጣል” ይላል እግዚአብሔር24“ወጥተውም በእኔ ላይ ያመፁትን ሰዎች ሬሳ ያያሉ፤ ትላቸው አይሞትም፤ እሳታቸው አይጠፋም፤ ለሰውም ዘር ሁሉ አስጸያፊ ይሆናሉ።”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 66:1-24

Atemmuo Ne Anidasoɔ

1Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Ɔsoro yɛ mʼahennwa,

na asase yɛ me nan ntiasoɔ.

Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?

Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?

2Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa,

ɛna enti ɛbaa mu anaa?”

Awurade na ɔseɛ.

“Obi a mʼani sɔ no nie:

deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom,

na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.

3Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no

saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ,

na deɛ ɔde odwammaa ba no,

saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ;

deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no

saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ,

deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no

saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom.

Wɔafa wɔn ankasa akwan

na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho;

4enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn

na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so.

Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so,

mekasaeɛ no, obiara antie.

Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so

na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.”

5Montie Awurade asɛm,

mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:

“Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo

na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ,

‘Monhyɛ Awurade animuonyam,

na yɛahunu mo anigyeɛ!’

Nanso wɔn anim bɛgu ase.

6Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu,

montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu!

Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ

a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.

7“Ansa na ɔbaa bɛkyem no,

ɔwo;

ansa na ɔbɛte awoɔyaa no,

ɔwo ɔbabarima.

8Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn?

Hwan na wahunu biribi sei pɛn?

Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin

anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu?

Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a

ɔwo ne mma.

9Mede obi bɛduru awokoɔ ano a

memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Mesi awotwaa ano

ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ.

10Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no,

mo a modɔ no nyinaa;

mo ne no nsɛpɛ mo ho yie,

mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa.

11Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ

no amee;

mobɛnom aboro so

na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho.

12Na yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten,

ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri.

Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so

na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so.

13Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no

saa ara na mɛkyekye mo werɛ;

na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.”

14Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye

na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ;

wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so,

nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so.

15Hwɛ, Awurade de ogya reba,

na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa;

ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so,

na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.

16Ogya ne nʼakofena

na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn,

na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.

17“Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de kɔ nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

18“Esiane wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ enti, me, mereba abɛboaboa amanaman ne kasa ahodoɔ ano, na wɔbɛba abɛhunu mʼanimuonyam.

19“Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi wɔ wɔn mu, na mede nkaeɛfoɔ no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafoɔ ne Lidiafoɔ (wɔn a wɔagye edin wɔ agyantoɔ mu), Tubal ne Helafoɔ, ne nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wɔnhunuu mʼanimuonyam. Wɔbɛpae mu aka mʼanimuonyam wɔ amanaman mu. 20Na wɔde mo nuammarimanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa so bɛba me bepɔ kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ afɔrebɔdeɛ ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumpɔnkɔ ne nyoma so bɛba,” sei na Awurade seɛ. “Wɔde wɔn bɛba sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn aduane afɔdeɛ kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ɛho teɛ mu. 21Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Awurade, na ɔseɛ!

22“Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena hɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 23“Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 24“Na wɔbɛfiri adi akɔhunu wɔn a wɔtee atua tiaa me no afunu; wɔn asonsono renwu, na wɔn ogya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adasamma nyinaa nwunu.”