New Amharic Standard Version

ሐዋርያት ሥራ 16:1-40

ጢሞቴዎስ ከጳውሎስና ከሲላስ ጋር ተሰማራ

1ጳውሎስ ወደ ደርቤንና ወደ ልስጥራን ደረሰ። በዚያም እናቱ አይሁዳዊት ሆና በጌታ ያመነች፣ አባቱ ግን የግሪክ ሰው የሆነ፣ ጢሞቴዎስ የተባለ አንድ ደቀ መዝሙር ነበረ። 2እርሱም በልስጥራንና በኢቆንዮን በነበሩት ወንድሞች ዘንድ መልካም ምስክርነት ነበረው። 3ጳውሎስም ይህ ሰው ከእርሱ ጋር እንዲሄድ ፈለገ፤ ስለዚህ በዚያ አካባቢ በነበሩ አይሁድ ምክንያት ይዞ ገረዘው፤ እነዚህ አይሁድ በሙሉ የጢሞቴዎስ አባት የግሪክ ሰው እንደሆነ ያውቁ ነበርና። 4እነርሱም ከአንዱ ከተማ ወደ ሌላው በሚያልፉበት ጊዜ፣ ሐዋርያትና ሽማግሌዎች በኢየሩሳሌም ያሳለፉትን ውሳኔ ተቀብለው እንዲጠብቁ ለምእመናኑ ይሰጡ ነበር። 5አብያተ ክርስቲያናትም በእምነት እየበረቱና ዕለት ዕለትም በቍጥር እየጨመሩ ይሄዱ ነበር።

ጳውሎስ ስለ መቄዶንያው ሰው ያየው ራእይ

6ጳውሎስና ባልደረቦቹ ቃሉን በእስያ እንዳይሰብኩ መንፈስ ቅዱስ ስለ ከለከላቸው፣ በፍርግያና በገላትያ አገር ዐልፈው ሄዱ። 7ወደ ሚስያም በተቃረቡ ጊዜ፣ ወደ ቢታኒያ ሊገቡ ሞከሩ፤ ነገር ግን የኢየሱስ መንፈስ አልፈቀደላቸውም፤ 8ስለዚህ በሚስያ በኩል አድርገው ወደ ጢሮአዳ ወረዱ። 9ጳውሎስም ሌሊት በራእይ አንድ የመቄዶንያ ሰው ቆሞ፣ “ወደ መቄዶንያ ተሻግረህ ርዳን” ብሎ ሲለምነው አየ። 10ጳውሎስ ይህን ራእይ ካየ በኋላ፣ እግዚአብሔር ወንጌልን እንድንሰብክላቸው ጠርቶናል ብለን በመወሰን ወዲያው ወደ መቄዶንያ ለመሄድ ፈለግን።

ልድያ በፊልጵስዩስ በጌታ አመነች

11ከጢሮአዳ በመርከብ ተነሥተን በቀጥታ ተጒዘን ወደ ሳሞትራቄ መጣን፤ በማግስቱም ጒዞአችንን ወደ ናጱሌ ቀጠልን፤ 12ከዚያም የሮማውያን ቅኝና የአካባቢው የመቄዶንያ ግዛት ዋና ከተማ ወደሆነችው ወደ ፊልጵስዩስ ገባን፤ በዚያም አያሌ ቀን ተቀመጥን።

13በሰንበት ቀንም፣ የጸሎት ስፍራ በመፈለግ፣ ከከተማዪቱ በር ወጥተን ወደ አንድ ወንዝ ወረድን፤ በዚያም ተቀምጠን ተሰብስበው ለነበሩት ሴቶች መናገር ጀመርን። 14ከሚያዳምጡትም ሴቶች መካከል ልድያ የምትባል አንዲት ሴት ነበረች፤ እርሷም እግዚአብሔርን የምታመልክና ከትያጥሮን ከተማ የመጣች የቀይ ሐር ነጋዴ ነበረች። ጌታም፣ ጳውሎስ የሚናገረውን በማስተዋል ትሰማ ዘንድ፣ ልቧን ከፈተላት። 15እርሷና ቤተ ሰዎቿ ከተጠመቁ በኋላም፣ “በጌታ ማመኔን በርግጥ ከተረዳችሁልኝ ወደ ቤቴ መጥታችሁ ጥቂት ተቀመጡ” በማለት አጥብቃ ለመነችን።

ጳውሎስና ሲላስ በወህኒ ቤት

16አንድ ቀን ወደ ጸሎት ስፍራ ስንሄድ፣ በጥንቈላ መንፈስ ትንቢት የምትናገር አንዲት የቤት አገልጋይ አገኘችን፤ እርሷም በዚህ የጥንቈላ ሥራዋ ለአሳዳሪዎችዋ ብዙ ገንዘብ ታስገኝላቸው ነበር። 17ይህችው አገልጋይ ጳውሎስንና እኛን እየተከተለች፣ “እነዚህ ሰዎች የመዳንን መንገድ የሚነግሯችሁ፣ የልዑል እግዚአብሔር አገልጋዮች ናቸው!” በማለት ትጮኽ ነበር፤ 18ይህንም ብዙ ቀን ደጋገመችው፤ ጳውሎስ ግን በዚህ እጅግ በመታወኩ ዘወር ብሎ ያን መንፈስ፣ “ከእርሷ እንድትወጣ በጌታ በኢየሱስ ክርስቶስ ስም አዝሃለሁ” አለው፤ መንፈሱም በዚያው ቅጽበት ወጣላት።

19አሳዳሪዎቿም የገንዘብ ማግኛ ተስፋቸው ወጥቶ መሄዱን በተረዱ ጊዜ፣ ጳውሎስንና ሲላስን ይዘው እየጐተቱ ባለ ሥልጣኖች ወዳሉበት ወደ ገበያ ቦታ አመጧቸው። 20ገዦቹም ፊት አቅርበዋቸው እንዲህ አሉ፤ “እነዚህ ሰዎች አይሁድ ሆነው ሳሉ፣ ከተማችንን አውከዋል፤ 21ደግሞም እኛ ሮማውያን መቀበል ወይም መፈጸም የማይገባንን ልማድ በሕዝቡ መካከል ይነዛሉ።”

22ሕዝቡም ተባብረው በጳውሎስና በሲላስ ላይ ተነሡባቸው፤ ገዦቹም ልብሳቸው ተገፎ በበትር እንዲደበደቡ አዘዙ። 23ክፉኛ ከተደበደቡ በኋላም ወደ ወህኒ ቤት አስገቧቸው፤ የወህኒ ቤት ጠባቂውም ተጠንቅቆ እንዲጠብቃቸው አዘዙት። 24እርሱም ይህን የመሰለ ትእዛዝ ከተቀበለ በኋላ፣ ወደ ወህኒ ቤቱ ውስጠኛ ክፍል አስገብቶ እግራቸውን ከግንድ ጋር አጣብቆ አሰራቸው።

25እኩለ ሌሊት አካባቢ ጳውሎስና ሲላስ እየጸለዩና እየዘመሩ እግዚአብሔርን ሲያመሰግኑ ነበር፤ ሌሎቹ እስረኞችም ያዳምጧቸው ነበር። 26ድንገትም የወህኒ ቤቱን መሠረት የሚያናውጥ ታላቅ የመሬት መንቀጥቀጥ ሆነ፤ ወዲያውም የወህኒ ቤቱ በሮች ተከፈቱ፤ የሁሉም እስራት ተፈታ። 27የወህኒ ቤቱ ጠባቂም ከእንቅልፉ ነቅቶ የወህኒ ቤቱ በሮች ተከፍተው ባየ ጊዜ፣ እስረኞቹ ያመለጡ መስሎት ራሱን ለመግደል ሰይፉን መዘዘ። 28ጳውሎስ ግን ድምፁን ከፍ አድርጎ፣ “እኛ ሁላችን እዚሁ ስላለን፣ በራስህ ላይ ክፉ ነገር አታድርስ!” ብሎ ጮኸ።

29የወህኒ ቤቱ ጠባቂም መብራት ለምኖ ወደ ውስጥ ዘሎ ገባ፤ እየተንቀጠቀጠም በጳውሎስና በሲላስ እግር ላይ ወደቀ፤ 30ይዞአቸው ከወጣ በኋላ፣ “እናንት ሰዎች፤ እድን ዘንድ ምን ላድርግ?” አላቸው።

31እነርሱም፣ “በጌታ በኢየሱስ እመን፤ አንተም ቤተ ሰዎችህም ትድናላችሁ” አሉት። 32ከዚያም ለእርሱና በቤቱ ላሉት ሰዎች ሁሉ የጌታን ቃል ተናገሩ። 33የወህኒ ቤት ጠባቂውም ሌሊት በዚያኑ ሰዓት ወስዶ ቍስላቸውን አጠበላቸው፤ ወዲያውም እርሱና ቤተ ሰቡ ሁሉ ተጠመቁ። 34የወህኒ ቤቱ ጠባቂም ወደ ቤቱ ወስዶ ማእድ አቀረበላቸው፤ ከቤተ ሰቡም ሁሉ ጋር በእግዚአብሔር በማመኑ በደስታ ተሞላ።

35ሲነጋም፣ ገዦቹ፣ “እነዚያን ሰዎች ፈተህ ልቀቃቸው” ብለው መኰንኖቻቸውን ላኩበት። 36የወህኒ ቤት ጠባቂውም፣ “ገዦቹ እንድትፈቱ አዘዋል፤ ስለዚህ ወጥታችሁ በሰላም ሂዱ” ብሎ ለጳውሎስ ነገረው።

37ጳውሎስ ግን፣ “እኛ የሮም ዜጎች ሆነን ሳለን፣ በሕዝብ ፊት ያለ ፍርድ ደብድበው ወደ እስር ቤት ወረወሩን፤ ታዲያ አሁን በስውር ሊያስወጡን ይፈልጋሉ? ይህማ አይሆንም፤ እነርሱ ራሳቸው መጥተው ያስወጡን!” አላቸው።

38መኰንኖቹም ይህንኑ ቃል ለገዦቹ ነገሯቸው፤ እነርሱም ጳውሎስና ሲላስ የሮም ዜጎች መሆናቸውን ሲሰሙ ደነገጡ፤ 39እነርሱ ራሳቸውም መጥተው ይቅርታ ጠይቀው ከወህኒ ቤቱ አወጧቸው፤ ከተማውንም ለቀው እንዲሄዱ ለመኗቸው። 40ጳውሎስና ሲላስ ከእስር ቤቱ ከወጡ በኋላ ወደ ልድያ ቤት ሄዱ፤ በዚያም ወንድሞችን አግኝተው አበረታቷችው፤ ከዚያም በኋላ ሄዱ።

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 16:1-40

Timoteo Kɔka Paulo Ne Silas Ho

1Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. 2Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanseɛ pa. 3Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ enti, ɔtwaa no twetia, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani. 4Kuro biara a wɔduruu so no, wɔkaa mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wɔnni so no kyerɛɛ wɔn. 5Asafo no nyinii gyidie mu na daa nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.

Twa Bra Makedonia

6Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. 7Wɔduruu Misia hyeɛ so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn ɛkwan. 8Enti, wɔfaa Misia kɔsii Troa. 9Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” 10Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ, yɛtee aseɛ sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ.

Lidia Adwensakyera

11Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli. 12Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu.

13Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafoɔ taa hyia wɔ hɔ bɔ mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa hɔ no Atwerɛsɛm no. 14Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ. 15Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ.

Paulo Ne Silas Da Afiase

16Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia bɔ mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo.” 18Yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu firi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu.

19Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ. 20Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani. 21Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane sɛ yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan sɛ yɛgye tom.”

22Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane. 24Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.

25Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, 26prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ. 27Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.16.27 Sɛ ɔdeduani bi dwane a, wɔde ne sohwɛfoɔ si nʼanan mu (12.19). Sɛ sohwɛfoɔ no kum ne ho, a na aniwuo ne adwendwene biara to atwa. 28Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”

29Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn sɛ, “Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?”

31Wɔbuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa.” 32Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa. 33Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. 34Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wɔgyaa Asomafoɔ No

35Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Mpanin no asoma abɛka sɛ mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu.”

37Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no sɛ, “Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn.”

38Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ 39enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu. 40Paulo ne Silas firii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii hɔ kɔeɛ.