መክብብ 10 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

መክብብ 10:1-20

1የሞቱ ዝንቦች ሽቶን እንደሚያገሙ፣

ትንሽ ሞኝነትም ጥበብንና ክብርን ያቀልላል።

2የጠቢብ ልብ ወደ ቀኝ፣

የሞኝ ልብ ግን ወደ ግራ ያዘነብላል።

3ሞኝ በጐዳና ሲሄድ ማስተዋል ይጐድለዋል፤

ጅል መሆኑንም ለማንም ይገልጻል።

4የገዥ ቍጣ በተነሣብህ ጊዜ፣

ስፍራህን አትልቀቅ፤

ትዕግሥት ታላቁን ጥፋት ጸጥ ያደርጋልና።

5ከፀሓይ በታች ያየሁት ክፉ ነገር አለ፤

ይህም ከገዥ የሚወጣ ስሕተት ነው፤

6ሞኞች በብዙ የክብር ስፍራዎች ሲቀመጡ፣

ሀብታሞች ግን በዝቅተኛ ስፍራ ሆነዋል።

7መሳፍንት እንደ ባሮች በእግራቸው ሲሄዱ፣

ባሮች ፈረስ ላይ ተቀምጠው አይቻለሁ።

8ጕድጓድን የሚምስ ራሱ ይገባበታል፤

ቅጥርንም የሚያፈርስ እባብ ይነድፈዋል።

9ድንጋይ የሚፈነቅል ይጐዳበታል፤

ግንድንም የሚፈልጥ አደጋ ላይ መውደቁ አይቀርም።

10መጥረቢያ ቢደንዝ፣

ጫፉም ባይሳል፣

ብዙ ጕልበት ይጨርሳል፤

ብልኀት ግን ለውጤት ያበቃል።

11እባብ በድግምት ከመፍዘዙ በፊት ቢነድፍ፣

ለደጋሚው ምንም አይጠቅመውም።

12ከጠቢብ አፍ የሚወጣ ቃል ባለ ሞገስ ነው፤

ሞኝ ግን በገዛ ከንፈሩ ይጠፋል፤

13ቃሉ በመጀመሪያ ሞኝነት ነው፤

በመጨረሻም ደግሞ ክፉ እብደት ነው፤

14ሞኙም ቃልን ያበዛል።

የሚመጣውን የሚያውቅ የለም፤

ከእርሱ በኋላ የሚሆነውንስ ማን ሊነግረው ይችላል?

15የሞኝ ሥራ ራሱን ያደክመዋል፤

ወደ ከተማ የሚወስደውንም መንገድ አያውቅም።

16አንቺ፣ ንጉሥሽ ልጅ10፥16 ወይም አሽከር የሆነ፣

መሳፍንትሽም በጧት ግብዣ የሚያደርጉ ምድር ሆይ፤ ወዮልሽ!

17አንቺ ንጉሥሽ ከተከበረው ዘር የሆነ፣

ለመስከር ሳይሆን ለብርታት፣

በተገቢው ጊዜ የሚበሉ መሳፍንት ያሉሽ ምድር ሆይ፤ የተባረክሽ ነሽ፤

18ሰው ሰነፍ ከሆነ ጣራው ይዘብጣል፤

እጆቹም ካልሠሩ ቤቱ ያፈስሳል።

19ግብዣ ለሣቅ ያዘጋጃል፤

ወይንም ሕይወትን ያስደስታል፤

ገንዘብም ካለ ሁሉ ነገር አለ።

20በዐሳብህም እንኳ ንጉሥን አትንቀፍ፤

በመኝታ ክፍልህም ባለጠጋን አትርገም፤

የሰማይ ወፍ ቃልህን ልትወስድ፣

የምትበረዋም ወፍ የምትለውን ልታደርስ ትችላለችና።

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 10:1-20

1Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no,

saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no.

2Onyansafo koma sian kɔ nifa,

nanso ɔkwasea koma kɔ benkum.

3Mpo sɛ ɔkwasea nam ɔkwan so a,

wohu sɛ onnim nyansa

na ɔma obiara hu sɛ wagyimi.

4Sɛ sodifo bo fuw wo a,

nnyaw wʼadwuma nto hɔ;

na ntoboase dwudwo mfomso kɛse ano.

5Bɔne bi wɔ hɔ a mahu wɔ owia yi ase

ɛyɛ mfomso bi a efi sodifo:

6Wɔma nkwaseafo dibea a ɛkorɔn,

na asikafo nya nea ɛwɔ fam.

7Mahu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so,

na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.

8Obiara a otu amoa no betumi atɔ mu;

na nea obubu ɔfasu no, ɔwɔ betumi aka no.

9Obiara a ɔpae abo no, abo no betumi apira no;

na nea ɔpae nnua no betumi anya mu akwanhyia.

10Sɛ abonnua ano kum

na wɔansew ano a

ebehia ahoɔden bebree,

nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdi bɛba.

11Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwudwo no a

nea odwudwo ɔwɔ no rennya so mfaso biara.

12Onyansafo anom nsɛm yɛ nyam,

nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ ɔsɛe mu.

13Mfiase no, wɔn nsɛm yɛ nkwaseasɛm;

awiei no, ɛyɛ adammɔ atirimɔdensɛm,

14na ɔkwasea woro nsɛm.

Obiara nnim nea ɛreba,

hena na obetumi aka nea ebesi wɔ obi akyi akyerɛ no?

15Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;

na ɛmma onhu ɔkwan a ɛkɔ kurom.

16Nnome nka wo, asase a na wo hene yɛ ɔsomfo

na wo mmapɔmma to pon anɔpa.

17Nhyira nka wo, asase a wo hene yɛ ɔdehye

na wo mmapɔmma didi bere a ɛfata

de pɛ ahoɔden na ɛnyɛ nsabow.

18Sɛ obi yɛ akwadworɔ a ne mpuran yɛ mmerɛw;

sɛ ne nsa nka hwee a ne fi nwini.

19Wɔto pon ma serew,

na nsa ma onipa ahosɛpɛw,

nanso sika na ɛyɛ biribiara safe.

20Wʼadwene mu mpo nkasa ntia ɔhene,

na wo pia mu nso nnome ɔdefo,

efisɛ anomaa a ɔnam wim de wʼasɛm bɛkɔ,

na anomaa a otu bɛkɔ akɔka.