New Amharic Standard Version

ሐዋርያት ሥራ 5:1-42

ሐናንያና ሰጲራ

1ሐናንያ የተባለ ሰው፣ ከሚስቱ ከሰጲራ ጋር መሬት ሸጠ፤ 2ሚስቱም በሚገባ እያወቀች ከሽያጩ የተወሰነ ገንዘብ በማስቀረት የተረፈውን አምጥቶ በሐዋርያት እግር ሥር አስቀመጠ።

3ጴጥሮስ ግን እንዲህ አለ፤ “ሐናንያ ሆይ፤ መንፈስ ቅዱስን ትዋሽና ከመሬቱ ሽያጭ ታስቀር ዘንድ ሰይጣን ልብህን ለምን ሞላው? 4ሳትሸጠው በፊት የአንተው አልነበረምን? ከሸጥኸውስ በኋላ ቢሆን ገንዘቡ በእጅህ አልነበረምን? ለመሆኑ ይህን ነገር እንዴት በልብህ አሰብህ? የዋሸኸው እኮ እግዚአብሔርን እንጂ ሰውን አይደለም።”

5ሐናንያም ይህን እንደ ሰማ ወድቆ ሞተ፤ ይህን የሰሙትም ሁሉ ታላቅ ፍርሀት ያዛቸው። 6ጒልማሶችም ተነሥተው አስከሬኑን ገነዙት፤ ወስደውም ቀበሩት።

7ሦስት ሰዓት ያህልም ካለፈ በኋላ፣ ሚስቱ የሆነውን ሳታውቅ መጥታ ገባች። 8ጴጥሮስም፣ “እስቲ ንገሪኝ፤ መሬታችሁን የሸጣችሁት በዚህ ዋጋ ነውን?” አላት።

እርሷም፣ “አዎን፤ በዚሁ ዋጋ ነው” አለች።

9ጴጥሮስም፣ “የጌታን መንፈስ ትፈታተኑ ዘንድ እንዴት እንዲህ ተስማማችሁ? እነሆ፤ ባልሽን የቀበሩት ሰዎች ተመልሰው እግራቸው ደጃፍ ላይ ነው፤ አንቺንም ይዘው ይወጣሉ” አላት።

10እርሷም ወዲያውኑ እግሩ ሥር ወድቃ ሞተች፤ ጒልማሶቹም ሲገቡ ሞታ አገኟት፤ አውጥተውም በባሏ አጠገብ ቀበሯት። 11መላዪቱን ቤተ ክርስቲያንና ይህን የሰሙትን ሁሉ፣ ታላቅ ፍርሀት ያዛቸው።

በሐዋርያት እጅ ብዙ ሰው ተፈወሰ

12ሐዋርያትም በሕዝቡ መካከል ብዙ ታምራዊ ምልክቶችንና ድንቅ ሥራዎችን አደረጉ፤ አማኞቹም ሁሉ ‘የሰሎሞን ደጅ’ በተባለው መመላለሻ ይሰበሰቡ ነበር። 13ከእነርሱ ጋር ሊቀላቀል የደፈረ ማንም አልነበረም፤ ሆኖም ሕዝቡ እጅግ ያከብሯቸው ነበር፤ 14ብዙ ወንዶችና ሴቶችም ከጊዜ ወደ ጊዜ በጌታ እያመኑ ወደ እነርሱ ይጨመሩ ነበር። 15ከዚህም የተነሣ፣ ጴጥሮስ በዚያ ሲያልፍ፣ ቢያንስ ጥላው እንኳ በጥቂቶች ላይ እንዲያርፍባቸው በማለት ሕመምተኞችን ወደ ውጭ እያወጡ በዐልጋና በቃሬዛ በመንገድ ላይ ያስተኙ ነበር። 16በኢየሩሳሌም አካባቢ ከሚገኙ ከተሞች፣ ሕመምተኞችንና በርኵሳን5፥16 ወይም በክፉ መናፍስት የሚሠቃዩትን ይዘው የሚመጡት ሰዎች አካባቢውን ያጨናንቁት ነበር፤ የመጡትም ሁሉ ይፈወሱ ነበር።

ሐዋርያት መከራና ስደት ደረሰባቸው

17ከዚህም የተነሣ ሊቀ ካህናቱና አብረውት የነበሩት የሰዱቃውያን ወገን ሁሉ በቅናት ተሞሉ፤ 18ሐዋርያትንም ይዘው ማረፊያ ቤት ከተቷቸው። 19ይሁን እንጂ የጌታ መልአክ በሌሊት የእስር ቤቱን ደጆች ከፍቶ አወጣቸውና፣ 20“ሂዱ፤ በቤተ መቅደሱም አደባባይ ቁሙ፤ የዚህንም ሕይወት ቃል ሁሉ ለሕዝብ ንገሩ” አላቸው።

21እንደ ነጋም፣ በተነገራቸው መሠረት፣ ወደ ቤተ መቅደሱ አደባባይ ገብተው ሕዝቡን ማስተማር ጀመሩ።

ሊቀ ካህናቱና ከእርሱ ጋር የነበሩት መጥተው የአይሁድን ሸንጎና የእስራኤልን ሽማግሌዎች ጉባኤ በሙሉ በአንድነት ሰበሰቡ፤ ሐዋርያትንም እንዲያመጡ ሰዎችን ወደ እስር ቤት ላኩ። 22የተላኩትም ወደ እስር ቤቱ ሄደው በዚያ አላገኟቸውም፤ ተመልሰውም እንዲህ አሏቸው፤ 23“እስር ቤቱ በሚገባ ተልፎ፣ ጠባቂዎቹም በበሩ ላይ ቆመው አገኘን፤ ከፍተን ስንገባ ግን በውስጡ ማንም አልነበረም።” 24የቤተ መቅደሱ ጥበቃ ሹምና የካህናት አለቆችም ይህን በሰሙ ጊዜ በነገሩ ተገረሙ፤ ግራም ተጋቡ።

25በዚህ ጊዜ አንድ ሰው መጥቶ፣ “እነሆ፤ እስር ቤት ያስገባችኋቸው ሰዎች በቤተ መቅደሱ አደባባይ ቆመው ሕዝቡን እያስ ተማሩ ናቸው” አላቸው። 26የጥበቃ ሹሙም ከወታደሮቹ ጋር ሄዶ፣ ይዞ አመጣቸው፤ ያመጧቸው ግን ሕዝቡ በድንጋይ እንዳይወግሯቸው ስለ ፈሩ በኀይል ሳያስገድዱ ነበር።

27ሐዋርያትንም አምጥተው በሸንጎው ፊት አቆሟቸው፤ ሊቀ ካህናቱም እንዲህ ሲል ጠየቃቸው፤ 28“በዚህ ስም እንዳታስተምሩ በጥብቅ አስጠንቅቀናችሁ ነበር፤ እናንተ ግን ኢየሩሳሌምን በትምህርታችሁ ሞላችኋት፤ ደግሞም እኛን ለዚህ ሰው ደም ተጠያቂዎች ልታደርጉን ቈርጣችሁ ተነሣችሁ።”

29ጴጥሮስና ሌሎች ሐዋርያትም መልሰው እንዲህ አሉ፤ “ከሰው ይልቅ ለእግዚአብሔር ልንታዘዝ ይገባል! 30እናንተ በዕንጨት ላይ ሰቅላችሁ የገደላችሁትን ኢየሱስን፣ የአባቶቻችን አምላክ ከሙታን አስነሣው፤ 31እርሱም ለእስራኤል ንስሓንና የኀጢአትን ስርየት ይሰጥ ዘንድ፣ እግዚአብሔር የሁሉ ራስና አዳኝ አድርጎ በቀኙ ከፍ ከፍ አደረገው። 32እኛም ለእነዚህ ነገሮች ምስክር ነን፤ ደግሞም እግዚአብሔር ለሚታዘዙት የሰጠው መንፈስ ቅዱስ ምስክር ነው።”

33ሰዎቹም ይህን በሰሙ ጊዜ ክፉኛ ተቈጡ፤ ሊገድሏቸውም ፈለጉ። 34ነገር ግን በሕዝቡ ሁሉ ዘንድ የተከበረ አንድ የሕግ መምህር፣ እርሱም ገማልያል የሚሉት ፈሪሳዊ ተነሥቶ በሸንጎው መካከል ቆመና ሐዋርያትን ወደ ውጭ አውጥተው ለጥቂት ጊዜ እንዲያዩአቸው አዘዘ፤ 35ለሸንጎውም እንዲህ አለ፤ “የእስራኤል ሰዎች ሆይ፤ በእነዚህ ሰዎች ላይ ልታደርጉ ስላሰባችሁት ነገር በጥንቃቄ ልታጤኑ ይገባችኋል። 36ከዚህ ቀደም፣ ቴዎዳስ ራሱን ትልቅ አድርጎ በመቍጠር ተነሥቶ፣ አራት መቶ ያህል ሰዎች ተባበሩት፤ ነገር ግን እርሱም ተገደለ፤ ተከታዮቹም ሁሉ ተበታተኑ፤ ነገሩም እንዳልነበር ሆነ። 37ከእርሱም በኋላ፣ በሕዝብ ቈጠራው ወቅት ገሊላዊው ይሁዳ ተነሥቶ ብዙ ሕዝብ አሸፈተ፤ ተከታይም አግኝቶ ነበር፤ እርሱም ጠፋ፤ ተከታዮቹም ተበተኑ። 38ስለዚህ አሁንም የምላችሁ፦ እነዚህን ሰዎች ተዉአቸው፤ አትንኳቸው፤ ሐሳባቸው ወይም አድራጎታቸው ከሰው ከሆነ ይጠፋልና፤ 39ከእግዚአብሔር ከሆነ ግን ልትገቷቸው አትችሉም፤ እንዲያውም ከእግዚአብሔር ጋር ስትጣሉ ትገኙ ይሆናል።”

40እነርሱም ምክሩን ተቀብለው፤ ሐዋርያትን አስጠርተው አስገረፏቸው፤ ዳግመኛም በኢየሱስ ስም እንዳይናገሩ አዘው ለቀቋቸው።

41ሐዋርያትም፣ ስለ ስሙ ውርደትን ለመቀበል በመብቃታቸው ደስ እያላቸው ከሸንጎው ወጥተው ሄዱ፤ 42በየዕለቱም፣ በቤተ መቅደስም ሆነ በየቤቱ፣ ኢየሱስ እርሱ ክርስቶስ5፥42 ወይም መሲሕ መሆኑን ከማስተማርና ከመስበክ ከቶ ወደ ኋላ አላሉም ነበር።

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 5:1-42

Anania Ne Safira

1Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. 2Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no.

3Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie? 4Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.”

5Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no. 6Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no.

7Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. 8Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.”

Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.”

9Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.”

10Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11Ehu kɛse bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm no.

Asomafo No Sa Nyarewa

12Na asomafo no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wohyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwonwade ahorow pii. 13Ɛwɔ mu sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafo no ho. 14Akyiri no, nnipa dodow a wogyee Awurade dii no bɛkaa agyidifo no ho. 15Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne akɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no ba ma wɔsaa wɔn nyinaa yare.

Wɔtaa Asomafo No

17Ɔsɔfopanyin ne ne dɔm ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn koguu afiase. 19Da no ara anadwo, Awurade bɔfo behiɛɛ afiase apon no dii asomafo no anim ka kyerɛɛ wɔn se, 20“Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforo yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”

21Asomafo no dii asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ kofii ase kyerɛkyerɛe.

Ɔsɔfopanyin no ne ne dɔm no frɛɛ Yudafo mpanyin ma wɔyɛɛ nhyiamu kɛse bi; afei wɔsoma ma wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. 22Nanso, bere a nnipa no duu afiase hɔ no, wɔanhu asomafo no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ se, 23“Bere a yeduu afiase hɔ no, yehuu sɛ wɔatoto afiase apon no nyinaa mu petee a awɛmfo no gyinagyina ano. Nanso yebuebuee apon no, yɛanhu obiara wɔ mu.” 24Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wonhu asɛm a asi.

25Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” 26Awɛmfo no so panyin no tee asɛm no, ɔne ne nkurɔfo no kɔkyeree asomafo no de wɔn bae. Awɛmfo no so panyin no ne awɛmfo no amfa asomafo no amma ɔhyɛ so, efisɛ na wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no besiw wɔn abo.

27Wɔde asomafo no begyinaa agyinatufo no anim ma Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ wɔn se, 28“Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yekum saa ɔbarima no!”

29Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30efisɛ mobɔɔ Yesu asennua mu, kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyan no fii owu mu. 31Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam no so bɛma Israelfo asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse.”

33Agyinatufo no tee asɛm no, wɔn bo fuwii, na wɔkae se wobekum asomafo no. 34Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsan yɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi. 35Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufo no se, “Me nuanom Israel mmarima, munnwen nea mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi ho yiye. 36Ɛnkyɛe biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre kaa se ɔyɛ onipa titiriw bi maa nnipa bɛyɛ ahannan tu dii nʼakyi. Nanso wokum no maa nʼakyidifo no nyinaa bɔɔ ahwete. 37Nʼakyi na Yuda a ofi Galilea nso sɔree nnipakan bere no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wokum no maa nʼakyidifo no bɔɔ ahwete. 38Ɛno nti mitu mo fo se, munnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu. 39Nanso sɛ efi Onyankopɔn a, morentumi nsiw wɔn kwan. Mubehu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”

40Agyinatufo no tiee Gamaliel afotu no. Wɔma wɔde asomafo no ba ma wɔbɔɔ wɔn mmaa5.40 Yudafo asotwe a ɛyɛ mmaabɔ aduanan a wɔayi so baako na wɔde hwee wɔn (2 Ko 11.24). hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wogyaa wɔn.

41Esiane sɛ asomafo no huu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asennii hɔ. 42Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne afi mu da.