Nkwa Asem

Korintofo II 10

Paulo yi ne ho ano

1Me, Paulo a, sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw na sɛ minni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, na mitu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu sɛ: Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ me bo betumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no so. Ɛyɛ nokware sɛ, yɛte wiase nanso yennyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu. Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano yɛ den a yebetumi de asɛe atamfo mpampin a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu. Yɛsɛe akwansiwde biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo. Sɛ mo setie wie pɛyɛ na mosan yɛ asoɔden ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe mo aso.

Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ efisɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso yɛ ne de no. Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munnyin na memmfa nnsɛe mo no bɛhoahoa me ho. Mempɛ sɛ mudwen sɛ mede me nkrataa a mekyerɛw mo no rehunahuna mo.

10 Obi bɛka se, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ yaw nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” 11 Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw bere a yenni mo nkyɛɛ no, ne nea sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.

12 Ɛyɛ nokware, yerentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn.

13 Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra beae bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no. 14 Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a, yɛantra. 15 Eyi nti yɛmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ atra Onyankopɔn beae a wahyɛ so no nhoahoa yɛn ho. Nea yɛrepɛ ne sɛ mo gyidi ase betim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beae a Onyankopɔn ahyɛ no.

16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforo so a yɛremfa adwuma a obi nim yɛ a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho.

17 Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ ade a Awurade ayɛ mu.” 18 Efisɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.

Het Boek

2 Corinthiërs 10

Het gezag van Paulus

1Ik doe u, zo zacht en vriendelijk als Christus Zelf, een dringend verzoek. Een verzoek van mij, Paulus, die als ik bij u ben zo terughoudend ben, maar van veraf u duidelijk de waarheid zeg. Ik vraag u mij er niet toe te dwingen te laten zien hoe streng ik kan zijn. Ik zou het heel vervelend vinden als ik zo moest optreden tegen sommigen van u, die vinden dat ik op al te menselijke wijze optreed.

Nu is het waar dat ik maar een gewoon mens ben, maar ik ga niet op menselijke wijze te werk om de strijd te winnen. Ik strijd met Gods wapens, niet met menselijke, om elke tegenstand te breken. Met deze wapens zijn alle argumenten waarmee men zich tegen God verzet, te ontzenuwen, alle barrières tussen God en de mensen worden daardoor omvergehaald. Met deze wapens breek ik elke opstand van menselijk denken om die terug te brengen tot gehoorzaamheid aan Christus. Zodra blijkt dat u volledig gehoorzaamt, zal ik deze wapens blijven gebruiken tegen elke ongehoorzaamheid die nog de kop opsteekt.

U kijkt naar de buitenkant van de dingen. Als iemand meent Christus te kennen, laat hij dan beseffen dat dit zeker ook voor mij geldt. Het lijkt misschien dat ik teveel opgeef over mijn gezag over u—gezag om u te helpen trouwens en niet om u pijn te doen—ik zal het echter wel waarmaken. Ik zeg dit omdat u niet moet denken dat ik u bang wil maken met mijn brieven. 10 Als sommigen van u zeggen: ‘Zijn brieven zijn wel gewichtig en streng, maar zijn persoonlijk optreden is helemaal niet zo sterk en hij spreekt aarzelend,’ 11 dan kan ik u verzekeren dat ik, wanneer ik bij u ben, precies zo optreed als in mijn brieven!

12 Wij wagen het niet onszelf te vergelijken met die mannen die zichzelf aanbevelen. Hun probleem is dat zij zich alleen maar met elkaar vergelijken en hun waarde afmeten aan hun eigen denkbeelden. 13 Wij overschatten onszelf echter niet, zij wel. Waar het ons om gaat, is beoordeeld te worden naar de maatstaf waarmee God oordeelt en dat geldt ook voor ons optreden naar u toe. 14 Wij gaan beslist niet te ver als wij zeggen gezag over u te hebben. Want wij waren de eersten die u het goede nieuws over Christus hebben gebracht. 15 Wij willen niet de eer van andermans werk voor onszelf opeisen, maar wij hopen dat uw geloof zal groeien en dat wij een groot werk onder u mogen doen, natuurlijk voor zover dat overeenkomt met Gods plannen. 16 Daarna zullen wij het goede nieuws brengen op plaatsen die nog verder weg liggen dan Korinthe, waar nog niemand werkt. Dan zal niemand ons kunnen verwijten dat wij op het werk van een ander voortborduren.

17 Als iemand zich wil beroemen, laat hij zich dan op de Here beroemen. 18 Iemand die zichzelf aanprijst, is niet van waarde. Maar als iemand door de Here geroemd wordt, is dat een bewijs van zijn waarde.