創世記 27 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

創世記 27:1-46

以撒為兒子祝福

1以撒年老的時候,眼睛昏花,幾乎看不見。他把大兒子以掃叫來,說:「我兒啊!」以掃說:「我在這裡。」 2以撒說:「我年老了,不知道還能活多久。 3現在,帶著你的弓箭去田野為我打些野味來, 4照我喜歡的口味,做成美食給我吃,以便我在死前給你祝福。」

5利百加聽見了以撒跟兒子以掃說的話。以掃出去打獵後, 6利百加就對她兒子雅各說:「我聽見你父親對你哥哥以掃說, 7『你去打些野味回來,做成美食給我吃,以便我死之前在耶和華面前給你祝福。』 8現在,孩子,你要聽我的話,照我的吩咐去做。 9你到羊群裡選兩頭上好的山羊羔,我好照你父親喜愛的口味做成美食, 10由你拿去給他吃,讓他死前為你祝福。」

11雅各對母親利百加說:「哥哥以掃渾身是毛,我的皮膚光滑。 12如果父親用手摸我,一定會發覺我騙他,那時候我不但得不到祝福,反會招來咒詛。」 13他母親利百加對他說:「孩子啊,有咒詛,我來承擔。你只管聽我的話,把羊羔牽來。」

14於是,雅各把羊牽來交給母親,他母親就照他父親喜愛的口味做成美食。 15利百加又拿了大兒子以掃留在家裡最好的衣服,給小兒子雅各穿上, 16再用山羊皮把雅各光滑的手和脖子都包起來, 17然後把做好的美味和餅交給雅各

18雅各來到父親跟前,叫了一聲:「父親。」以撒回答說:「我在這裡,孩子,你是誰?」 19雅各對父親說:「我是你的大兒子以掃,你吩咐我的事,我已經辦好了。請你坐起來,吃我打的野味,然後給我祝福。」 20以撒對他說:「孩子,你怎麼這麼快就打到野味了?」雅各回答說:「因為你的上帝耶和華讓我碰見好機會。」 21以撒說:「孩子,過來,讓我摸摸看你是不是我兒以掃。」 22雅各挨到父親跟前,以撒摸著他說:「聲音是雅各的聲音,手卻是以掃的手。」 23因為雅各手上有毛,與他哥哥以掃的手一樣,以撒分辨不出來,就給他祝福。 24以撒又問:「你真是我的兒子以掃嗎?」雅各回答說:「是。」 25以撒便說:「把野味拿給我,我吃了你打的野味就為你祝福。」雅各遞上野味,以撒吃了;雅各又拿酒給他喝,他也喝了。 26以撒對他說:「孩子,你過來親吻我。」 27雅各就挨上前去親了父親。以撒聞到他衣服上的氣味,就祝福他說:

「我兒子的香氣就像蒙耶和華賜福之田地的香氣。

28願上帝賜你天上的甘霖、肥沃的土地並豐富的五穀和新酒。

29願萬民都臣服於你,

萬國都向你下拜。

願你成為你弟兄的主人,

願你母親的兒子向你下拜。

咒詛你的,願他受咒詛;

祝福你的,願他蒙祝福。」

以掃求父親祝福

30雅各接受了以撒的祝福才剛離開,他的哥哥以掃就打獵回來了。 31以掃把野味煮好,拿到父親跟前,說:「父親,請起來吃你兒子煮的野味,然後給我祝福。」 32他父親以撒問道:「你是誰?」以掃回答說:「我是你的長子以掃。」 33以撒大為震驚,說:「你沒有來之前,拿野味來給我吃的是誰呢?我已經吃了,也給那人祝福了,他將來必蒙祝福。」

34以掃聽了放聲痛哭,說:「父親啊,求你也為我祝福!」 35以撒說:「你弟弟已經用詭計把你的福分奪去了。」 36以掃說:「怪不得他叫雅各,他已經騙了我兩次,先前把我長子的名分奪去,現在又奪去我的福分!」接著他對父親說:「難道你沒有留下別的祝福可以給我嗎?」

37以撒以掃說:「我已經立他做你的主人,使他的眾弟兄做他的僕人,並給他五穀和新酒。孩子啊,我還能為你做什麼呢?」 38以掃對父親說:「父親啊,你只有一個祝福嗎?父親啊,求你也為我祝福!」以掃又放聲大哭。 39以撒對他說:

「你住的地方必遠離肥沃的土地,

也不會有天上的甘霖。

40你必倚靠刀劍生活,

又必服侍你的弟弟。

到你無法忍受的時候,

你必掙脫頸上的重軛。」

雅各逃往舅父家

41以掃因為父親把祝福給了雅各,就對雅各懷恨在心,暗自思量說:「父親已經不久人世,他死後,我要把雅各殺掉!」 42以掃的計謀傳到利百加耳中。她就派人把雅各叫來,對他說:「你哥哥以掃想要殺你洩憤! 43孩子,聽我的話,現在就逃到哈蘭你舅舅拉班那裡, 44與他住些日子,一直住到你哥哥的氣消了。 45等他氣消了,忘了你對他所做的事,我會派人接你回來。我何必在一天之內失去你們兩個呢?」 46利百加以撒說:「我被這些人女子煩死了。如果雅各也像以掃一樣娶那些人女子為妻,我活著還有什麼意思呢?」

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 27:1-46

Yakob Gye Esau Nhyira

1Isak bɔɔ akɔkoraa a nʼani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ papa no, ɛda koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau. “Me ba.”

Ɛnna Esau gyee so sɛ, “Agya, menie.”

2Isak kaa sɛ, “Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu. 3Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wiram kɔpɛ hanam bi brɛ me. 4Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu.”

5Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ sɛ ɔrekɔkum ɛnam no aba pɛ, ɛnna 6Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’ 8Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so. 9Kɔ nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no. 10Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.”

11Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ, “Wonim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ toromtorom. 12Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ɔhunu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sene sɛ anka ɔbɛhyira me.”

13Yakob maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nnwan no brɛ me.”

14Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ. 15Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ. 16Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. 17Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.

18Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Ɔduruu hɔ no, ɔkaa sɛ, “Agya!”

Isak buaa sɛ, “Mewɔ hɔ na wo hwan a?”

19Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.”

20Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?”

Yakob buaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”

21Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.”

22Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa sɛ, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau deɛ.” 23Isak anhunu sɛ ɛyɛ Yakob, ɛfiri sɛ, na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no. 24Isak sane bisaa Yakob sɛ, “Enti, ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?”

Yakob buaa sɛ, “Aane, me ne Esau.”

25Afei, Isak kaa sɛ, “Me ba, fa wʼaduane no brɛ me na menni, na medi wie a, mahyira wo.”

Yakob de aduane no brɛɛ nʼagya Isak, na ɔdiiɛ; ɔsane de nsã brɛɛ no ma ɔnomeeɛ. 26Isak wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, bra bɛfe mʼano!”

27Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no sɛ,

“Ampa ara! Me ba ho hwa te sɛ

ehwa a ɛfiri afuo

a Awurade ahyira so no mu.

28Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ,

na afuom aduane ne nsã mmu wo so.

29Amanaman bɛsom wo,

na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe.

Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo.

Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa,

na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso,

wɔbɛhyira wɔn.”

Esau Nhyira Abɔ No

30Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ. 31Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.”

32Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?”

Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.”

33Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!”

34Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”

35Nanso, Isak kaa sɛ, “Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira kɔ!”

36Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob27.36 Edin Yakob asekyerɛ reyɛ akɔyɛ omimfoɔ anaa osisifoɔ. a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?”

37Isak buaa Esau sɛ, “Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?”

38Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!”

Esau Twaa Adwo

39Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ,

“Tie! Asase27.39 Edom asase a na Esau asefoɔ te so no, na ɛyɛ kwawee ne abotan a sradeɛ nni mu koraa (1 Mose 36.8; 2 Ah 8.20). kesee so na wobɛtena,

na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so.

40Wode wo akofena na ɛbɛtena ase,

na woasom wo nua kumaa.

Nanso, daakye bi,

sɛ wokentene wo ho a,

wobɛfiri wo nua no som ase.”

Yakob Dwane Kɔ Laban Nkyɛn

41Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.”

42Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. 44Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo. 45Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?”

46Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.”