New Amharic Standard Version

ዘፀአት 9:1-35

የእንስሳት እልቂት

1ከዚያም እግዚአብሔር (ያህዌ) ሙሴን እንዲህ አለው፤ “ወደ ፈርዖን ሂድና እንዲህ በለው፤ ‘የዕብራውያን አምላክ (ኤሎሂም) እግዚአብሔር (ያህዌ) የሚለው ይህ ነው፤ “ያመልኩኝ ዘንድ ሕዝቤን ልቀቅ።” 2አሁንም እንዳይሄዱ ብታደርግና ብትከለክላቸው፣ 3የእግዚአብሔር (ያህዌ) እጅ በመስክ ላይ ባሉት እንስሳት፣ በፈረሶችህና በአህዮችህ፣ በግመሎችህና በቀንድ ከብቶችህ፣ በበጎችህና በፍየሎችህ ላይ አስከፊ መቅሠፍት ያመጣብሃል። 4ነገር ግን እግዚአብሔር (ያህዌ) በእስራኤልና በግብፅ እንስሳት መካከል ልዩነት ያደርጋል፤ ይኸውም የእስራኤል የሆነ ማንኛውም እንስሳ እንዳይሞት ነው።’ ”

5እግዚአብሔር (ያህዌ) ጊዜን ወስኖ፣ እንዲህ አለ፤ “በነገው ዕለት እግዚአብሔር (ያህዌ) በምድሪቱ ላይ ይህን ያደርጋል።” 6በማግሥቱም እግዚአብሔር (ያህዌ) ነገሩን ፈጸመው፤ የግብፃውያን እንስሳት በሙሉ አለቁ፤ ነገር ግን የእስራኤላውያን ከሆኑት እንስሳት አንድም አልሞተም። 7ፈርዖን ያጣሩ ዘንድ ሰዎች ልኮ ከእስራኤላውያኑ እንስሳት አንድም እንኳን አለመሞቱን ተገነዘበ። ያም ሆኖ ልቡ እንደ ደነደነ ስለ ነበር፣ ሕዝቡን አልለቀቀም።

የእባጭ መቅሠፍት

8ከዚያም እግዚአብሔር (ያህዌ) ሙሴንና አሮንን አላቸው፤ “ከምድጃው እፍኝ ዐመድ ወስዳችሁ፣ ሙሴ በፈርዖን ፊት ወደ ሰማይ ይበትነው። 9በግብፅ ምድር ሁሉ ትቢያ ይሆናል፤ በምድሪቱ ሁሉ በሚገኙት ሰዎችና እንስሳት ላይ መግል የያዘ እባጭ ይወጣል።”

10ስለዚህ ከምድጃው ዐመድ ወስደው በፈርዖን ፊት ቆሙ፤ ሙሴም ወደ ሰማይ በተነው፤ መግል የያዘ እባጭም በሰዎችና በእንስሳት ላይ ወጣ። 11በእነርሱና በግብፃውያን ሁሉ ላይ እባጭ ወጥቶ ስለ ነበር፣ አስማተኞቹ በሙሴ ፊት መቆም አልቻሉም። 12እግዚአብሔር (ያህዌ) ግን የፈርዖንን ልብ አደነደነ፤ እግዚአብሔር (ያህዌ) ለሙሴ እንደ ተናገረውም፣ ሙሴንና አሮንን መስማት አልፈለገም።

የበረዶ መቅሠፍት

13ከዚያም እግዚአብሔር (ያህዌ) ሙሴን እንዲህ አለው፤ “ማልደህ በጧት ተነሣ፤ ከፈርዖን ፊት ቀርበህ እንዲህ በለው፤ የዕብራውያን አምላክ እግዚአብሔር (ያህዌ ኤሎሂም) የሚለው ይህ ነው፤ ያመልኩኝ ዘንድ ሕዝቤን ልቀቅ፤ 14አለዚያ በአንተ በሹማምቶችህና በሕዝብህ ላይ የመቅሠፍቴን መዓት ሁሉ አሁን አወርድብሃለሁ፤ ይኸውም በምድር ሁሉ እንደ እኔ ያለ ማንም እንደሌለ ታውቅ ዘንድ ነው። 15አሁን እጄን ዘርግቼ አንተንና ሕዝብህን ከገጸ ምድር ሊያጠፋችሁ በሚችል መቅሠፍት በመታኋችሁ ነበር። 16ነገር ግን ኀይሌን እንዳሳይህና ስሜም በምድር ዙሪያ ሁሉ እንዲታወቅ ለዚህ አስነሥቼሃለሁ።9፥16 ወይም፣ ለዚህ ምሕረቴን አሳይቼሃለሁ 17እስካሁንም በሕዝቤ ላይ እንደ ተነሣህ ነው፤ ይሄዱም ዘንድ አትለቃቸውም። 18ስለዚህ ነገ በዚህ ጊዜ ከተመሠረተችበት ጊዜ ጀምሮ እስካሁን ድረስ በግብፅ ላይ ወርዶ የማያውቅ አስከፊ የበረዶ ማዕበል እልካለሁ። 19ከብቶችህና በመስክ ላይ ያለህ ማንኛውም ነገር ወደ መጠለያ ይገቡ ዘንድ አሁን ትእዛዝ ስጥ፤ ምክንያቱም በረዶው ወደ መጠለያ ባልገቡትና በመስክ ላይ በቀሩት በማንኛውም ሰውና እንስሳት ላይ ወርዶባቸው ስለሚሞቱ ነው።

20የእግዚአብሔርን (ያህዌ) ቃል የፈሩት የፈርዖን ሹማምቶች፣ ባሮቻቸውንና ከብቶቻቸውን ለማስገባት ተጣደፉ። 21የእግዚአብሔርን (ያህዌ) ቃል ችላ ያሉት ግን ባሮቻቸውንና ከብቶቻቸውን በመስክ ላይ እንደ ነበሩ ተዉአቸው።

22ከዚያም እግዚአብሔር (ያህዌ) ሙሴን፣ “በመላይቱ የግብፅ ምድር ባሉት ሰዎች፣ በእንስሳት እንዲሁም በምድሪቱ ላይ በሚበቅሉት ነገሮች ሁሉ ላይ በረዶ እንዲወርድ እጅህን ወደ ሰማይ አንሣ” አለው። 23ሙሴ በትሩን ወደ ሰማይ ባነሣ ጊዜ እግዚአብሔር (ያህዌ) ነጐድጓድና በረዶ አወረደ፤ መብረቅም በምድሪቱ ላይ ሆነ። እግዚአብሔር (ያህዌ) በግብፅ ምድር በረዶ አዘነበ፤ 24በረዶ ወረደ፤ መብረቅም አብረቀረቀ፤ ግብፅ ሐገር ከሆነችበት ዘመን አንሥቶ በምድሪቱ ሁሉ እንደዚህ ያለ አስከፊ ማዕበል ሆኖ አያውቅም። 25በመላው ግብፅ በረዶ በመስክ ላይ ያለውን ሁሉ፣ ሰዎችንና እንስሳትንም መታ፤ በመስክ ላይ የበቀለውን ሁሉ አጠፋ፤ ዛፉን ሁሉ ባዶ አስቀረ። 26በረዶ ያልወረደበት ቢኖር እስራኤላውያን የሚኖሩበት የጌሤም ምድር ብቻ ነበር።

27ከዚያም ፈርዖን ሙሴንና አሮንን አስጠራ፤ እንዲህም አላቸው፤ ‘አሁንስ በድያለሁ፤ እግዚአብሔር (ያህዌ) ትክክል ነው፤ እኔና ሕዝቤ ግን ስተናል። 28መብረቅና በረዶ በዝቶብናልና ወደ እግዚአብሔር (ያህዌ) ጸልዩልን፤ እንድትሄዱ እለቃችኋለሁ፤ ከዚህ በኋላ በዚህ የመኖር ግዴታ የለባችሁም።

29ሙሴም መልሶ፣ “ከከተማዋ በወጣሁ ጊዜ፣ እጆቼን ለጸሎት ወደ እግዚአብሔር (ያህዌ) እዘረጋለሁ፤ አንተም ምድር የእግዚአብሔር (ያህዌ) እንደሆነች ታውቅ ዘንድ መብረቁ ያቆማል፤ ከእንግዲህ በኋላ በረዶ አይኖርም። 30ሆኖም አንተና ሹማምትህ አሁንም ቢሆን እግዚአብሔር (ያህዌ) አምላክን እንደማትፈሩ ዐውቃለሁ።

31ተልባው አብቦ፣ ገብሱም ፍሬ ይዞ ስለ ነበር፣ ተልባውና ገብሱ ከጥቅም ውጭ ሆኑ። 32ስንዴውና አጃው ግን በዚያ ወቅት ባለማፍራቱ አልጠፋም ነበር።

33ከዚያም ሙሴ ከፈርዖን ተለይቶ ከከተማው ወጣ። እጁን ወደ እግዚአብሔር (ያህዌ) ዘረጋ፤ ነጎድጓዱና በረዶው ቆመ፤ ዝናቡም በምድሪቱ ላይ መዝነቡን አቆመ። 34ፈርዖንም ዝናቡ፣ በረዶውና ነጎድጓዱ መቆሙን ባየ ጊዜ እንደ ገና በደለ፤ እርሱና ሹማምቶቹ ልባቸውን አደነደኑ። 35ስለዚህ የፈርዖን ልብ ደነደነ፤ እግዚአብሔር (ያህዌ) ለሙሴ እንደ ተናገረውም እስራኤላውያን ይሄዱ ዘንድ አልለቀቃቸውም።

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 9:1-35

Nyɛmmoa Wuo

1Awurade hyɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no pɛ sɛ wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no.” 2Sɛ wampene a, 3Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa. 4Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu.

5Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa sɛ adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so. 6Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare. 7Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ sɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.

8Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem wɔ Farao anim. 9Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”

10Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. 11Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri sɛ, na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. 12Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

Asukɔtweaa

13Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. 14Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu sɛ, Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. 15Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa. 16Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa. 17Woayɛ kyɛnkyerɛnn wɔ me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ. 18Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano yɛ den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ. 19Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn kɔ adidi no mmra efie. Ɛfiri sɛ, asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa.”

20Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie. 21Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn.

22Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so.” 23Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ. 24Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da. 25Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ. 26Baabi a ampariboɔ no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfoɔ no te hɔ.

27Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so. 28Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”

29Mose kaa sɛ, “Sɛ mefiri kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. 30Nanso, menim yie sɛ wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma.”

31Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa. 32Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri sɛ, na ɛmfifiriɛ.

33Enti Mose firii Farao anim wɔ kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee tɔ. 34Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu sɛ biribiara ayɛ yie wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. 35Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.