Handelingen 4 – HTB & ASCB

Het Boek

Handelingen 4:1-37

1Terwijl ze nog spraken tot het volk, kwamen de priesters met den hoofdman van de tempelwacht en de sadduceën op hen af, 2vergramd, omdat ze het volk onderrichtten, en in Jesus’ persoon de opstanding uit de doden verkondigden. 3Ze sloegen de hand aan hen, en brachten ze in verzekerde bewaring tot de volgende morgen; want het was reeds avond. 4Maar velen van hen, die de prediking hadden gehoord, werden gelovig; het getal der mannen steeg tot vijf duizend ongeveer. 5De volgende morgen kwamen de oversten, oudsten en schriftgeleerden van Jerusalem bijeen, 6te zamen met Annas, den hogepriester, met Káifas, Johannes en Alexander, en met allen, die tot het hogepriesterlijk geslacht behoorden. 7Ze lieten hen voorbrengen, en vroegen: Door welke macht en in wiens naam hebt gij dit gedaan? 8Nu sprak Petrus, vervuld van den Heiligen Geest, hun toe: Oversten van het volk, en oudsten! 9Wanneer we heden gerechtelijk worden verhoord over een weldaad aan een gebrekkig mens be- wezen, en over het middel waardoor hij genas, 10dan zij het u allen en heel het volk van Israël bekend, dat deze man gezond hier voor u staat door de naam van Jesus Christus van Názaret, dien gij hebt gekruisigd, maar dien God heeft opgewekt uit de doden. 11Hij is “de steen, die gij, de bouwlieden, hebt verworpen; en Hij is de hoeksteen geworden.” 12Bij niemand anders is er redding. Want onder de hemel is geen andere Naam aan de mensen gegeven, waardoor we zalig moeten worden. 13Toen ze de vrijmoedigheid van Petrus en Johannes zagen, en bemerkten, dat het maar ongeletterde en eenvoudige mensen waren, stonden ze verbaasd en herkenden hen als de gezellen van Jesus. 14Maar omdat ze ook den genezen man bij hen zagen staan, konden ze er niets tegen inbrengen. 15Ze geboden hun dus, zich uit de vergadering te verwijderen. Toen overlegden ze met elkander, 16en zeiden: Wat moeten we met die mensen doen? Want dat er door hen een opzienbarend wonder verricht is, weten alle inwoners van Jerusalem; we kunnen het dus niet loochenen. 17Maar om te beletten, dat het nog verder onder het volk wordt verbreid, moeten we hun ten strengste verbieden, nog iemand ter wereld over die Naam te spreken. 18Nu riepen ze hen binnen, en verboden hun ten strengste, te spreken of te onderwijzen in Jesus’ naam. 19Maar Petrus en Johannes antwoordden hun: Oordeelt zelf, of we het voor God verantwoorden kunnen, naar u te luisteren meer dan naar God. 20Neen. we kunnen niet zwijgen wat we hebben gezien en gehoord. 21Daarop begonnen ze hen te bedreigen; maar ze lieten hen ten slotte vrij, daar ze om het volk geen kans zagen, hen te straffen; allen toch verheerlijkten God om wat er gebeurd was. 22Want de man, aan wien dat wonder van genezing was geschied, was meer dan veertig jaren oud 23Nadat ze waren vrijgelaten, begaven ze zich naar hun broeders, en deelden hun alles mee, wat de opperpriesters en oudsten hun hadden gezegd. 24Toen ze dit hoorden, verhieven ze eenparig hun stem tot God, en zeiden: Gij Heer, Schepper van hemel en aarde en zee, en van al wat erin is: 25Gij zijt het, die in den Heiligen Geest door de mond van onzen vader David, uw dienaar, gezegd hebt “Waarom razen de volken, Bluffen de naties, 26Komen de koningen der aarde bijeen, Spannen de vorsten samen tegen den Heer en zijn Christus?” 27Waarachtig, ze hebben in deze stad samengespannen tegen Jesus, uw heiligen Dienaar, dien Gij gezalfd hebt: Herodes en Póntius Pilatus met de heidenen en de stammen van Israël: 28om te voltrekken wat uw hand en uw raadsbesluit vooruit had beschikt. 29Nu dan Heer, houd hun bedreiging in het oog, en verleen aan uw dienaars, om met alle vrijmoedigheid uw woord te spreken: 30door uw hand uit te strekken tot genezing, tot tekenen en wonderen, door de naam van Jesus, uw heiligen Dienaar. 31Na hun gebed trilde de plaats, waar ze waren vergaderd; allen werden vervuld van den Heiligen Geest, en spraken vrijmoedig Gods woord. 32De groep van gelovigen was één van hart en ziel; er was er niet één, die iets van het zijne zijn eigendom noemde, maar ze hadden alles gemeen 33Met grote kracht legden de apostelen getuigenis af van de verrijzenis van Jesus, den Heer, en aan allen werd grote genade geschonken. 34Er was inderdaad geen enkele noodlijdende onder hen. Want allen, die landerijen of huizen bezaten, verkochten ze, brachten de opbrengst mee, 35en legden die voor de voeten der apostelen neer; dan werd er uitgedeeld naar ieders behoefte. 36Zo was er een zekere Josef, door de apostelen Bárnabas (dat is: zoon van vertroosting) geheten, een leviet, van Cyprus afkomstig; 37hij bezat een stuk land, verkocht het, bracht het geld mee, en legde het voor de voeten der apostelen neer.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 4:1-37

Petro Ne Yohane Gyina Asɛnniiɛ

1Ɛberɛ a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ ne ɔpanin a ɔhwɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifoɔ baa wɔn nkyɛn. 2Wɔn bo fuu yie, ɛfiri sɛ, na saa asomafoɔ yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afiri owuo mu a ɛkyerɛ sɛ awufoɔ tumi nyane ba nkwa mu. 3Wɔkyeree asomafoɔ no, nanso ɛsiane sɛ na adeɛ asa enti, wɔde wɔn guu afiase kɔsii adekyeeɛ. 4Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodoɔ no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no diiɛ.

5Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin, mpanimfoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ hyiaa wɔ Yerusalem. 6Wɔhyiaa Ɔsɔfopanin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforɔ a wɔfiri Ɔsɔfopanin no abusua mu. 7Wɔmaa wɔde asomafoɔ baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn sɛ, “Tumi bɛn anaa hwan din na mode yɛɛ yei?”

8Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buaa sɛ, “Ɔman mpanimfoɔ ne atitire. 9Sɛ ɛnnɛ mogyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafoɔ no maa ne ho tɔɔ no no a, 10ɛnneɛ ɛsɛ sɛ mo ne Israelfoɔ nyinaa hunu sɛ, saa onipa a ɔgyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” 11Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ,

“ ‘Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no a

abɛyɛ tweatiboɔ.’

12Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni ewiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ.”

13Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ. 14Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. 15Wɔmaa wɔfirii asɛnniiɛ hɔ ma wɔdwendwenee asɛm no ho. 16Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwanwadeɛ a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”

18Wɔfrɛɛ asomafoɔ baanu yi baeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. 19Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa. 20Deɛ yɛahunu ne deɛ yɛate deɛ, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”

21Agyinatufoɔ no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso, na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. 22Na ɔbarima a wɔnam anwanwakwan so saa no yadeɛ no adi boro mfeɛ aduanan.

Agyidifoɔ No Mpaeɛbɔ

23Wɔgyaee Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ agyidifoɔ a aka no nkyɛn kɔkaa deɛ asɔfoɔ mpanin ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn. 24Ɛberɛ a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu, 25wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ,

“Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?

Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?

26Asase so ahemfo sɔre gyina

na atumfoɔ bom tu agyina

tia Awurade

ne Agyenkwa no.

27Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ hyiaa wɔ kuro kɛseɛ yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfoɔ Kronkron a woate ne ho no. 28Wɔhyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. 29Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfoɔ yi mfa akokoɔduru nka wʼasɛm yi. 30Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo ɔsomfoɔ Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.”

31Wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoeɛ. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wɔfirii aseɛ de akokoɔduru kaa Onyankopɔn asɛm.

Agyidifoɔ No Asetena

32Agyidifoɔ no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa korɔ. Wɔn mu bi anka sɛ nʼankasa ahodeɛ bi yɛ ɔno nko ara dea; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ faeɛ. 33Asomafoɔ no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa. 34Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuo no mu, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afie no tontɔneeɛ de sika a wɔnya firii mu no 35brɛɛ asomafoɔ no maa wɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ɛho hia obiara.

36Yosef a na ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro a na asomafoɔ no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no, 37tɔn nʼasase de sika a ɔnyaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.