New Amharic Standard Version

ዘፍጥረት 19:1-38

ሰዶምና ገሞራ ጠፉ

1ሁለቱ መላእክት ምሽት ላይ ሰዶም ደረሱ፤ ሎጥም በሰዶም ከተማ መግቢያ በር ተቀምጦ ነበር፤ ሎጥም መላእክቱን ሲያይ ሊቀበላቸው ብድግ አለ፤ በግምባሩም ወደ ምድር ተደፍቶ እጅ ነሣቸው። 2እርሱም፣ “ጌቶቼ፤ እባካችሁ ወደ እኔ ወደ ባሪያችሁ ቤት ጎራ በሉ፤ ከዚያም እግራችሁን ታጠቡ፤ አድራችሁም ጧት በማለዳ ጒዞአችሁን ትቀጥላላችሁ” አላቸው።

እነርሱም፣ “አይሆንም፤ እዚሁ አደባባይ ላይ እናድራለን” አሉት።

3ሎጥ ግን አጥብቆ ስለ ለመናቸው አብረውት ወደ ቤቱ ገቡ፤ ከዚያም ቂጣ ጋግሮ አቀረበላቸውና በሉ። 4ከመተኛታቸውም በፊት፣ የሰዶም ከተማ ነዋሪዎች የሆኑ ወንድ ወጣቶችና ሽማግሌዎች ከያካባቢው መጥተው ቤቱን ከበቡት። 5ሎጥንም ጠርተው፣ “በዚህች ምሽት ወደ ቤትህ የገቡት ሰዎች የት አሉ? ሩካቤ ሥጋ እንድንፈጽምባቸው ወደ ውጭ አውጣልን” አሉት።

6ሎጥም ሊያነጋግራቸው ወደ ውጭ ወጣ፤ መዝጊያውን ከበስተ ኋላው ዘግቶ፣ 7እንዲህ አለ፤ “ወዳጆቼ ሆይ፤ እባካችሁ እንዲህ ያለውን ክፉ ነገር አታድርጉ። 8እነሆ፤ ወንድ የማያውቁ ሁለት ሴቶች ልጆች አሉኝ። እነርሱን ላውጣላችሁና የፈለጋችሁትን አድርጉባቸው። በእነዚህ ሰዎች ላይ ግን አንዳች ነገር አታድርጉባቸው፤ እኔን ብለው ወደ ቤቴ ገብተዋልና።”

9እነርሱም፣ “ዞር በል! ይህ ሰው ራሱ ትናንት ተሰዶ የመጣ ነው፤ ዛሬ ደግሞ ዳኛ ልሁን ይላል። ዋ! በእነርሱ ካሰብነው የከፋ እንዳና ደርስብህ!” አሉት፤ ከዚያም ሎጥን እየገፈታተሩ የበሩን መዝጊያ ለመስበር ተንደረደሩ።

10ከቤቱ ውስጥ የነበሩት እንግዶች ግን እጃቸውን በመዘርጋት ስበው ወደ ውስጥ አስገቡት፤ በሩንም ዘጉ። 11ከዚያም በሩን እንዳያገኙት በቤቱ ደጃፍ ላይ የተሰበሰቡትን ወጣቶችና ሽማግሌዎች ዐይን አሳወሩ።

12ሁለቱ ሰዎችም ሎጥን እንዲህ አሉት፤ “በከተማዋ ውስጥ የሚኖሩ የአንተ የሆኑ ሰዎች አሉህ? ዐማቾች፣ ወንዶችና ሴቶች ወይም ሌሎች ዘመዶች ካሉህ ቶሎ ብለህ ከዚህ እንዲወጡ አድርግ፤ 13ይህን ስፍራ ልናጠፋው ነው። በሕዝቦቿ ላይ ወደ እግዚአብሔር (ያህዌ) የቀረበው ጩኸት ታላቅ በመሆኑ፣ እንድናጠፋት እግዚአብሔር ልኮናል።”

14ሎጥ ከቤቱ ወጥቶ የሴት ልጆቹ እጮኞች19፥14 ወይም ሴት ልጆቹን ያገቡትን የሆኑትን ዐማቾቹን፣ “እግዚአብሔር (ያህዌ) ይህችን ከተማ ሊያጠፋት ነውና በፍጥነት ከዚህ ስፍራ ውጡ” አላቸው፤ ዐማቾቹ ግን የሚቀልድ መሰላቸው።

15ሲነጋጋም መላእክቱ ሎጥን፣ “ከከተማዪቱ ጋር አብራችሁ እንዳትጠፉ፣ ሚስትህንና ሁለቱን ሴት ልጆችህን ይዘህ ከዚህ ቦታ በፍጥነት ውጣ” ብለው አቻኰሉት።

16ሎጥ ሲያመነታም፣ እግዚአብሔር (ያህዌ) ስለ ራራላቸው ሰዎቹ የእርሱን፣ የሚስቱንና የሁለት ሴቶች ልጆቹን እጅ ይዘው ከከተማዪቱ በደኅና አወጧቸው። 17እንዳወጧቸውም፣ መልአኩ፣ “ሕይወታችሁን ለማትረፍ ፈጥናችሁ ሽሹ፤ መለስ ብላችሁ ወደ ኋላችሁ አትመልከቱ፤ ከረባዳው ስፍራ እንኳ ቆም አትበሉ፤ ወደ ተራራው ሽሹ፤ አለበለዚያ ትጠፋላችሁ” አላቸው።

18ሎጥም እንዲህ አላቸው፤ “ጌቶቼ ሆይ፤19፥18 ወይም እንደዚህስ አይሁን ጌታ፤ ወይም እንደዚህስ አይሁን ጌታዬ እባካችሁ እንደዚህስ አይሁን፤ 19እነሆ፤ እኔ ባሪያህ አንዴ በፊትህ ሞገስ አግኝቻለሁ፤ ሕይወቴን ለማዳን ታላቅ ርኅራኄ አድርገህልኛል፤ እኔ እንደሆንሁ ወደ ተራሮቹ ሸሽቼ ማምለጥ ስለማልችል የሚወርደው መዓት ደርሶ ያጠፋኛል። 20እነሆ፤ ወደዚያ ሸሽቶ ለማምለጥ ቅርብ የሆነች ትንሽ ከተማ አለች፤ ወደ እርሷ ልሽሽ፤ በጣም ትንሽ አይደለችም እንዴ? ወደዚያ ብሸሽ እኮ ሕይወቴ ትተርፋለች።”

21እርሱም እንዲህ አለው፤ “ይሁን እሺ፣ ልመናህን ተቀብያለሁ፤ ያልካትንም ከተማ አላጠፋትም። 22አንተ እዚያ እስክትደርስ ድረስ አንዳች ማድረግ ስለማልችል ቶሎ ብለህ ወደዚያ ሽሽ” ስለዚህም የዚያች ከተማ ስም ዞዓር19፥22 ዞዓር ማለት ትንሽ ማለት ነው ተባለ።

23ሎጥ ዞዓር ሲደርስ ፀሓይ በምድሩ ላይ ወጥታ ነበር። 24ከዚያም እግዚአብሔር (ያህዌ) በሰዶምና በገሞራ ላይ ከሰማይ ከእግዚአብሔር (ያህዌ) ዘንድ የሚያቃጥል ዲንና እሳት አዘነበባቸው። 25እነዚያንም ከተሞችና ረባዳውን ምድር በሙሉ፣ በከተሞቹም የሚኖሩትን ሰዎች ሁሉ፣ የምድሩን ቡቃያ ሳይቀር ገለባበጠው። 26የሎጥ ሚስት ግን ወደ ኋላዋ ስለ ተመለከተች የጨው ዐምድ ሆና ቀረች።

27አብርሃም በማግስቱ፣ ማለዳ ተነሥቶ ከዚህ ቀደም በእግዚአብሔር (ያህዌ) ፊት ቆሞ ወደነበረበት ቦታ ሄደ። 28ሰዶምንና ገሞራን፣ እንዲሁም በረባዳው ስፍራ የሚገኘውን ምድር ሁሉ ቊልቊል ተመለከተ፤ ከእቶን የሚወጣ የመሰለ ጥቅጥቅ ያለ ጢስ ከምድሪቱ ወደ ላይ ሲትጐለጐል አየ።

29እንደዚህ አድርጐ እግዚአብሔር (ኤሎሂም) በረባዳው ስፍራ የነበሩትን ከተሞች ሲያጠፋ አብርሃምን አሰበው፤ ስለዚህም የሎጥ መኖሪያ የነበሩትን ከተሞች ካጠፋው መዓት ሎጥን አወጣው።

ሎጥና ሴት ልጆቹ

30ሎጥ በዞዓር መኖርን ስለ ፈራ፣ ከዚያ ተነሥቶ ከሁለቱ ሴት ልጆቹ ጋር በአቅራቢያው ወደሚገኙት ተራሮች ሄደ፤ መኖሪያውንም ከሁለት ሴት ልጆቹ ጋር በዋሻ ውስጥ አደረገ። 31አንድ ቀን ታላቂቱ ልጅ፣ ታናሺቱን እንዲህ አለቻት፤ “አባታችን አርጅቶአል፤ በምድር ሁሉ እንደሚኖሩ ሰዎች ወግ አብሮን የሚተኛ ወንድ በአካባቢያችን የለም። 32ስለዚህ አባታችንን የወይን ጠጅ እናጠጣውና ከእርሱ ጋር እንተኛ፤ የትውልድ ሐረጋችን እንዳይቋረጥ ዘር ከአባታችን እናትርፍ።”

33በዚያችም ምሽት አባታቸውን የወይን ጠጅ አጠጡት፤ ከዚያም ትልቋ ልጁ ሄዳ ከአባቷ ጋር ተኛች፤ እርሱ ግን ስትተኛም ሆነ ስትነሣ አላወቀም ነበር።

34በማግስቱም ታላቂቱ ልጅ ታናሺቱን፣ “እኔ ትናንትና ማታ ከአባቴ ጋር ተኝቻለሁ፤ ዛሬም እንደ ገና የወይን ጠጅ እናጠጣው፤ አንቺም ደግሞ ከእርሱ ዘንድ ገብተሽ ተኚ፤ በዚህም የትውልድ ሐረጋችን እንዳይቋረጥ ከአባታችን ዘር ማትረፍ እንችላለን” አለቻት። 35በዚያችም ምሽት ደግሞ አባታቸውን የወይን ጠጅ አጠጡት፤ ትንሿ ልጁም ሄዳ ከአባቷ ጋር ተኛች፤ እርሱ ግን ስትተኛም ሆነ ስትነሣ አላወቀም ነበር።

36ስለዚህ ሁለቱም የሎጥ ሴት ልጆች ከአባታቸው አረገዙ። 37ትልቋ ልጁ ወንድ ልጅ ወለደች፤ ስሙንም ሞዓብ ብላ ጠራችው፤ እርሱም የዛሬዎቹ ሞዓባውያን19፥37 ሞዓብ የሚለው ቃል ከአባት የሚል ትርጒም ካለው የዕብራይስጥ ቃል ጋር ተመሳሳይ ድምፅ አለው። አባት ነው። 38ትንሿ ልጁም እንደዚሁ ወንድ ልጅ ወለደች፤ ስሙንም ቤንአሚ19፥38 ቤንአሚ ማለት የሕዝቤ ልጅ ማለት ነው ብላ ጠራችው፤ እርሱም የዛሬዎቹ አሞናውያን አባት ነው።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 19:1-38

Sodom Ne Gomora Amumuyɛ

1Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba. 2Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.”

Nanso, abɔfoɔ no buaa sɛ, “Dabi, mmom, yɛbɛda adwabɔeɛ.”

3Nanso, Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibereɛ so enti, wɔne no kɔɔ ne fie. Ɔtoo burodo a wamfa mmɔreka amfra ɛda no ara, de too wɔn ɛpono, ma wɔdiiɛ. 4Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfoɔ mpanin ne mmɔfra nyinaa firi kuro no afanan bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ. 5Wɔteateaam frɛɛ Lot bisaa no sɛ, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”

6Lot firii adi, too ne ɛpono mu, kɔhyiaa Sodom mmarima no. 7Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa. 8Montie! Mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na deɛ mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi deɛ, mommfa mo nsa nka wɔn, ɛfiri sɛ, wɔaba me suhyɛ banbɔ mu.”

9Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no.

10Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu. 11Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa.

Sodom Ne Gomora Sɛeɛ

12Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha, 13ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.”

14Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn rebɛsɛe kuro yi!” Nanso, na saa mmarima yi susu sɛ ɔredi fɛ bi.

15Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.”

16Ɔtwentwɛnee ne nan ase no, ɔsoro abɔfoɔ no sosɔɔ Lot ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn firii kuro no mu asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ. 17Ɔsoro abɔfoɔ no yii Lot mmammaa baanu no firii kuro no mu ara pɛ, abɔfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Monnwane nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyiri. Monnnyina baabiara. Monnwane nkɔ mmepɔ no so, anyɛ saa a, mobɛwuwu!”

18Nanso, Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ao, dabi me wuranom! 19Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔeɛ kɛseɛ de agye me nkwa. Nanso, me deɛ, merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, ɛfiri sɛ, mesuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu. 20Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?”

21Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no. 22Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa.

23Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue. 24Afei, Awurade maa sɔfe ne ogya tɔ firii soro, guu Sodom ne Gomora so. 25Saa ɛkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn mmienu ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifideɛ nso nyinaa sɛeɛ. 26Nanso, Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyiri ma ɔdanee nkyene esie.

27Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ɔgyinaa Awurade anim no. 28Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, hunuu wisie kumɔnn a abua asase no so te sɛ wisie a ɛfiri fononoo mu.

29Ɛberɛ a Onyankopɔn sɛee nkuro a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔyii Lot firii ɔsɛeɛ a ɛbaa nkuro a na Lot te so no mu no.

Lot Ne Ne Mmammaa Baanu No

30Afei, Lot ne ne mmammaa baanu no tu firii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔ no mu, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar. 31Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no. 32Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.”

33Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ.

34Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.” 35Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ.

36Enti, Lot ne ne mmammaa baanu no nyinsɛneeɛ. 37Ne babaa panin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfoɔ agya de bɛsi ɛnnɛ. 38Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de bɛsi ɛnnɛ.