但以理書 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible 2023 (Traditional)

但以理書 2:1-49

尼布甲尼撒的夢

1尼布甲尼撒在執政第二年做了夢,心裡煩亂,無法入睡, 2便派人召來術士、巫師、行法術的和占星家2·2 「占星家」亞蘭文作「迦勒底人」,同下2·4510節;3·84·75·711,為他解夢。他們都來到王面前。 3王對他們說:「我做了一個夢,心裡煩亂,想知道夢的意思。」 4占星家用亞蘭話對王說:「願王萬歲!請將夢告訴僕人,僕人好解釋夢的意思。」 5王對占星家說:「我的旨意已定,你們若不能將夢和夢的意思告訴我,必被碎屍萬段,你們的家必淪為廢墟。 6你們若能將夢和夢的意思告訴我,我必給你們禮物、賞賜和極大的尊榮。所以你們要將夢和夢的意思告訴我。」 7他們再次對王說:「請王將夢告訴僕人,僕人好解釋夢的意思。」 8王說:「我敢肯定,你們是在拖延時間,因為你們知道我的旨意已定, 9你們若不將夢告訴我,我必懲治你們。你們串通起來在我面前胡言亂語,以拖待變。現在將夢告訴我,我就相信你們能解夢。」 10占星家說:「王所要求的,世上無人能做到,因為再偉大、再有權勢的君王,也沒問過術士、巫師或占星家這樣的事。 11王問的事太難,除了不在人間居住的神明外,無人能為王解答。」 12王大怒,下令處死巴比倫所有的智者。 13於是,處死智者的諭旨發出,有人便搜尋但以理和他的同伴,要處死他們。

14王的護衛長亞略奉命去處死巴比倫的智者,但以理機智、謹慎地應對。 15他問王的護衛長亞略:「王的命令為何這樣緊急?」亞略就把情況告訴他。 16但以理便進宮求王寬限,以便為王解夢。 17然後,他回到居所將這事告訴同伴哈拿尼雅米沙利亞撒利雅18要同伴祈求天上的上帝施憐憫,顯明這奧秘,以免他們和其他巴比倫的智者一起被殺。 19這奧秘在夜間的異象中向但以理顯明,他便頌讚天上的上帝, 20說:

「上帝的名永永遠遠當受稱頌,

因為智慧和能力都屬於祂。

21祂改變時令和季節,廢王立王,

賜智慧給智者,賜知識給哲士。

22祂顯明深奧隱秘之事,

洞悉暗中的隱情,

有光與祂同住。

23我祖先的上帝啊,我感謝你,讚美你,

因你賜我智慧和能力,

應允我們的祈求,

使我們明白王的夢。」

但以理解夢

24於是,但以理去見王指派處死巴比倫智者的亞略,對他說:「不要處死巴比倫的智者,請帶我去見王,我要為王解夢。」 25亞略急忙帶但以理去見王,對王說:「我在被擄的猶大人中找到一個能為王解夢的。」 26王就問又名伯提沙撒但以理:「你能將我做的夢和夢的意思告訴我嗎?」 27但以理回答說:「沒有智者、術士、巫師或占星家可以解答王所問的奧秘, 28-30但天上的上帝能揭開奧秘,祂已把將來要發生的事告訴了王。王啊,你躺在床上時想到了將來的事,揭開奧秘的上帝已把將來的事指示給你。上帝將王做的夢啟示給我,並非因為我智慧超群,而是要讓王知道夢的意思和王的心思。以下是王在床上做的夢和腦中出現的異象。

31「王啊,你夢見一個高大宏偉、極其明亮的塑像站在你面前,相貌可怕, 32有純金的頭、銀的胸和臂、銅的肚腹和大腿、 33鐵的小腿和半鐵半泥的腳。 34在你觀看的時候,有一塊非人手鑿出的石頭砸在塑像半鐵半泥的腳上,砸碎了腳。 35鐵、泥、銅、銀、金隨即粉碎,猶如夏天麥場上的糠秕,被風吹得無影無蹤。但打碎這像的石頭變成一座大山,充滿整個大地。

36「這就是夢的內容。現在我們要為王解夢。 37王啊,你是王中之王,天上的上帝已將國度、權柄、能力和尊榮賜給你, 38也將居住在各地的世人、走獸和飛禽都交在你手中,讓你管理。你就是那金頭。 39在你之後,必有另一國興起,不及你的國強大。之後是將要統治天下的第三個國,是銅的。 40接著是堅如鐵的第四國,能擊垮、打碎列國,正如鐵能擊垮、打碎一切。 41你看見半鐵半陶泥的腳和腳趾,表示那將是一個分裂的國。正如你看見鐵和泥混雜在一起,它必有鐵一般的力量。 42半鐵半泥的腳趾表示那國必半強半弱。 43你看見鐵和泥混雜在一起,這表示那國的民族彼此混雜通婚,卻不能團結,正如鐵和泥無法混合。 44在以上列王統治的時候,天上的上帝必設立一個永不被毀的國,這國必不會落入其他民族手中。它將擊垮、消滅列國,並且永遠長存。 45你看見那塊非人手從山中鑿出的石頭打碎鐵、銅、泥、銀和金。偉大的上帝已把將來的事告訴了王。這夢是真實的,解釋是可靠的。」

46尼布甲尼撒王俯伏在地,向但以理下拜,並下令給他獻供物和香。 47王對但以理說:「你們的上帝真是萬神之神、萬王之主、奧秘的啟示者,因為你能揭開這個奧秘。」 48王賜但以理高官及許多貴重的禮物,派他治理巴比倫全省,管理巴比倫所有的智者。 49王又應允但以理的請求,派沙得拉米煞亞伯尼歌負責巴比倫省的事務。但以理仍在朝中供職。

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 2:1-49

Nebukadnessar Daeɛso

1Nebukadnessar adedie mfeɛ mmienu so, ɔsosoo daeɛ bi ma ɛhaa no ara kɔsii sɛ, na ɔntumi nna. 2Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ bisaa wɔn sɛ, wɔnkyerɛ no daeɛ ko no. Wɔbɛgyinaa ɔhene no anim no, 3ɔkaa sɛ, “Maso daeɛ bi a ɛha me, enti mepɛ sɛ monkyerɛ me daeɛ ko a mesoeɛ no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mehunu.”

4Na Kaldeafoɔ no buaa no wɔ Arameike kasa mu sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ka daeɛ no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”

5Nanso, ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no sɛ, “Yei ne gyinaeɛ a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me daeɛ no, na moankyerɛ me aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔbɛbubu mo afie, ama afu wira. 6Na sɛ moka me daeɛ no, kyerɛ me aseɛ a, mɛma mo akyɛdeɛ a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka daeɛ no, na monkyerɛ me aseɛ.”

7Wɔkaa bio sɛ, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka daeɛ no kyerɛ wʼasomfoɔ, na yɛbɛkyerɛ wo aseɛ.”

8Ɔhene no buaa sɛ, “Mahunu mo nnaadaa no. Mahunu sɛ, moretwentwɛn ɛberɛ no so, na monim gyinaeɛ a masi asɛm a mekaeɛ no ho. 9Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mobɛdi atorɔ adaadaa me. Mosusu sɛ asɛm no bɛsesa. Monka daeɛ no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.”

10Kaldeafoɔ no buaa Ɔhene no sɛ, “Onipa teasefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ wo, Nana, wo daeɛ a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ anaa Kaldeafoɔ saa asɛm yi bi pɛn. 11Ɔhene abisadeɛ yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aka wo daeɛ no gye anyame. Nanso, wɔn tenabea nni ewiase yi mu.”

12Ɔhene no tee saa asɛm yi no, ne bo fuu yie, enti ɔhyɛɛ sɛ, wɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa. 13Na ɛsiane ɔhene no mmara den sɛ wɔnkunkum anyansafoɔ no enti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wɔnkunkum wɔn.

14Ɛberɛ a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfoɔ so panin baa sɛ ɔrebɛkum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasaeɛ. 15Daniel bisaa Ariok sɛ, “Adɛn enti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ no. 16Daniel kɔhunuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no berɛ kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ daeɛ no ase.

17Na Daniel kɔɔ ne fie kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria asɛm a asie. 18Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔmmisa ɔsoro Onyankopɔn sɛ, ɔnnom wɔn nʼahummɔborɔ sɛdeɛ wɔrenkum wɔn mfra anyansafoɔ nkaeɛ a wɔwɔ Babilonia no mu. 19Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn 20na ɔkaa sɛ,

“Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa,

ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.

21Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ;

ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so.

Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa,

na ɔma nhunumu ho nimdeɛ.

22Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi,

na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu;

hann atwa ne ho ahyia.

23Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn,

ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi;

woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me,

ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.”

Daniel Kyerɛ Daeɛ No Ase

24Afei, Daniel kɔhunuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ ɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne daeɛ no ase.”

25Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kaa sɛ, “Mahunu atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, daeɛ no ase.”

26Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar) no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ? Wobɛtumi akyerɛ me deɛ mehunuu wɔ me daeɛ no mu na woakyerɛ me aseɛ?”

27Daniel buaa sɛ, “Nana, anyansafoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, nkonyaayifoɔ anaa ntafowayifoɔ biara nni hɔ a wɔbɛtumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! 28Nanso, Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kɔkoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ɛbɛsi daakye. Wo daeɛ no ne anisoadehunu a ɛberɛ a woda wo mpa so no wohunuiɛ nie:

29“Nana, ɛberɛ a woreda no, wʼadwene kɔsisii nsɛm bi a ɛbɛsisi so. Deɛ ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo deɛ ɛrebɛba. 30Na ɛnnyɛ sɛ, Nana, menim nyansa kyɛn onipa teasefoɔ biara enti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no asekyerɛ na ɔte deɛ ɛbaa nʼadwene mu no ase.

31“Nana, wʼanisoadehunu no mu, wohunuu ohoni kɛseɛ bi sɛ ɔgyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛharan hyɛnn na ne ho yɛ hu yie. 32Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ. 33Dadeɛ na wɔde yɛɛ ne nan, na wɔde dadeɛ ne dɔteɛ a wɔde afra yɛɛ ne nantabon. 34Na Nana, worehwɛ no, ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛhwee dadeɛ ne dɔteɛ nantabon no so, pɛkyɛɛ no gɔsɔɔ. 35Afei Nana, ohoni mu no nyinaa a ɛyɛ dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, ma ɛyɛɛ sɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ, ma mframa bɛhuu ne nyinaa kɔeɛ a, hwee anka hɔ. Nanso, ɔboɔ a ɛpem ohoni no hwee fam no danee bepɔ kɛseɛ a ɛkataa asase nyinaa so.

36“Nana, daeɛ no nie o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo aseɛ. 37Nana, woyɛ ahene bebree so ɔhene. Ɔsoro Onyankopɔn ayɛ wo ahene mu ɔhene, ama wo tumi, ahoɔden ne animuonyam. 38Ɔde ewiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wiram ne nnomaa a wɔtu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn so difoɔ. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.

39“Na wʼahemman aba nʼawieeɛ akyi no, ahemman a ɛnnto wo deɛ no bɛsɔre abɛsi wʼananmu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛseɛ foforɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi ewiase so. 40Nea ɛbɛdi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛso na ɛwɔ ahoɔden te sɛ dadeɛ. Saa ahemman no bɛbubu, ayam aman a adi ɛkan no nyinaa te sɛdeɛ dadeɛ bubu yam biribiara a ɛne no hyia no. 41Nana, sɛdeɛ wohunu sɛ nantabon ne nansoaa yɛ dadeɛ ne dɔteɛ a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. 42Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dadeɛ, na ebi ayɛ mmerɛ sɛ dɔteɛ. 43Saa dadeɛ ne dɔteɛ mfrafraeɛ no sane kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahodoɔ a wɔadi afra a wɔntumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛdeɛ dadeɛ ne dɔteɛ ntumi nni afra no.

44“Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ. 45Ɔboɔ no a nsa biara nkura mu na ɛtwa firi bepɔ no so a ɛyam dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafraeɛ ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no.

“Onyankopɔn kokuroko akyerɛ Nana, deɛ ɛbɛba daakye. Daeɛ no yɛ nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ yɛ kann.”

Nebukadnessar Bɔ Daniel Aba So

46Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, somm no, na ɔhyɛɛ ne manfoɔ sɛ, wɔmfa afɔrebɔdeɛ mmra, na wɔnhye aduhwam wɔ nʼanim. 47Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Nokorɛ, wo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ Awurade wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, wo na woatumi akyerɛ saa kɔkoamsɛm yi mu.”

48Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yie sane yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yie. Ɔmaa Daniel bɛyɛɛ sohwɛfoɔ wɔ Babiloniaman no mu nyinaa, na ɔde no sii nʼanyansafoɔ no nyinaa so ɔhene. 49Daniel bisa ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfoɔ, na Daniel yɛɛ ɔsomfoɔ wɔ ɔhene aban mu.