New Amharic Standard Version

ኢያሱ 24:1-33

ቃል ኪዳኑ በሴኬም ታደሰ

1ከዚያም ኢያሱ የእስራኤልን ነገዶች ሁሉ በሴኬም ሰበሰበ፤ የእስራኤልንም ሽማግሌዎች፣ መሪዎች፣ ፈራጆችና ሹማምት ጠራ፤ እነርሱም በእግዚአብሔር ፊት ቆሙ።

2ኢያሱም ሕዝቡን ሁሉ እንዲህ አላቸው፤ “የእስራኤል አምላክ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ‘የቀድሞ አባቶቻችሁ፣ የአብርሃምንና የናኮርን አባት ታራን ጨምሮ ከብዙ ዘመን በፊት ከወንዙ ማዶ ኖሩ24፥2 በዚህ እንዲሁም ቍጥር 3፡14 እና 15 ላይ የተጠቀሰው የኤፍራጥስ ወንዝ ነው።፤ ሌሎችንም አማልክት አመለኩ። 3እኔ ግን አባታችሁን አብርሃምን ከወንዙ ማዶ ካለው ምድር አምጥቼ፣ በከነዓን ምድር ሁሉ መራሁት፤ ዘሮቹን አበዛሁለት፤ ይስሐቅንም ሰጠሁት። 4ለይስሐቅ ያዕቆብንና ዔሳውን ሰጠሁት፤ ለዔሳውም ኰረብታማውን የሴይርን ምድር ርስት አድርጌ ሰጠሁት፤ ያዕቆብና ልጆቹ ግን ወደ ግብፅ ወረዱ።

5“ ‘ከዚያም ሙሴንና አሮንን ላክሁ፤ ባመጣሁት መቅሰፍት ግብፃውያንን አስጨንቄ፣ እናንተን ከዚያ አወጣኋችሁ። 6አባቶቻችሁን ከግብፅ ባወጣኋቸው ጊዜ፣ ወደ ባሕሩ መጣችሁ፤ ግብፃውያንም በሠረገሎችና24፥6 ወይም ሠረገለኞች ተብሎ መተርጐም ይቻላል። በፈረሰኞች እስከ ቀይ ባሕር24፥6 ዕብራይስጡ ያም ሳውፍ ይላል፤ ይኸውም የደንገል ባሕር ማለት ነው። ድረስ ተከታተሏቸው። 7እነርሱ ግን ወደ እግዚአብሔር ጮኹ፤ እርሱም በእናንተና በግብፃውያን መካከል ጨለማ እንዲሆን አደረገ። ባሕሩን በላያቸው አመጣ፤ አሰጠማቸውም። በግብፃውያን ላይ ያደረግሁትንም ራሳችሁ በዐይናችሁ አያችሁ፤ በምድረ በዳም ብዙ ጊዜ ኖራችሁ።

8“ ‘በምሥራቅ ዮርዳኖስ ወደሚኖሩት ወደ አሞራውያን ምድር አመጣኋችሁ፤ እነርሱ ወጓችሁ፤ እኔ ግን አሳልፌ በእጃችሁ ሰጠኋቸው፤ ከፊታችሁ አጠፋኋቸው፤ እናንተም ምድራቸውን ወረሳችሁ። 9የሞዓብ ንጉሥ የሴፎር ልጅ ባላቅ፣ እስራኤልን ለመውጋት ተነሣ፣ እናንተንም መጥቶ ይረግማችሁ ዘንድ ወደ ቢዖር ልጅ ወደ በለዓም መልእክተኛ ላከ፤ 10እኔ ግን በለዓምን ልሰማው አልፈለግሁም፤ ስለዚህ ደግሞ ደጋግሞ መረቃችሁ፤ እኔም፤ ከባላቅ እጅ ታደግኋችሁ።

11“ ‘ከዚያም ዮርዳኖስን ተሻገራችሁ፤ ወደ ኢያሪኮ መጣችሁ፤ አሞራውያን፣ ፌርዛውያን፣ ከነዓናውያን፣ ኬጢያውያን፣ ጌርጌሳውያን፣ ኤዊያውያንና ኢያቡሳውያን እንደ ወጓችሁ ሁሉ፤ የኢያሪኮም ነዋሪዎች ወጓችሁ። 12በፊታችሁ ተርብ ላክሁ፤ ይህም እነርሱንና ሁለቱን የአሞራውያን ነገሥታት ጭምር ከፊታችሁ አሳደደ፤ ይህ ደግሞ በራሳችሁ ሰይፍና ቀስት ያደረጋችሁት አይደለም። 13ስለዚህ ያልደከማችሁበትን ምድርና ያልሠራችኋቸውን ከተሞች ሰጠኋችሁ፤ እነሆ፣ በከተሞቹ ትኖራላችሁ፤ ካልተከላችሁት የወይን ተክልና የወይራ ዛፍ ትበላላችሁ።’

14“አሁንም እግዚአብሔርን ፍሩ፤ በፍጹም ታማኝነትም ተገዙለት። የቀድሞ አባቶቻችሁ ከወንዙ ማዶና በግብፅ ያመለኳቸውን አማልክት ከእናንተ አርቁ፤ እግዚአብሔርን ብቻ አምልኩ። 15እግዚአብሔርን ማምለክ የማያስፈልግ መስሎ ከታያችሁ ግን፣ የቀድሞ አባቶቻችሁ ከወንዙ ማዶ ካመለኳቸው አማልክት ወይም በምድራቸው የምትኖሩባቸው አሞራውያን ከሚያመልኳቸው አማልክት ታመልኩ እንደሆነ የምታመልኩትን ዛሬውኑ ምረጡ፤ እኔና ቤቴ ግን እግዚአብሔርን እናመልካለን።”

16ከዚያም ሕዝቡ እንዲህ ሲል መለሰ፤ “ሌሎችን አማልእክት ለማምለክ ብለን እግዚአብሔርን መተው ከእኛ ይራቅ። 17እኛንና የቀደሙ አባቶቻችንን ከዚያ ከጦርነት ምድር ከግብፅ ያወጣን፣ በፊታችንም እነዚያን ታላላቅ ምልክቶች ያደረገ ማነው? ራሱ አምላካችን እግዚአብሔር አይደለምን? በጒዞአችን ላይና ባለፍንባቸውም ሕዝቦች ሁሉ ዘንድ የጠበቀን እርሱ ነው። 18እንዲሁም እግዚአብሔር በምድሪቱ የሚኖሩትን አሞራውያንን ጨምሮ ሕዝቦችን ሁሉ ከፊታችን አሳደደ፤ ስለዚህ እኛም እግዚአብሔርን እናመልካለን፤ አምላካችን ነውና።”

19ኢያሱም ሕዝቡን እንዲህ አለ፤ “እግዚአብሔርን ማምለክ አትችሉም፤ እርሱ ቅዱስ አምላክና፤ ቀናተኛም አምላክ ነው፤ ዐመፃችሁን ወይም ኀጢአታችሁን ይቅር አይልም። 20እግዚአብሔርን ትታችሁ ባዕዳን አማልክትን የምታመልኩ ከሆነ፣ መልካም ነገር ካደረገላችሁ በኋላ ተመልሶ ክፉ ነገር ያደርግባችኋል፤ ያጠፋችኋልም።”

21ሕዝቡ ግን ኢያሱን፣ “የለም! እኛ እግዚአብሔርን እናመልካለን” አሉት።

22ከዚያም ኢያሱ፣ “እንግዲህ እግዚአብሔርን ለማምለክ መርጣችኋልና በራሳችሁ ላይ ምስክሮች ናችሁ” አላቸው።

እነርሱም፣ “አዎን ምስክሮች ነን” ሲሉ መለሱ።

23ኢያሱም፣ “እንግዲህ በመካከላችሁ ያሉትን ባዕዳን አማልክት አስወግዱ፤ ልባችሁንም ወደ እስራኤል አምላክ ወደ እግዚአብሔር መልሱ” አላቸው።

24ሕዝቡም ኢያሱን፣ “እኛ አምላካችንን እግዚአብሔርን እናመልካለን፤ እንታዘዝለታለንም” አሉት።

25በዚያን ቀን ኢያሱ ከሕዝቡ ጋር ቃል ኪዳን አደረገ፤ የሚመሩበትንም ደንብና ሥርዐት እዚያው ሴኬም ሰጣቸው። 26ኢያሱም እነዚህን ቃሎች በእግዚአብሔር የሕግ መጽሐፍ ጻፋቸው፤ ትልቅ ድንጋይም ወስዶ በባሉጥ ዛፍ ሥር፣ በተቀደሰው በእግዚአብሔር ስፍራ አጠገብ አቆመው።

27ኢያሱም ሕዝቡን ሁሉ፣ “እነሆ፤ ይህ ድንጋይ፣ እግዚአብሔር የተናገረንን ሁሉ ሰምቶአል፣ በእኛም ይመሰክርብናል፤ እናንተም በአምላካችሁ ዘንድ እውነተኞች ሆናችሁ ባትገኙ ምስክር ይሆንባችኋል” አላቸው።

ኢያሱ በተሰፋዪቱ ምድር ተቀበረ

24፥29-31 ተጓ ምብ – መሳ 2፥6-9

28ከዚያም ኢያሱ ሕዝቡን ሁሉ ወደየርስቱ እንዲሄድ አሰናበተ።

29ከዚህ በኋላ የእግዚአብሔር ባሪያ የነዌ ልጅ ኢያሱ በመቶ ዐሥር ዓመቱ ሞተ። 30በኰረብታማው በኤፍሬም አገር በምትገኘው፣ ከገዓስ ተራራ በስተ ሰሜን ባለችው በራሱ ርስት በተምናሴራ ቀበሩት።

31ኢያሱ በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ፣ ከኢያሱም በኋላ በሕይወት በኖሩትና እግዚአብሔር ለእስራኤል ያደረገውን ሁሉ በሚያውቁት ሽማግሌዎች ዘመን ሁሉ እስራኤላውያን እግዚአብሔርን አመለኩ።

32እስራኤላውያን ከግብፅ ያወጡት የዮሴፍ ዐፅም፣ ያዕቆብ ከሰኬም አባት ከኤሞር በመቶ ሰቅል24፥32 ዕብራይስጡ እንድ መቶ ከሲታሃስ ይላል፤ ክብደቱና ዋጋው በትክክል የማይታወቅ የገንዘብ ዐይነት ነው። ብር በገዛው በሴኬም ምድር ተቀበረ፤ ይህችም የዮሴፍ ዘሮች ርስት ሆነች።

33እንዲሁም የአሮን ልጅ አልዓዛር ሞተ፤ እርሱም በኰረብታማው በኤፍሬም አገር በሚገኘው ለልጁ ለፊንሐስ በዕጣ በደረሰው በጊብዓ ምድር ተቀበረ።

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 24:1-33

Wɔti Awurade Apam No Mu

1Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.

2Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Eufrate agya nohoa na wɔsomm anyame foforɔ. 3Nanso, mefaa mo agya Abraham firii asase a ɛda Eufrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefoɔ dɔɔso. 4Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔman no maa Esau, ɛnna Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.

5“Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie. 6Ɛberɛ a mo agyanom duruu Ɛpo Kɔkɔɔ ho no, Misraimfoɔ no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafoɔ taa wɔn. 7Mosu frɛɛ Awurade no, mede esum bɛtoo mo ne Misraimfoɔ no ntam, memaa Ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mode mo ani hunuu deɛ meyɛeɛ. Afei motenaa ɛserɛ so mfeɛ bebree.

8“Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase. 9Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo. 10Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam.

11“Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim. 12Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim. 13Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ.

14“Enti, monni Awurade ni, na momfa mo akoma nyinaa nsom no. Monto ahoni a mo agyanom somee no wɔ ɛberɛ a na wɔte Asubɔnten Eufrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom Awurade nko ara. 15Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade.”

16Na ɔman no buaa sɛ, “Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforɔ. 17Ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so wɔ yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban. 18Ɛyɛ Awurade na ɔpamoo Amorifoɔ ne aman foforɔ a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔno nko ne yɛn Onyankopɔn.”

19Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron ne ninkunfoɔ Onyankopɔn. Ɔremfa mo atuateɛ ne mo bɔne nkyɛ mo. 20Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforɔ a, ɔbɛdane atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yie.”

21Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”

22Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom Awurade.”

Wɔbuaeɛ sɛ, “Aane, yɛbɛbu ho akonta.”

23Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade, Israel Onyankopɔn so.”

24Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom Awurade, yɛn Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama ɔno nko ara.”

25Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam. 26Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ.

27Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.”

28Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.

Yosua Wuo

29Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne edu. 30Wɔsiee no wɔ nʼagyapadeɛ asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, wɔ Gaas Bepɔ atifi fam.

31Na Israel somm Awurade wɔ Yosua, ne mpanimfoɔ a wɔanyinyini sene noɔ a wɔhunuu deɛ Awurade yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu.

32Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.

33Aaron babarima Eleasa nso wuiɛ. Wɔsiee no wɔ Efraim bepɔ asase no so wɔ Gibea kuro no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.