यहेजकेल 24 – HCV & ASCB

Hindi Contemporary Version

यहेजकेल 24:1-27

येरूशलेम एक पकाने के बर्तन के रूप में

1नवें वर्ष के, दसवें माह के दसवें दिन, याहवेह का वचन मेरे पास आया: 2“हे मनुष्य के पुत्र, आज के दिन को लिख लो, आज ही के दिन, क्योंकि बाबेल के राजा ने आज ही के दिन येरूशलेम की घेराबंदी की है. 3इन विद्रोही लोगों को एक दृष्टांत सुनाओ और उनसे कहो: ‘परम प्रधान याहवेह का यह कहना है:

“ ‘पकाने के बर्तन को चूल्हे पर रखो, चूल्हे पर रखो

और उसमें पानी डालो.

4तब उसमें मांस के टुकड़े डाल दो,

सब अच्छे टुकड़े—जांघ और कंधा.

इन उत्तम हड्डियों से उसे भर दो;

5झुंड के सबसे अच्छे पशु को लो.

तब हड्डियों के लिये बर्तन के नीचे लकड़ियां डालो;

उसे अच्छे से उबालो

और उसमें हड्डियों को पकाओ.

6क्योंकि परम प्रधान याहवेह का यह कहना है:

“ ‘धिक्कार है रक्तपात करनेवाले शहर पर,

धिक्कार है उस बर्तन पर, जिसमें जंग लगा है,

जिसमें का जंग नहीं जाता है!

उसमें से मांस को एक-एक टुकड़ा करके निकालो

जो भी क्रम में ये टुकड़े आते हैं उन्हें निकालो.

7“ ‘क्योंकि उस शहर ने जो रक्तपात किया है, वह अपने ही बीच किया है:

उसने खून को खाली चट्टान पर उंडेल दिया है;

उसने खून को भूमि पर नहीं उंडेला,

जहां धूल उसे ढांप ले.

8कोप को भड़काने और बदला लेने के लिये

मैंने उसके खून को खाली चट्टान पर डाला है,

ताकि उसे ढांपा न जाय.

9इसलिये परम प्रधान याहवेह का यह कहना है:

“ ‘धिक्कार है रक्तपात करनेवाले शहर पर!

मैं, भी लकड़ी का ऊंचा ढेर लगाऊंगा.

10लकड़ी का ढेर लगाओ

और उसमें आग लगाओ.

मांस को मसाले में मिलाकर

उसे अच्छी तरह पकाओ;

हड्डियों को हल्का सा जलने दो.

11तब खाली बर्तन को आग पर रखो

जब तक कि यह गर्म होकर इसका तांबा लाल न हो जाए,

ताकि इसकी अशुद्धता पिघल जाए

और उसमें लगा जंग जल जाए.

12इसने सारे परिश्रम को बेकार किया है;

इसमें लगा भारी जंग नहीं निकला है,

और तो और आग से भी नहीं निकला.

13“ ‘तुम्हारी अशुद्धता काम-वासना है. क्योंकि मैंने तुम्हें साफ करने की कोशिश की, पर तुम अपनी अशुद्धता से साफ नहीं होते, अब तुम फिर तब तक साफ किए न जाओगे, जब तक कि मेरा कोप तुम्हारे विरुद्ध शांत न हो जाए.

14“ ‘मैं, याहवेह ने कहा है. मेरे लिये काम करने का समय आ गया है. मैं नहीं छोड़ूंगा; मैं दया नहीं करूंगा, न ही नरम होऊंगा. तुम्हारे चालचलन और तुम्हारे कार्यों के अनुसार तुम्हारा न्याय होगा, परम प्रधान याहवेह की घोषणा है.’ ”

यहेजकेल की पत्नी का निधन

15याहवेह का वचन मेरे पास आया: 16“हे मनुष्य के पुत्र, मैं एक ही प्रहार में तुमसे तुम्हारे आंखों की खुशी छीनने ही वाला हूं. तौभी तुम शोकित न हो, न ही रोओ और न ही आंसू बहाओ. 17चुपचाप कराहो; मरे हुओं के लिये शोकित न हो. अपनी पगड़ी बांधे रहना और अपनी जूती पहने रहना; अपनी दाढ़ी और मूंछ को न ढांकना या शोक करनेवालों की प्रथा अनुसार होनेवाला भोजन न करना.”

18इसलिये सुबह मैं लोगों से बात किया, और शाम को मेरी पत्नी मर गई. उसके अगले सुबह मैंने वैसा ही किया, जैसा मुझे आदेश दिया गया था.

19तब लोग मुझसे पूछने लगे, “क्या तुम हमें नहीं बताओगे कि इन चीज़ों का हमसे क्या लेना देना है? तुम ऐसा क्यों कर रहे हो?”

20इसलिये मैंने उनसे कहा, “याहवेह का वचन मेरे पास आया: 21इस्राएल के लोगों से कहो, ‘परम प्रधान याहवेह का यह कहना है: मैं अपने पवित्र स्थान को अपवित्र करने ही वाला हूं—वह दृढ़ गढ़, जिस पर घमंड करते हो, तुम्हारे आंखों की खुशी, तुम्हारे स्नेह का पात्र. तुम्हारे बेटे और बेटियां, जो तुम्हारे पीछे रह जाएंगे, वे तलवार से मारे जाएंगे. 22और तुम वैसा ही करोगे, जैसा मैंने किया है. तुम अपने दाढ़ी और मूंछ को नहीं ढंकोगे या शोक करनेवालों की प्रथा अनुसार होनेवाला भोजन नहीं खाओगे. 23तुम अपने सिर पर अपनी पगड़ी रखोगे और अपने पांवों में अपनी जूतियां पहनोगे. तुम न तो शोक मनाओगे और न ही रोओगे पर अपने पापों और अपने ही बीच कराहने के कारण, तुम बरबाद हो जाओगे. 24यहेजकेल तुम्हारे लिए एक चिन्ह ठहरेगा; तुम वैसा ही करोगे, जैसा कि उसने किया है. जब ये बातें होंगी, तब तुम जानोगे कि मैं परम प्रधान याहवेह हूं.’

25“और हे मनुष्य के पुत्र, जिस दिन मैं उनके दृढ़ गढ़, उनका आनंद और महिमा, उनके आंखों की खुशी, उनके हृदय की इच्छा, और साथ ही साथ उनके बेटे और बेटियों को छीन लूंगा— 26उसी दिन बचकर भाग निकलने वाला एक व्यक्ति आकर तुम्हें वह समाचार देगा. 27उस समय तुम्हारा मुंह खुलेगा; तुम उस व्यक्ति से बात करोगे और फिर चुप न रहोगे. इस प्रकार तुम उनके लिये एक चिन्ह ठहरोगे, और वे जानेंगे कि मैं याहवेह हूं.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 24:1-27

Ɛsɛn No

1Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara. 3Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so

na hwie nsuo gu mu.

4Fa nankum no gu mu,

nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa.

Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;

5fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.

Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;

ma ɛnhuru

na noa nnompe a ɛwɔ mu no.

6“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,

nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,

na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!

Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu

a wommɔ so ntonto.

7“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini:

ɔhwie guu ɔbotan wesee so;

wanhwie angu fam,

baabi a mfuturo bɛkata soɔ.

8Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti

mede ne mogya guu ɔbotan wesee so

sɛdeɛ ɛso renkata.

9“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!

Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.

10Enti hyehyɛ nnyensin no

na sɔ ogya no.

Noa ɛnam no yie,

fa ahwanhwanneɛ fra mu;

na ma nnompe no nhye.

11Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so

kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ

sɛdeɛ emu fi no bɛnane

na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.

12Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;

emu fi dodoɔ no ankɔ,

ogya mpo antumi annyi.

13“ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.

14“ ‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

Hesekiel Yere Owuo

15Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16“Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo. 17Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.”

18Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.

19Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?”

20Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21Ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ akofena ano. 22Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di. 23Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie wɔ mo mu. 24Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’

25“Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no, 26saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo. 27Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”