New Amharic Standard Version

ሐዋርያት ሥራ 2:1-47

በበዓለ ኀምሳ ቀን መንፈስ ቅዱስ ወረደ

1የበዓለ ኀምሳ ቀን በደረሰ ጊዜ ሁሉም በአንድነት፣ በአንድ ስፍራ ተሰብስበው ነበር፤ 2ድንገትም እንደ ብርቱ ዐውሎ ነፋስ ያለ ድምፅ ከሰማይ መጥቶ ተቀምጠው የነበሩበትን ቤት እንዳለ ሞላው። 3የእሳት ምላሶች የሚመስሉም ታዩአቸው፤ ተከፋፍለውም በእያንዳንዳቸው ላይ ዐረፉ። 4ሁሉም በመንፈስ ቅዱስ ተሞሉ፤ መንፈስም እንዲናገሩ በሰጣቸው መጠን በሌሎች ቋንቋዎች2፥4 ወይም ልሳኖች እንዲሁም በቍ 11 ይናገሩ ጀመር።

5በዚህ ጊዜ ከሰማይ በታች ካለው ሕዝብ ሁሉ የመጡና እግዚአብሔርን የሚፈሩ አይሁድ በኢየሩሳሌም ነበሩ። 6ይህን ድምፅ ሲሰሙ፣ ብዙ ሕዝብ በአንድነት ተሰበሰቡ፤ እያንዳንዱም ሰው፣ ሰዎቹ በገዛ ቋንቋው ሲናገሩ በመስማቱ ግራ ተጋባ፤ 7በመገረምና በመደነቅም እንዲህ አሉ፤ “እነዚህ የሚነጋገሩት ሁሉ የገሊላ ሰዎች አይደሉምን? 8ታዲያ፣ እያንዳንዳችን በተወለድን በት፣ በራሳችን ቋንቋ ሲናገሩ የምንሰማቸው እንዴት ቢሆን ነው? 9እኛ የጳርቴና፣ የሜድ፣ የኢላሜጤም ሰዎች፣ በመስጴጦምያ፣ በይሁዳ፣ በቀጶዶቅያ፣ በጳንጦስ፣ በእስያ፣ 10በፍርግያ፣ በጵንፍልያ፣ በግብፅ፣ በቀሬና አጠገብ ባሉት በሊቢያ አውራጃዎች የምንኖር፣ ከሮም የመጣን 11አይሁድና ወደ ይሁዲነት የገባን፣ የቀርጤስና የዐረብ ሰዎች ስንሆን፣ ሰዎቹ የእግዚአብሔርን ታላቅ ሥራ በየቋንቋችን ሲናገሩ እንሰማቸዋለን!” 12ሁሉም በአድናቆትና ግራ በመጋባት፣ “ይህ ነገር ምን ይሆን?” ተባባሉ።

13አንዳንዶቹ ደግሞ “ያልፈላ ብዙ የወይን ጠጅ2፥13 ወይም ጣፋጭ ወይን ጠጥተዋል” በማለት አፌዙባቸው።

ጴጥሮስ ለሕዝቡ ንግግር አደረገ

14በዚህ ጊዜ ጴጥሮስ ከዐሥራ አንዱ ጋር ተነሥቶ ቆመ፤ ድምፁንም ከፍ አድርጎ እንዲህ ሲል ለሕዝቡ ተናገረ፤ “እናንት የይሁዳ ሰዎች፤ በኢየሩሳሌምም የምትኖሩ ሁሉ፤ ይህን አንድ ነገር ዕወቁ፤ በጥሞናም አድምጡ። 15ጊዜው ገና ከጠዋቱ ሦስት ሰዓት ስለ ሆነ፣ እናንተ እንደምታስቡት እነዚህ ሰዎች አልሰከሩም። 16ነገር ግን ይህ በነቢዩ በኢዩኤል እንዲህ ተብሎ የተነገረ ነው፤

17“እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ በመጨረሻው ቀን፣

መንፈሴን በሥጋ ለባሽ ሁሉ ላይ አፈሳለሁ፤

ወንዶችና ሴቶች ልጆቻችሁ ትንቢት ይናገራሉ፤

ጒልማሶቻችሁ ራእይ ያያሉ፤

ሽማግሌዎቻችሁ ሕልም ያልማሉ።

18በዚያ ጊዜ በወንዶችና በሴቶች አገልጋዮቼ ላይ፣

መንፈሴን አፈሳለሁ፤

እነርሱም ትንቢት ይናገራሉ።

19በላይ በሰማያት ድንቅ ነገሮችን፣

አሳያለሁ፤ በታች በምድርም ምልክቶችን እሰጣለሁ፤

ደምና እሳት፣ የጢስም ጭጋግ ይሆናል።

20ታላቅና ክቡር የሆነው የጌታ ቀን ከመምጣቱ በፊት፣

ፀሓይ ወደ ጨለማ፣

ጨረቃም ወደ ደም ይለወጣሉ።

21የጌታን ስም፣

የሚጠራ ሁሉ ይድናል።’

22“የእስራኤል ሰዎች ሆይ፤ ይህን ቃል ስሙ፤ እናንት ራሳችሁ እንደምታውቁት፣ እግዚአብሔር በመካከላችሁ ታምራትን፣ ድንቅ ነገሮችንና ምልክቶችን በእርሱ በኩል በማድረግ ለናዝሬቱ ኢየሱስ መስክሮለታል። 23እግዚአብሔር በጥንት ውሳኔውና በቀደመው ዕውቀቱ ይህን ሰው አሳልፎ በእጃችሁ ሰጣችሁ፤ እናንተም በክፉ ሰዎች2፥23 ወይም ሕግ በሌላቸው ሰዎች (አሕዛብን ያመለክታል) እጅ ሰቅላችሁ ገደላችሁት። 24እግዚአብሔር ግን የሞትን ጣር አስወግዶ አስነሣው፤ ሞት ይዞ ሊያስቀረው አልቻለምና። 25ዳዊትም ስለ እርሱ እንዲህ ይላል፤

“ ‘ጌታን ሁል ጊዜ በፊቴ አየዋለሁ፤

እርሱ በቀኜ ነውና፣

ከቶ አልታወክም።

26ስለዚህ ልቤ ደስ አለው፤ አንደበቴም ሐሤት አደረገ፤

ሥጋዬም በተስፋ ይኖራል።

27ነፍሴን በሲኦል አትተዋትምና፤

ቅዱስህም መበስበስን እንዲያይ አታደርግም።

28የሕይወትን መንገድ እንዳውቅ አደረግኸኝ፤

በፊትህም በሐሤት ትሞላኛለህ።’

29“ወንድሞች ሆይ፤ ከቀደምት አባቶች ዳዊት ሞቶ እንደ ተቀበረ፣ መቃብሩም እስከ ዛሬ ድረስ በመካከላችን እንደሚገኝ በድፍረት መናገር እችላለሁ። 30ነቢይ በመሆኑም፣ እግዚአብሔር ከዘሮቹ አንዱን በዙፋኑ ላይ እንደሚያስቀምጥ በመሐላ ቃል የገባለት መሆኑን ዐወቀ። 31ይህንን አስቀድሞ በማየቱ እርሱ በሲኦል እንደማይቀርና ሥጋውም እንደማይበሰብስ ስለ ክርስቶስ2፥31 ወይም መሲሕ፤ በግሪክ ክርስቶስ፣ በዕብራይስጥ መሲህ ማለት የተቀባው ማለት ነው፤ እንዲሁም በቍ 36 ትንሣኤ ተናገረ። 32ይህን ኢየሱስ፣ እግዚአብሔር ከሞት አስነሣው፤ እኛም ሁላችን ለዚህ ነገር ምስክሮች ነን። 33ስለዚህ በእግዚአብሔር ቀኝ ከፍ ከፍ ካለ በኋላ፣ የመንፈስ ቅዱስን ተስፋ ከአብ ተቀብሎ አሁን የምታዩትንና የምትሰሙትን አፈሰሰው። 34ዳዊት ወደ ሰማያት አልወጣም፤

እርሱ ራሱ ግን እንዲህ ብሎአል፤

“ ‘ጌታ ጌታዬን፣

35“ጠላቶችህን ለእግርህ መረገጫ እስከማደርግልህ ድረስ፣

በቀኜ ተቀመጥ” አለው።’

36“እንግዲህ፣ እግዚአብሔር ይህን እናንተ የሰቀላችሁትን ኢየሱስን፣ ጌታም ክርስቶስም እንዳደረገው የእስራኤል ወገን ሁሉ ይረዳ!”

37ሕዝቡም ይህን በሰሙ ጊዜ ልባቸው እጅግ ተነካ፤ ጴጥሮስንና ሌሎቹንም ሐዋርያት፣ “ወንድሞች ሆይ፤ ታዲያ ምን እናድርግ?” አሏቸው።

38ጴጥሮስም እንዲህ አላቸው፤ “ንስሓ ግቡ፤ ኀጢአታችሁም እንዲሰረይላችሁ፣ እያንዳንዳችሁ በኢየሱስ ክርስቶስ ስም ተጠመቁ፤ የመንፈስ ቅዱስንም ስጦታ ትቀበላላችሁ። 39የተስፋው ቃል ለእናንተና ለልጆቻችሁ እንዲሁም ጌታ አምላካችን ወደ ራሱ ለሚጠራቸው፣ በሩቅ ላሉትም ሁሉ ነውና።”

40በሌላ ብዙ ቃል እየመሰከረላቸው፣ “ከዚህ ጠማማ ትውልድ ራሳችሁን አድኑ” በማለት አስጠነቀቃቸው። 41ቃሉን የተቀበሉትም ተጠመቁ፤ በዚያ ቀን ሦስት ሺህ ያህል ሰዎች በቍጥራቸው ላይ ተጨመሩ።

የአማኞች የኅብረት ኑሮ

42እነርሱም በሐዋርያት ትምህርትና በኅብረት፣ እንጀራውንም በመቍረስና በጸሎት ይተጉ ነበር። 43በሐዋርያት እጅ ብዙ ድንቅና ታምራት ይደረግ ስለ ነበር፣ ሰው ሁሉ ፍርሀት አደረበት። 44ያመኑት ሁሉ በአንድነት ነበሩ፤ ያላቸውንም ሁሉ የጋራ አደረጉ። 45ሀብታቸውንና ንብረታቸውንም እየሸጡ ለእያንዳንዱ ሰው የሚያስፈልገውን ያህል ይሰጡት ነበር። 46በየዕለቱ በቤተ መቅደስ በአንድነት እየተገናኙ፣ በቤታቸውም እንጀራ እየቈረሱ በደስታና በቀና ልብ ይመገቡ ነበር፤ 47እግዚአብሔርንም እያመሰገኑ፣ በሕዝቡ ሁሉ ፊት ሞገስ ነበራቸው፤ ጌታም የሚድኑትን በቍጥራቸው ላይ ዕለት በዕለት ይጨምር ነበር።

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 2:1-47

Pentekoste Da

1Pentekoste da2.1 Twam Afahyɛ homeda no akyi nnafua aduonum (3 Mose 23.15-16). no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia2.1 Asuafoɔ dodoɔ a deɛ asi dada enti yɛka wɔn ho asɛm ne dubaako no (ne Matia) nanso dodoɔ yi, wɔn a wɔbɔ wɔn din nyinaa wɔ 1.13-15. wɔ faako.2.1 Ɛnyɛ abansoro dan a wɔte mu no (1.13) na mmom hyiadan no ho baabi. Ɛfiri sɛ ɛberɛ biara a wɔabue hyiadan no, na asuafoɔ no wɔ hɔ. 2Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma. 3Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako. 4Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.

5Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem. 6Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. 7Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa? 8Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ 9Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu, 11ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?” 12Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”

13Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.”

Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No

14Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi. 15Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro. 16Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:

17“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no,

mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.

Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,

mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ.

Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.

18Saa mmerɛ no mu no,

mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so,

mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.

19Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn

bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ

wɔ ɔsoro ne asase so.

20Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no,

owia bɛduru sum

na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.

21Na obiara a ɔbɛbɔ

Awurade din no bɛnya nkwa.’

22“Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu. 23Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no. 24Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.” 25Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,

“Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.

Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti,

merenhinhim da.

26Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie.

Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.

27Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.

Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.

28Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan;

na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.

29“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 30Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ 32Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ. 33Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi. 34Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ,

“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ,

“Tena me nsa nifa so ha,

35kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ

bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’

36“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

37Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”

38Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”

40Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.” 41Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.

Asafo No Asetena

42Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ. 43Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no. 44Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. 45Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara. 46Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim. 47Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.