New Amharic Standard Version

ኢያሱ 22:1-34

ከዮርዳኖስ በስተ ምሥራቅ ርስት ያገኙ ነገዶች ወደ ቤታቸው ተመለሱ

1በዚህ ጊዜ ኢያሱ የሮቤልንና የጋድን ነገዶች፣ እንዲሁም የምናሴን ነገድ እኩሌታ ጠርቶ፣ 2እንዲህ አላቸው፤ “የእግዚአብሔር ባሪያ ሙሴ ያዘዘውን ሁሉ ጠብቃችኋል፤ እኔም ያዘዝኋችሁን በሙሉ ፈጽማችኋል፤ 3ከረጅም ጊዜ ጀምሮ እስከ ዛሬ ድረስ ወንድሞቻችሁን አልተዋችሁም፤ አምላካችሁ እግዚአብሔር የሰጣችሁን ተልእኮ በሚገባ ተወጥታችኋል። 4አሁንም አምላካችሁ እግዚአብሔር በሰጣችሁ ተስፋ መሠረት ወንድሞቻችሁን አሳርፎአቸዋል፤ ስለዚህ የእግዚአብሔር ባሪያ ሙሴ ከዮርዳኖስ ማዶ ርስት አድርጎ በሰጣችሁ ምድር ወዳለው ቤታችሁ ተመለሱ። 5የእግዚአብሔር ባሪያ ሙሴ፣ አምላካችሁን እግዚአብሔርን እንድትወዱ፣ በመንገዱ ሁሉ እንድትሄዱ፣ ትእዛዙን እንድትፈጽሙ፣ እርሱንም አጥብቃችሁ እንድትይዙት እንዲሁም በፍጹም ልባችሁ፣ በፍጹም ነፍሳችሁ እንድታገለግሉት የሰጣችሁን ትእዛዙንና ሕጉን ነቅታችሁ ጠብቁ።”

6ከዚያም ኢያሱ መርቆ አሰናበታቸው፤ እነርሱም ወደ ቤታቸው ተመለሱ። 7ሙሴ ለምናሴ ነገድ እኩሌታ በባሳን ምድር ርስት ሰጥቶአቸው ነበር፤ ለቀረው እኩሌታ ደግሞ ኢያሱ ከዮርዳኖስ በስተ ምዕራብ ከወንድሞቻቸው ጋር ርስት ሰጣቸው። ኢያሱ ወደ ቤታቸው እንዲገቡ ባሰናበታቸው ጊዜ መረቃቸው፤ 8እንዲህም አላቸው፤ “ብዙ ሀብት ይዛችሁ ማለትም አያሌ የከብት መንጋ፣ ብርና ወርቅ፣ ናስና ብረት እንዲሁም ቊጥሩ እጅግ የበዛ ልብስ ይዛችሁ ወደ ቤታችሁ ተመለሱ፤ ከጠላት የተገኘውንም ይህን ምርኮ ከወንድሞቻችሁ ጋር ተካፈሉት” አላቸው።

9ስለዚህ የሮቤልና የጋድ ነገዶች እንዲሁም የምናሴ ነገድ እኩሌታ እስራኤላውያንን ከነዓን ውስጥ ባለችው በሴሎ ትተው፣ በእግዚአብሔር ትእዛዝ በሙሴ አማካይነት ወደ ተቀበሏት ርስታቸው፣ ወደ ገለዓድ ምድር ተመለሱ።

10የሮቤልና የጋድ እንዲሁም የምናሴ ነገድ እኩሌታ በከነዓን ምድር ወዳለችው፣ ዮርዳኖስ አጠገብ ወደምትገኘው ገሊሎት ወደተባለች ስፍራ ሲደርሱ በወንዙ አጠገብ ግዙፍ መሠዊያ ሠሩ። 11የእስራኤላውያን ይዞታ በሆነችው በከነዓናውያን ምድር ወሰን በገሊሎት ላይ መሠዊያ መሥራታቸውን፣ ሌሎቹ እስራኤላውያን በሰሙ ጊዜ፣ 12በእነርሱ ላይ ለመዝመት፣ የእስራኤል ማኅበር ሁሉ በሴሎ ተሰበሰቡ።

13ስለዚህም እስራኤላውያን የካህኑ የአልዓዛርን ልጅ ፊንሐስን በገለዓድ ምድር ወደሚኖሩት ወደ ሮቤልና ወደ ጋድ እንዲሁም ወደ ምናሴ ነገድ እኩሌታ ላኩ፤ 14ከእርሱም ጋር እያንዳንዱን የእስራኤልን ነገድ የሚወክሉ ዐሥር አለቆች አብረው ላኩ፤ እነዚህም እያንዳንዳቸው ከእስራኤላውያን ጐሣዎች የተውጣጡ የየቤተ ሰቡ አለቆች ነበሩ።

15እነርሱም በገለዓድ ምድር ወዳሉት ወደ ሮቤላውያን፣ ወደ ጋዳውያንና ወደ ምናሴ ነገድ እኩሌታ ሄደው እንዲህ አሏቸው፤ 16“መላው የእግዚአብሔር ጉባኤ እንዲህ ይላል፤ ‘በእስራኤል አምላክ ላይ እንዲህ ያለ ክህደት የፈጸማችሁት ለምንድን ነው? እግዚአብሔርን ከመከተልስ እንዴት ወደ ኋላ ትላላችሁ? እንዴትስ ዛሬ በእግዚአብሔር ላይ ዐምፃችሁ ለራሳችሁ መሠዊያ ትሠራላችሁ? 17በፌጎር የተሠራው ኀጢአት አይበቃንምን? ምንም እንኳ በእግዚአብሔር ጉባኤ ላይ መቅሠፍት ቢወርድም፣ እስከ ዛሬዪቱ ዕለት ድረስ ራሳችንን ከዚያች ኀጢአት አላነጻንም። 18እናንተ፣ አሁንም እግዚአብሔርን ከመከተል ወደ ኋላ ትላላችሁን?

“ ‘ዛሬ እናንተ በእግዚአብሔር ላይ ብታምፁ፣ እርሱ ደግሞ ነገ በመላው እስራኤል ጉባኤ ላይ ይቈጣል። 19የወረሳችኋት ምድር ረክሳ እንደሆነ፣ የእግዚአብሔር ማደሪያ ወደ ተተከለበት ወደ እግዚአብሔር ምድር መጥታችሁ ከእኛ ጋር ርስት ተካፈሉ፤ ነገር ግን ከአምላካችን ከእግዚአብሔር መሠዊያ በስተቀር ሌላ መሠዊያ ሠርታችሁ በእግዚአብሔርም ሆነ በእኛ ላይ አታምፁ። 20የዛራ ልጅ አካን፣ እርም የሆነውን ነገር በመውሰድ ኀጢአት ስለ ሠራ፣ በመላው የእስራኤል ጉባኤ ላይ ቍጣ አልመጣምን? በሠራው ኀጢአት የሞተውም22፥20 የዕብራይስጡ ቃል አንድን ሰው ወይም ነገር ሙሉ በሙሉ በማጥፋት ለእግዚአብሔር መስጠት ማለት ነው። እርሱ ብቻ አልነበረም።”

21ከዚያም የሮቤልና የጋድ ነገዶች እንዲሁም የምናሴ ነገድ እኩሌታ ለእስራኤል ጐሣ መሪዎች እንዲህ ሲሉ መለሱላቸው፤ 22“ኀያሉ አምላክ፣ እግዚአብሔር! ኀያሉ አምላክ፤ እግዚአብሔር! እርሱ ያውቃል! እስራኤልም ይህን ይወቅ! ይህ የተደረገው በማመፅ ወይም ለእግዚአብሔር ባለመታዘዝ ከሆነ፣ ዛሬ አትማሩን! 23መሠዊያውን የሠራነው እግዚአብሔርን ከመከተል ወደ ኋላ ለማለት፣ የሚቃጠል መሥዋዕትና የእህል ቊርባን ልናሳርግበት ወይም የኅብረት መሥዋዕት22፥23 በዚህና በቍጥር 27 ላይ በትውፊት የሰላም መሥዋዕት በመባል ይታወቃል። ልናቀርብበት አስበን ከሆነ፣ ራሱ እግዚአብሔር ይበቀለን።

24“እኛማ ይህን ያደረግነው፣ ወደ ፊት ዘሮቻችሁ ለዘሮቻችን እንዲህ እንዳይሏቸው ፈርተን ነው፤ “ከእስራኤል አምላክ ከእግዚአብሔር ጋር ምን ግንኙነት አላችሁ? 25እናንት የሮቤልና የጋድ ልጆች፤ እግዚአብሔር ዮርዳኖስን በመካከላችን መለያ ድንበር ስላደረገው፣ ከእግዚአብሔር ዘንድ ድርሻ የላችሁም።’ ስለዚህ ዘሮቻችሁ፣ የእኛ ዘር እግዚአብሔርን እንዳይፈራ ሊያደርጉ ይችላሉ።

26“እኛም ‘እንነሣና መሠዊያ እንሥራ፤ የምንሠራው መሠዊያ ግን ለሚቃጠል መሥዋዕት ወይም ለሌላ መሥዋዕት ማቅረቢያ አይውልም’ ያልነው ለዚህ ነው። 27በሌላም በኩል የሚቃጠል መሥዋዕታችንን፣ ሌላውን ቊርባናችንንና የኅብረት መሥዋዕታችንን ይዘን በተቀደሰው ስፍራ እግዚአብሔርን እንደምናመልክ መሠዊያው በእኛና በእናንተ እንዲሁም በሚቀጥሉት ትውልዶች መካከል ምስክር ይሆናል። ስለዚህ ወደ ፊት ዘሮቻችሁ ዘሮቻችንን፣ ‘ከእግዚአብሔር ዘንድ ድርሻ የላችሁም’ ሊሏቸው አይችሉም።

28“እኛም፣ ‘ወደ ፊት እኛንም ሆነ ዘሮቻችንን እንዲህ የሚሉ ከሆነ፣ “እነሆ፤ አባቶቻችን የሠሩትን የእግዚአብሔርን መሠዊያ ምሳሌ ተመልከቱ፤ ይህ በእኛና በእናንተ መካከል ምስክር እንዲሆን እንጂ፣ ለሚቃጠል መሥዋዕትና ለሌላ መሥዋዕት ማቅረቢያ አይደለም ብለን እንመልሳለን’ ” አልን። 29“በማደሪያው ድንኳን ፊት ካለው ከእግዚአብሔር መሠዊያ ሌላ፣ ለሚቃጠል መሥዋዕት ወይም ለእህል ቊርባን እንዲሁም ለሌላ መሥዋዕት ማቅረቢያ የሚሆን መሠዊያ በመሥራት ዛሬ በእግዚአብሔር ላይ እናምፅን? እርሱን ማምለካችንንም እንተውን? ይህ ከእኛ ይራቅ!”

30ካህኑ ፊንሐስና የእስራኤላውያን የጐሣ መሪዎች የነበሩት የማኅበረ ሰቡ አለቆች የሮቤል፣ የጋድና የምናሴ ወገኖች ያሉትን በሰሙ ጊዜ ተደሰቱ። 31የካህኑ የአልዓዛር ልጅ ፊንሐስም፣ የሮቤልን የጋድንና የምናሴን ወገኖች “በዚህ ነገር እግዚአብሔርን አልበደላችሁምና፣ እግዚአብሔር ከእኛ ጋር መሆኑን ዛሬ ዐውቀናል፤ እነሆ እስራኤላውያንን ከእግዚአብሔር እጅ አድናችኋል” አላቸው።

32ከዚያም የካህኑ የአልዓዛር ልጅ ፊንሐስና መሪዎቹ፣ ከሮቤልና ከጋድ ወገኖች ጋር በገለዓድ ምድር ከተነጋገሩ በኋላ፣ ወደ ከነዓን ተመልሰው፣ ሁኔታውን ለእስራኤላውያን ነገሩ። 33እስራኤላውያንም ይህን ሲሰሙ ደስ ብሎአቸው እግዚአብሔርን አመሰገኑ፤ ከዚያም የሮቤልና የጋድ ወገኖች የሚኖሩበትን አገር በጦርነት ለማጥፋት የመሄድን ነገር አላነሡም።

34የሮቤልና የጋድ ወገኖችም፣ እግዚአብሔር አምላክ ለመሆኑ፣ ይህ በመካከላችን ምስክር ነው፤ በማለት መሠዊያውን “ምስክር” ብለው ጠሩት።

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 22:1-34

Apueeɛ Fam Mmusuakuo No Sane Ba Efie

1Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nyinaa. 2Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moayɛ sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. 3Ɛwom sɛ dwumadie no agye berɛ tenten bi deɛ, nanso moampa mmusuakuo a aka no akyi. Moato mo bo ase adi mmara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛ maa mo no so de abɛsi ɛnnɛ. 4Na seesei Awurade, mo Onyankopɔn ama mmusuakuo a aka no ahomegyeɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti, monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no so. 5Monhwɛ yie na monni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monnante nʼakwan nyinaa so, monni nʼahyɛdeɛ so, monni no nokorɛ na momfa mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.”

6Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. 7Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no maa Manase abusuakuo fa no. Abusuakuo no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔeɛ fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ɔhyiraa wɔn, 8kaa sɛ, “Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”

9Enti, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyaa Israelfoɔ nkaeɛ no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wɔhyɛɛ wɔn akwantuo ase sɛ wɔresane akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dada a Awurade hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so.

10Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no. 11Israelfoɔ a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔrebukyia wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, wɔ Kanaan asase so no, 12wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom.

13Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtuu nnipa a ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wɔtwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no rekɔkasa. 14Nnipa a wɔtuu wɔn no yɛ mpanimfoɔ edu a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuo edu no mu baako, na ɔsane yɛ ɔkandifoɔ ma Israel mmusua no mu baako.

15Na wɔduruu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sɛ, 16Awurade asafokuo nyinaa pɛ sɛ wɔhunu deɛ enti a moredi Israel Onyankopɔn no hwammɔ. Adɛn enti na motumi dane mo ho firi Awurade ho, kɔsi afɔrebukyia de tia no? 17Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no nnɔɔso mmaa yɛn anaa? Yɛnnwiraa yɛn ho mfirii ho, ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ Awurade asafokuo no nyinaa so akyi no mpo. 18Nanso ɛnnɛ yi, moretwe mo ho afiri Awurade ho sɛ morenni nʼakyi?

“ ‘Sɛ mosɔre tia Awurade ɛnnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu yɛn nyinaa. 19Sɛ mosusu sɛ efi aka mo asase enti afɔrebukyia ho hia mo a, ɛnneɛ mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a Awurade ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefie na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre nntia Awurade na mommfa afɔrebukyia foforɔ a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuateɛ mu. Awurade, yɛn Onyankopɔn nokorɛ afɔrebukyia yɛ baako pɛ. 20Ɛberɛ a Akan a ɔfiri Serah abusua mu nam korɔno a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama Awurade, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfoɔ nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛsiane bɔne no enti ɔwuiɛ.’ ”

21Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no buaa mpanimfoɔ no sɛ, 22Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔrebukyia no sɛ yɛde retia Awurade. Sɛ saa na yɛayɛ a, ɛnnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso Awurade nim na Israel nyinaa nso nhunu sɛ, 23yɛnnsii afɔrebukyia mmaa yɛn ho sɛ yɛrefiri Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so nso. Sɛ yei enti na yɛsii afɔrebukyia no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.

24“Yɛasi saa afɔrebukyia yi, ɛfiri sɛ yɛsuro sɛ daakye bi mo asefoɔ bɛbisa yɛn asefoɔ sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom Awurade, Israel Onyankopɔn? 25Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfoɔ ne ne nkurɔfoɔ ntam ɛhyeɛ. Monni kyɛfa wɔ Awurade mu!’ Enti, mo asefoɔ bɛma yɛn asefoɔ agyae Awurade som.

26“Ɛno enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsi afɔrebukyia, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, 27na mmom sɛ nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no sɛ, ‘Monni kyɛfa wɔ Awurade mu.’

28“Sɛ wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka sɛ, ‘Monhwɛ Awurade afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’

29“Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no.”

30Ɔsɔfoɔ Pinehas ne mpanimfoɔ edu no tee nsɛm yi firii Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 31Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn sɛ, “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ, monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka Awurade de reba wɔn so.”

32Afei, Pinehas, ɔsɔfoɔ Eleasa babarima ne mpanimfoɔ edu no firii Ruben ne Gad mmusuakuo no nkyɛn wɔ Gilead sane kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfoɔ no amaneɛ. 33Na Israelfoɔ no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, wɔyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio.

34Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ too afɔrebukyia no edin sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Onyankopɔn.