En Levende Bok

Apenbaring 10

Engelen med den lille skriftrullen

1Nå så jeg en annen enorm engel som kom ned fra himmelen. Han var innhyllet i en sky og med en regnbue over sitt hode. Ansiktet hans lyste som solen og føttene hans var som søyler av ild. I hånden holdt han en liten skriftrull som var åpnet. Han satte den høyre foten på havet og den venstre på jorden. Med kraftig stemme, lik en løve som brøler, ropte han. Da han hadde sluttet å rope, drønnet sju tordenbrak til svar. Jeg ville skrive ned det de sju tordenbrakene ga til svar. Da hørte jeg en stemme fra himmelen si: ”Bevar ordene som lød i tordenen for deg selv, ikke skriv dem ned!”

Engelen, som jeg hadde sett stå på havet og på jorden, løftet sin høyre hånd mot himmelen. Han sverget ved ham som lever i all evighet, han som skapte himmelen og alt som finnes i den, jorden og alt som finnes på den, havet og alt som finnes i det. Han sa: ”Tiden er ute. Når den sjuende engelen blåser i trompeten, da har Guds hemmelige plan blitt sluttført, helt i tråd med det glade budskap han bar fram gjennom sine tjenere og profeter.”

Så hørte jeg stemmen fra himmelen på nytt, som sa: ”Gå til engelen som står på havet og på jorden. Ta den åpne skriftrullen ut av hånden hans.” Da gikk jeg bort til engelen og ba ham om å gi meg den lille skriftrullen. Han sa til meg: ”Ja, ta den og spis den. Den skal svi i magen din, men så lenge du har den i munnen, vil den smake søt som honning.”

10 Da tok jeg skriftrullen ut av hånden hans og spiste den opp. Akkurat som han hadde sagt smakte den søtt i munnen, men da jeg hadde svelgd den, svidde den i magen.

11 Han sa til meg: ”Enda en gang må du holde fram Guds budskap om det han planlegger å gjøre med land, folk, språk og makthavere.”

Nkwa Asem

Yohane Adiyisɛm 10

Onyankopɔn nhyehyɛe aba mu

1Afei mihuu ɔbɔfo tumfoɔ bi a ofi soro resian ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na nhoma ketewaa bi kita no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so. Ɔteɛɛm maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛe no, aprannaa ason no woroo so gyee so.

Wɔkasae pɛ, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii soro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kae no nka wo tirim. Nkyerɛw!”

Ɛhɔ ara, ɔbɔfo a mihui sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie n’ahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ n’asomfo a wɔyɛ adiyifo no.”

Afei nne a metee sɛ efi soro no kasa kyerɛɛ me bio se, “Kɔ na kogye nhoma a wabue mu a ekita ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no.”

Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewaa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso w’anom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.”

10 Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee na ɛyɛɛ dɛ te sɛ wo wɔ m’anom. Nanso memenee no akyi, ɛkekae wɔ me yam.

11 Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.”