Onuadɔ ayeyi dwom
1Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako! 2 Ɛte sɛ ngohuam a esian fi Aaron tiri so gu ne bɔgyesɛ mu na ebi gu n’atade mu. 3 Ɛte sɛ anɔpa bosu a egu fi Hermon Bepɔw so kɔ Sion Bepɔw so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ nhyira ho bɔ; nkwa a ɛto ntwa da no.