New Amharic Standard Version

ሐዋርያት ሥራ 27:1-44

ጳውሎስ በመርከብ ወደ ሮም ተወሰደ

1ወደ ኢጣሊያ እንድንሄድ በተወሰነ ጊዜ፣ ጳውሎስንና ሌሎቹን እስረኞች የንጉሠ ነገሥቱ ክፍለ ጦር አባል ለሆነው፣ ዩልዮስ ለተባለ የመቶ አለቃ አስረከቧቸው። 2ከአድራሚጢስ ተነሥቶ በእስያ አውራጃ ባሕር ዳርቻ ላይ ወዳሉት ወደቦች በሚሄደው መርከብ ተሳፍረን የባሕር ጒዞ ጀመርን፤ በተሰሎንቄ ይኖር የነበረው የመቄዶንያ ሰው፣ አርስጥሮኮስም ከእኛ ጋር ነበረ።

3በሚቀጥለው ቀን ሲዶና ደረስን፤ ዩልዮስም ለጳውሎስ ደግነት በማሳየት ወደ ወዳጆቹ ሄዶ ርዳታ እንዲቀበል ፈቀደለት። 4ከዚያም ተነሥተን በባሕር ተጓዝን፤ ነፋስ ከፊት ለፊት ስለገጠመን፣ የቆጵሮስን ደሴት ተገን አድርገን ዐለፍን። 5በኪልቅያና በጵንፍልያ ዳርቻ ያለውን ባሕር ከተሻገርን በኋላ በሉቅያ አገር ሙራ የተባለ ቦታ ደረስን። 6ከዚያም የመቶ አለቃው ወደ ኢጣሊያ የሚሄድ የእስክንድርያ መርከብ አግኝቶ አሳፈረን። 7ብዙ ቀን በዝግታ እየተጓዝን ቀኒዶስ አካባቢ በጭንቅ ደረስን፤ ነፋሱም ወደ ፊት እንዳንሄድ በከለከለን ጊዜ፣ በሰልሙና አጠገብ አድርገን በቀርጤስ ተተግነን ሄድን፤ 8ጥግ ጥጉንም ይዘን፣ በላሲያ ከተማ አጠገብ ወዳለው፣ ‘መልካም ወደብ’ ወደተባለ ስፍራ በጭንቅ ደረስን።

9ብዙ ጊዜ ባክኖ፤ የጾሙ ጊዜ ስላለፈ27፥9 የስርየትን ዕለት ያሳያል። በመርከብ መጓዙ አደገኛ ሆኖ ነበርና ጳውሎስ፣ 10“እናንት ሰዎች፤ ጒዞው አደገኛ እንደሚሆን፣ በመርከቡና በጭነቱ እንዲሁም በእኛ በራሳችን ላይ እንኳ ትልቅ ጒዳት እንደሚደርስ ይታየኛል” ብሎ አስጠነቀቃቸው። 11የመቶ አለቃው ግን ከጳውሎስ ምክር ይልቅ የመርከቡ መሪና የመርከቡ ባለቤት ያሉትን ይሰማ ነበር። 12ክረምቱንም በዚያ ለማሳለፍ ወደቡ አመቺ ስላልነበረ፣ አብዛኛዎቹ ፍንቄ ወደተባለው ወደብ ደርሰው በዚያ ለመክረም ተስፋ በማድረግ ጒዞአችንን እንድንቀጥል ውሳኔ አስተላለፉ፤ ወደቡም በቀርጤስ ደቡብ ምዕራብና ሰሜን ምዕራብ ትይዩ የሚገኝ ነበር።

የባሕሩ ማዕበል

13መጠነኛ የደቡብ ነፋስ በነፈሰ ጊዜም እንዳሰቡት የሆነላቸው መስሎአቸው መልሕቁን ነቅለው፣ የቀርጤስን ዳርቻ በመያዝ ተጓዙ። 14ብዙም ሳይቈይ ግን፣ ‘ሰሜናዊ ምሥራቅ’ የሚሉት ኀይለኛ ዐውሎ ነፋስ ከደሴቲቱ ተነሥቶ ቍልቍል መጣባቸው። 15መርከቢቱም በማዕበሉ ስለ ተያዘች፣ ወደ ነፋሱ ልትገፋ አልቻለችም፤ ስለዚህ መንገድ ለቀን በነፋሱ ተነዳን። 16ቄዳ የተባለችውን ትንሽ ደሴት ተገን አድርገን በማለፍ፣ የመርከቧን ሕይወት አድን ጀልባ በብዙ ድካም ለማትረፍ ቻልን፤ 17ጀልባዋንም ወደ ላይ ጐትተው ካወጧት በኋላ መርከቧ እንዳትፈራርስ ዙሪያዋን በገመድ ጠምጥመው አሰሯት፤ ስርቲስ ከተባለው አሸዋማ ደለል ጋር ሄደው እንዳይላተሙ ስለ ፈሩም፣ የመርከቧን ሸራ አውርደው እንዲሁ በዘፈቀደ እንድትነዳ አደረጉ። 18ማዕበሉም ክፉኛ ስላንገላታን፣ በማግስቱ ጭነቱን እያነሡ ወደ ባሕር ይጥሉ ጀመር፤ 19በሦስተኛውም ቀን፣ የመርከቧን ሸራ ማውጫና ማውረጃ መሣሪያ በገዛ እጃቸው ነቃቅለው ወደ ባሕር ጣሉት። 20ብዙ ቀን፣ ፀሓይንም ከዋክብትንም ማየት ስላልተቻለና ነፋስ ስለ በረታብን፣ ለመትረፍ የነበረን ተስፋ ሁሉ ተሟጠጠ።

21ሰዎቹ እህል ሳይቀምሱ ብዙ ቀን ከቈዩ በኋላ፣ ጳውሎስ በመካከላቸው ቆሞ እንዲህ አለ፤ “እናንት ሰዎች ሆይ፤ የነገርኋችሁን ሰምታችሁ ቢሆን ኖሮ፣ ከቀርጤስ ባልተነ ሣችሁና ይህ ጒዳትና ጥፋት ባልደረሰባችሁ ነበር። 22አሁንም ቢሆን አይዟችሁ መርከቧ እንጂ ከእናንተ አንዲት ነፍስ እንኳ አትጠፋምና። 23በትላንትናዋ ሌሊት፣ የእርሱ የሆንሁትና የማመልከው እግዚአብሔር የላከው መልአክ በአጠገቤ ቆሞ፣ 24‘ጳውሎስ ሆይ፤ አትፍራ፤ በቄሳር ፊት መቆም ይገባሃል፤ ከአንተ ጋር የሚጓዙትንም ሰዎች ሕይወት እግዚአብሔር አትርፎልሃል’ አለኝ። 25ስለዚህ፣ እናንት ሰዎች ሆይ፤ አይዞአችሁ እርሱ እንደ ነገረኝ እንደዚያው እንደሚሆን በእግዚአብሔር አምናለሁና። 26ይሁን እንጂ፣ ወደ አንዲት ደሴት በነፋስ ተወስደን እዚያ መጣላችን አይቀርም።”

በመርከቡ አደጋ መድረሱ

27በዐሥራ አራተኛው ሌሊት በአድርያ27፥27 በጥንት ጊዜ ይህ ስም ሰፊውን የኢጣሊያ ደቡባዊ ክፍል ያመለክታል። ባሕር ላይ ከወዲያ ወዲህ ስንገላታ፣ እኩለ ሌሊት ገደማ መርከበኞቹ ወደ መሬት የተቃረቡ መሰላቸው፤ 28የጥልቀት መለኪያውን ገመድ ወደ ታች ጥለው ሲመለከቱት የውሃው ጥልቀት አርባ ሜትር ያህል ሆኖ አገኙት፤ ከጥቂት ጊዜ በኋላም ደግመው ሲጥሉ ጥልቀቱ፣ ሠላሳ ሜትር ያህል ሆነ። 29ከቋጥኞቹም ጋር እንዳንላተም በመፍራት፣ አራት መልሕቆች ከመርከቡ በስተ ኋላ ጣሉ፤ ምነው በነጋ እያሉም ይለምኑ ነበር። 30መርከበኞቹም ከመርከቡ በስተ ፊት መልሕቅ የሚጥሉ መስለው፣ ትንሿን ጀልባ በማውረድ ከመርከቧ ሊያመልጡ ሞከሩ። 31ጳውሎስም የመቶ አለቃውንና ወታደሮቹን፣ “እነዚህ ሰዎች መርከቡ ላይ ካልቈዩ እናንተም ልትተርፉ አትችሉም” አላቸው። 32በዚህ ጊዜ ወታደሮቹ ገመዶቹን ቈርጠው ትንሿ ጀልባ ባሕሩ ላይ ተንሳፋ እንድትቀር ለቀቋት።

33ልክ ሊነጋጋ ሲል፣ ጳውሎስ ሁሉም ምግብ እንዲበሉ እንዲህ ሲል ለመናቸው፤ “ዐሥራ አራት ቀን ሙሉ ልባችሁ ተንጠልጥሎ ምንም ሳትቀምሱ ጦማችሁን ሰነበታችሁ፤ 34ስለዚህ ስለሚያበረታችሁ አሁን እህል እንድትቀምሱ እለምናችኋላሁ፤ ከእናንተ መካከል ከራሱ ጠጒር አንዲት እንኳ የሚነካበት ማንም የለምና።” 35ይህን ካለ በኋላም፣ እንጀራ ይዞ በሁሉም ፊት እግዚአብሔርን አመሰገነ፤ ቈርሶም ይበላ ጀመር። 36ሁሉም ተበራቱና እንጀራውን ራሳቸው ወስደው በሉ። 37በመርከቡም ላይ በአጠቃላይ ሁለት መቶ ሰባ ስድስት ሰዎች ነበርን። 38በልተውም ከጠገቡ በኋላ ስንዴውን ወደ ባሕር በመጣል የመርከቡን ክብደት አቃለሉ።

39በነጋም ጊዜ፣ ወደ የብስ መቅረባቸውን አላወቁም ነበር፤ ነገር ግን ዳር ዳሩ አሸዋማ የሆነ የባሕር ሰርጥ አይተው፣ ቢቻላቸው መርከቡን ገፍተው ወደዚያ ለማድረስ ወሰኑ። 40ከዚያም መልሕቆቹን ቈርጠው ባሕር ውስጥ ጥለው ሄዱ፤ የመቅዘፊያውንም ገመድ በዚያው ጊዜ ፈቱ፤ የፊተኛውንም ሸራ ለነፋስ ከፍ አድርገው ወደ ባሕሩ ዳርቻ አቀኑ። 41ነገር ግን መርከቡ ከአሸዋ ቍልል ጋር ተላትሞ፤ መሬት ነካ፤ የፊተኛው ክፍሉም አሸዋው ውስጥ ተቀርቅሮ አልነቃነቅ አለ፤ የኋለኛው ክፍሉም በማዕበሉ ክፉኛ ስለ ተመታ ይሰባበር ጀመር።

42ወታደሮቹም ከእስረኞች ማንም ዋኝቶ ለማምለጥ ቢሞክር ለመግደል ተስማሙ። 43የመቶ አለቃው ግን ጳውሎስ እንዲተርፍ ስለ ፈለገ፣ ያሰቡትን እንዳይፈጽሙ ከለከላቸው፤ መዋኘት የሚችሉ ከመርከብ እየዘለሉ አስቀድመው ከባሕሩ ወደ ምድር እንዲወጡ፣ 44የተቀሩት ደግሞ በሳንቃዎች ወይም በመርከቡ ስብርባሪ እየተንጠላጠሉ እንዲወጡ አዘዘ። በዚህ መንገድ ሁሉም በደኅና ወደ ምድር ደረሱ።

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 27:1-44

Paulo Kɔ Roma

1Wɔsii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafoɔ panin no nsa. 2Yɛkɔtenaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika no ka yɛn ho.

3Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no. 4Esiane sɛ yɛtuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. 5Yɛnam ɛpo so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia kɔduruu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. 6Ɛhɔ na asraafoɔ panin no hunuu ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria rekɔ Italia. Enti, ɔde yɛn kɔtenaa mu. 7Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ ɛpo no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. 8Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kɔsii sɛ yɛde ɔbrɛ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinaeɛ a ɛbɛn kuro Lasea.

9Esiane sɛ na afe no rekɔ nʼawieeɛ na saa ɛberɛ no nso ɛpo no so fa yɛ hu no enti, yɛtenaa hɔ kyɛreeɛ. Paulo tuu wɔn fo sɛ, 10“Anuanom, mehunu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantuo yi so a, yɛbɛhunu amane ama ebia ɛhyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” 11Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne ɛhyɛn no wura kaeɛ no. 12Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔberɛ mu no enti, nnipa no bebree pɛɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka ɛhyɛn no bɛtu afiri hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafoɔ ntam wɔ Atɔeɛ fam. Ɛyɛ baabi a wɔbɛtumi atena hɔ awɔberɛ mu.

Ɛpo So Mframa A Ɛyɛ Den No

13Mframa a ano nyɛ den bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa no susuu sɛ wɔbɛtumi atoa wɔn akwantuo no so sɛdeɛ wɔahyehyɛ no. Enti, wɔtuu sɛkyɛ no de ɛhyɛn no faa Kreta mpoano. 14Ankyɛre koraa na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no “Atifi Apueeɛ Mframa” bɔ firii supɔ no so. 15Mframa no bɔ bunkam faa yɛn ɛhyɛn no so twee no kɔɔ ɛpo no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdane ɛhyɛn no ani na anyɛ yie no, yɛgyae maa mframa no twee no kɔeɛ. 16Yɛduruu supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛeɛ ansa na yɛretumi atwe ɛhyɛn no kodoɔ a ɛsɛn akyire no aba mu. 17Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ maa so baa ɛhyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu enti, wɔyiyii ɛhyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ ɛhyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. 18Mframaden no kɔɔ so bɔeɛ; ɛno enti adeɛ kyeeɛ no, wɔyiyii ɛhyɛn no mu nneɛma no bi to guu ɛpo no mu. 19Ne nnansa so no, wɔsesaa ɛhyɛn no ho nneɛma no bi to guiɛ. 20Nna bebree twaa mu a na yɛnhunu awia anaa nsoromma a na mframaden no gu so retu. Yei maa yɛn anidasoɔ nyinaa saeɛ.

Paulo Kyekye Wɔn Werɛ

21Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. 22Nanso, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, mo mu biara renwu na mmom, ɛhyɛn no na ɛbɛbɔ. 23Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn 24bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom enti, biribiara renyɛ wɔn.’ 25Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 26Nanso, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛhyɛn no bɛbɔ wɔ supɔ bi mpoano.”

Ɛhyɛn No Bɔ

27Ne nnawɔtwe mmienu anadwo no a na mframaden no enti ɛhyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria ɛpo so no, ɔdasuo mu na ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ hunuu sɛ yɛrebɛn asase. 28Wɔtoo susuhoma hunuu sɛ nsuo no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wɔsusuu bio no, wɔhunuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron. 29Esiane sɛ na wɔsuro sɛ anyɛ a ɛhyɛn no bɛpem abotan bi enti, wɔtoo sɛkyɛ ɛnan wɔ ɛhyɛn no akyi twɛn kɔsii adekyeeɛ. 30Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ pɛɛ sɛ wɔdwane. Enti, wɔgyaee ɛhyɛn no kodoɔ no sii ɛpo no ani boapa yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto asɛkyɛ wɔ ɛhyɛn no anim. 31Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panin no ne asraafoɔ a wɔka ne ho no sɛ, “Sɛ ɛhyɛn yi mu adwumayɛfoɔ no dwane a, mobɛwuwu.” 32Yei enti, asraafoɔ no twaa ahoma a ɛkyekyere ɛhyɛn no kodoɔ no mu no maa ɛkɔeɛ.

33Adeɛ reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi. Deɛ ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu ni, mo mu biara mfaa aduane nkaa nʼano. 34Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.” 35Paulo kasa wieeɛ no, ɔfaa burodo bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na ɔbuu bi diiɛ. 36Amonom hɔ ara, wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wɔhyɛɛ aseɛ didiiɛ. 37Nnipa a na yɛwɔ ɛhyɛn no mu no dodoɔ yɛ ahanu ne aduɔson nsia. 38Obiara didi meeɛ no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no too aburoo a ɛwɔ ɛhyɛn no mu no guu ɛpo no mu ma ɛhyɛn no mu yɛɛ hare.

39Adeɛ kyeeɛ no, hyɛn no mu adwumayɛfoɔ no anhunu sɛ wɔaduru mpoano. Wɔhunuu baabi a ɛpo no adidi akɔ asase no mu a nsuo taa hɔ. Enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔtim. 40Ɛno enti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu ɛpo mu. Afei, wɔsanesanee ahoma a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. 41Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.

42Asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no27.42 Sɛ ɔdeduani bi dwane a wɔde ne sohwɛfoɔ no nkwa si nʼanan mu. Enti na asraafoɔ no nnyaagyaa wɔn ho na amma ɔdeduani bi annwane. nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara rennya ɛkwan nnwane. 43Nanso, ɛsiane sɛ na asraafoɔ panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa no enti, wamma wɔn ho ɛkwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adware no ahyɛaseɛ nnware nkɔ mpoano. 44Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasini a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɛkwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano nohoa dwoodwoo.