አንደበትን መግታት
1ወንድሞቼ ሆይ፤ ከእናንተ ብዙዎች አስተማሪዎች አይሁኑ፤ ምክንያቱም እኛ አስተማሪዎች የሆንን የባሰ ፍርድ እንደምንቀበል ታውቃላችሁ። 2ሁላችንም በብዙ ነገር እንሰናከላለን፤ በንግግሩ የማይሰናከል ማንም ሰው ቢኖር፣ እርሱ ሰውነቱን ሁሉ መቈጣጠር የሚችል ፍጹም ሰው ነው።
3ፈረሶች እንዲታዘዙልን ልጓም በአፋቸው ውስጥ ስናስገባ፣ መላ ሰውነታቸውን መምራት እንችላለን። 4ወይም መርከቦችን ተመልከቱ፤ ምንም እንኳ እጅግ ትልቅና በኀይለኛ ነፋስ የሚነዱ ቢሆኑም፣ የመርከቡ ነጂ በትንሽ መሪ ወደሚፈልገው አቅጣጫ ይመራቸዋል። 5እንዲሁም ምላስ ትንሽ የሰውነት ክፍል ሆና ሳለ በታላላቅ ነገሮች ትኵራራለች፤ ትልቅ ጫካ በትንሽ እሳት እንዴት ተቃጥሎ እንደሚጠፋ አስተውሉ፤ 6ምላስም እንደ እሳት ናት፤ በሰውነት ክፍሎቻችን መካከል የምትገኝ የክፋት ዓለም ናት፤ ሰውነትን ሁሉ ታረክሳለች፤ ደግሞም የፍጥረትን ሩጫ ታቃጥላለች፤ ራሷም በገሃነም ትቃጠላለች።
7ማናቸውም ዐይነት እንስሳ፣ አዕዋፍ እንዲሁም በምድር ላይ የሚሳቡና፣ በባሕር ውስጥ የሚኖሩ ፍጥረታት ሁሉ መገራት ችለዋል፤ በሰውም ተገርተዋል። 8ነገር ግን ምላስን መግራት የሚችል ማንም ሰው የለም፤ የሚገድል መርዝ የሞላባትና ዕረፍት የሌላት ክፉ ነገር ናት።
9በምላሳችን ጌታንና አብን እንባርካለን፤ በእርሷም በእግዚአብሔር አምሳል የተፈጠሩትን ሰዎች እንረግማለን። 10ከአንድ አፍ በረከትና መርገም ይወጣል። ወንድሞቼ ሆይ፤ ይህ ሊሆን አይገባም። 11ከአንድ ምንጭ ጣፋጭ ውሃና መራራ3፥11 በግሪኩ፣ ጨው ውሃ ይመነጫልን? 12ወንድሞቼ ሆይ፤ በለስ ወይራን ወይንም በለስን ሊያፈራ ይችላልን? እንዲሁም ከጨው ውሃ ጣፋጭ ውሃ ሊገኝ አይችልም።
ሁለት ዐይነት ጥበብ
13ከእናንተ መካከል ጥበበኛና አስተዋይ የሆነ ሰው ማን ነው? ሥራውን ከጥበብ በሆነ በመልካም አኗኗር ያሳይ። 14ነገር ግን መራራ ቅናትና ራስ ወዳድነት በልባችሁ ቢኖር ኵራት አይሰማችሁ፤ እውነትንም አትካዱ። 15እንዲህ ያለችዋ ጥበብ ከላይ አይደለችም፤ ነገር ግን ከምድር፣ ከሥጋና ከአጋንንት ናት። 16ቅናትና ራስ ወዳድነት ባሉበት ስፍራ በዚያ ሁከትና ክፉ ሥራ ሁሉ ይገኛሉ።
17ከሰማይ የሆነችው ጥበብ ግን በመጀመሪያ ንጽሕት ናት፤ በኋላም ሰላም ወዳድ፣ ታጋሽ፣ እሺ ባይ፣ ምሕረትና መልካም ፍሬ የሞላባት፣ አድልዎና ግብዝነት የሌለባት ናት። 18የጽድቅም ፍሬ ሰላምን ለሚያደርጉ በሰላም ይዘራል።
Tɛkrɛma
1Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu yɛ den sene afoforɔ. 2Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.
3Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. 4Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ. 5Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ. 6Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram.
7Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa, 8nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma.
9Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. 10Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. 11Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba? 12Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
Nyansa A Ɛfiri Ɔsoro
13Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi. 14Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya wɔ mo akoma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ. 15Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ewiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. 16Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya wɔ no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi wɔ hɔ.
17Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoeɛ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no.