Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מרקוס 8:1-38

1יום אחד כשהתאסף קהל גדול סביב ישוע, שוב לא היה להם מה לאכול. ישוע כינס את תלמידיו כדי לדון במצב.

2”אני מרחם על האנשים האלה“, אמר. ”הם נמצאים כאן כבר שלושה ימים, ונגמר להם האוכל. 3אם אשלח אותם הביתה רעבים, הם יתעלפו בדרך, מפני שחלקם באו ממקומות רחוקים.“

4”מאין נמצא להם אוכל במקום השומם הזה?“ שאלו התלמידים בפליאה.

5”כמה ככרות לחם יש לכם?“ שאל אותם ישוע. ”שבע“, השיבו. 6ישוע ביקש מהקהל לשבת על הארץ. הוא לקח את שבע ככרות הלחם, הודה לאלוהים עליהן, פרס את הלחם לפרוסות ונתן לתלמידיו כדי שיגישו לקהל. 7הם מצאו גם כמה דגים קטנים. ישוע ברך עליהם וביקש מתלמידיו להגישם לקהל. 8‏-9למרבית הפלא אכלו כולם עד ששבעו, ולאחר מכן שלח אותם ישוע הביתה. כארבעת־אלפים איש השתתפו בארוחה באותו יום, וכשאספו את השאריות והפירורים הם מילאו שבעה סלים גדולים!

10מיד לאחר מכן עלו ישוע ותלמידיו לסירה ושטו לאזור דלמנותא. 11הפרושים בדלמנותא שמעו על בואו, ובאו להתווכח איתו ולנסותו. אמרו לישוע: ”הראה לנו אות מהשמים, ואז נאמין בך.“

12ישוע נאנח אנחה עמוקה והשיב: ”לא אחולל למענכם כל פלא ולא אראה לכם כל אות מהשמים. כמה הוכחות דרושות לכם כדי שתאמינו?“

13ישוע עזב אותם, חזר לסירה ושט לגדה השנייה של הכינרת. 14התלמידים שכחו לקחת איתם מספיק אוכל, ונותרה להם בסירה רק כיכר לחם אחת.

15בהיותם בסירה הזהיר ישוע את תלמידיו בתקיפות: ”היזהרו מהשאור של המלך הורדוס ושל הפרושים!“

16”למה הוא מתכוון?“ שאלו התלמידים זה את זה. לבסוף הגיעו למסקנה שהוא ודאי מדבר על כך ששכחו לקחת איתם מספיק לחם.

17ישוע הקשיב לשיחתם והגיב: ”אתם טועים לגמרי. איני מדבר כלל על הלחם שבסירה. האם קשה לכם כל־כך להבין זאת? 18למה אתם לא רואים, למה אתם לא שומעים? למה אתם לא קולטים דבר?

19”האם שכחתם את חמשת־אלפים האנשים שהאכלתי בחמש כיכרות לחם? אמרו לי, כמה לחם נותר לאחר הארוחה?“

”שנים־עשר סלים מלאים“, ענו התלמידים במבוכה.

20”וכאשר האכלתי את ארבעת־אלפים האנשים בשבע ככרות לחם, כמה נותר בסוף?“

”שבעה סלים מלאים“, השיבו התלמידים.

21”ואתם עוד מעזים לחשוב שאני דואג משום שיש לנו רק כיכר לחם אחת?“

22בהגיעם לבית־צידה הביאו אליו מספר אנשים אדם עיוור, והתחננו לפניו שיגע בו וישיב לו את ראייתו. 23ישוע אחז ביד העיוור והוציאו אל מחוץ לכפר, שם ירק בעיניו והניח עליהן את ידיו.

”האם אתה רואה עכשיו?“ שאל ישוע.

24האיש הביט סביבו והשיב: ”כן! אני רואה אנשים; אבל הם נראים מטושטשים – כמו עצים מהלכים!“

25ישוע הניח שוב את ידיו על עיני האיש, והן נרפאו כליל. עתה יכול היה האיש לראות למרחוק בבירור.

26ישוע שלח אותו הביתה אל משפחתו ואמר: ”אל תלך לספר את הדבר לאנשי הכפר; לך ישר הביתה.“

27ישוע ותלמידיו עזבו את הגליל והלכו לכפרי קיסריה של פיליפוס. בדרך שאל ישוע את תלמידיו: ”מה אומרים עלי אנשים? למי הם חושבים אותי?“

28”יש אנשים שחושבים שאתה יוחנן המטביל,“ ענו התלמידים, ”ואחרים חושבים שאתה אליהו הנביא או נביא אחר.“

29”ומי אתם חושבים שאני?“ המשיך ישוע לשאול.

”אתה המשיח!“ קרא פטרוס. 30אולם ישוע הזהיר אותם שלא יגלו זאת לאיש.

31רק מאז החל ישוע לספר להם על הייסורים המצפים לו, והוא עוד סיפר שראשי הכוהנים, הסופרים והזקנים יגרמו למותו, אך יקום לתחייה לאחר שלושה ימים. 32ישוע דיבר אתם בגלוי לב, אולם פטרוס לקח אותו הצידה והוכיח אותו: ”אל תדבר כך!“

33ישוע הביט בפטרוס ואמר לו בחומרה: ”סור ממני, שטן שכמוך! אתה מסתכל על הדברים מנקודת ראות אנושית, ולא מנקודת ראותו של אלוהים.“

34ישוע ביקש מתלמידיו להתקרב אליו ולהקשיב. ”מי שרוצה ללכת בעקבותיי עליו להתכחש לעצמו, לשאת את צלבו וללכת אחרי. 35מי שחפץ להציל את חייו – יאבד אותם, ואילו מי שיוותר על חייו למעני ולמען הבשורה – יציל אותם.

36”איזה רווח יש לאדם שיכול להשיג את כל העולם אבל מפסיד חיי־נצח? 37מה כבר יכול בן־אדם לתת בתמורה לחייו? 38דעו לכם, שכל מי שמתבייש בי ובדברי בדור החוטא וחסר האמונה הזה, הוא יהיה לבושה לבן־האדם כאשר יבוא בכבודו עם המלאכים הקדושים.“

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 8:1-38

Nnipa Mpemnan Aduanema

1Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ. 2Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio. 3Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”

4Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”

5Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?”

Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.”

6Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan. 9Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. 10Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.

Ɔsoro Nsɛnkyerɛnneɛ

11Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” 12Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” 13Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.

Herode Ne Farisifoɔ Mmɔka

14Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ. 15Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.”

16Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm.

17Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim? 18Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa? 19Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?”

Wɔkaa sɛ, “Dumienu.”

20“Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?”

Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.”

21Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?”

Onifirani Bi Ayaresa Wɔ Betsaida

22Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?”

24Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

25Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.”

Petro Ka Sɛ Yesu Ne Kristo No

27Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”

28Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.”

29Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?”

Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.”

30Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara.

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ne Ne Wusɔreɛ Ho Nkɔm

31Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre. 32Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”

33Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.”

Ahopakyire

34Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi. 35Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa. 36Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? 37Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra? 38Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”