分地
1「以下是各支派分得的土地:
「但的地業在北部:從希特倫經哈馬口到大馬士革邊界的哈薩·以難,北面靠近哈馬,橫跨東西兩地。 2亞設的地業從東到西與但的地業接壤。 3拿弗他利的地業從東到西與亞設的地業接壤。 4瑪拿西的地業從東到西與拿弗他利的地業接壤。 5以法蓮的地業從東到西與瑪拿西的地業接壤。 6呂便的地業從東到西與以法蓮的地業接壤。 7猶大的地業從東到西與呂便的地業接壤。
8「猶大邊界以南將是你們劃分出來的那塊地,寬十二公里半,由東至西的長度與其他各支派的地相同,聖殿在那塊地的中央。 9你們獻給耶和華的聖地長十二公里半、寬五公里, 10南北面各長十二公里半,東西面各寬五公里。耶和華的聖所在這塊地的中央。 11這塊地要歸給忠心事奉我的聖潔祭司撒督的子孫。當以色列人步入歧途時,他們沒有與利未人同流合污。 12這塊從聖地中劃出的至聖之地要歸給他們,它與利未人所得的地業相鄰。 13利未人的地與祭司的地並排挨著,長十二公里半,寬五公里。 14他們不可把這塊地出賣或交換,不可把這塊最好的地轉讓給他人,因為它是歸給耶和華的聖地。
15「剩下的十二公里半長、兩公里半寬的地方作公共用地,用來建城邑、房屋和草場,城要建在這地方的中央。 16城是正方形的,東、西、南、北各長兩公里半。 17城四周要有郊野,東西南北各長一百二十五米, 18與聖地相鄰,城外東西兩側剩下的地各長五公里,地裡的出產要作城內工人的食物。 19所有在這城裡做工的以色列各支派的人都要耕種這片土地。 20你們所獻的這塊聖地和城區是方形的,四面各長十二公里半。
21「聖地和城區東西兩邊的餘地要歸君王。兩邊的餘地從聖地十二公里半寬的東西邊界開始,沿各支派所分的地,分別向東向西延伸到以色列的東界和西界。聖地和聖殿在地的中央。 22利未人的產業和城區在君王土地的中央,君王的土地在猶大和便雅憫支派之間。
23「以下是其他各支派所分的地業:
「便雅憫的一份地業從東跨到西。 24西緬的一份地業從東到西與便雅憫的地業接壤。 25以薩迦的一份地業從東到西與西緬的地業接壤。 26西布倫的一份地業從東到西與以薩迦的地業接壤。 27迦得的一份地業從東到西與西布倫的地業接壤。 28迦得的南界是從他瑪延伸到米利巴·加低斯泉,沿埃及小河,一直到地中海。 29這就是你們要抽籤分給以色列各支派的土地,作為他們的產業。這是主耶和華說的。
30「以下是城的各個出口。北面的牆是兩公里半長, 31有三道門,按以色列的各支派命名,分別是呂便門、猶大門和利未門。 32東面的牆是兩公里半長,有三道門,分別是約瑟門、便雅憫門和但門。 33南面的牆是兩公里半長,有三道門,分別是西緬門、以薩迦門和西布倫門。 34西面的牆是兩公里半長,有三道門,分別是迦得門、亞設門和拿弗他利門。 35城的四周共長九公里半,從那時起,這城必叫『耶和華的所在』。」
Asase No Mu Kyekyɛ
1“Mmusuakuo no din na ɛdidi soɔ yi:
“Dan bɛnya kyɛfa baako wɔ atifi hyeɛ so hɔ; ɛbɛfa Hetlon ɛkwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar Enan ne Damasko atifi fam hyeɛ a ɛdi Hamat so no bɛyɛ ɛhyeɛ a ɛfiri apueeɛ fam kɔ atɔeɛ fam no fa bi.
2Aser bɛnya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
3Naftali bɛnya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
4Manase bɛnya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
5Efraim bɛnya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
6Ruben bɛnya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
7Yuda bɛnya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hyeɛ firi apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam.
8“Yuda nsase no hyeɛ a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛdeɛ sononko no bɛdi. Ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Na ne tentene, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no ne mmusuakuo no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.
9“Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tentene bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Na ne tɛtrɛtɛ ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000). 10Yei bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfoɔ no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) ne tentene mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔeɛ fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apueeɛ fam, na anafoɔ fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea. 11Yei bɛyɛ Sadokfoɔ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron no dea, wɔn a wɔdii me nokorɛ somm me na wɔannane amfiri me nkyɛn sɛdeɛ Lewifoɔ yɛeɛ ɛberɛ a Israelfoɔ dane firii me nkyɛn no. 12Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ.
13“Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). 14Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
15“Asase a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufoɔ. Wɔbɛsisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini 16na ne kɛseɛ bɛyɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) wɔ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. 17Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛseɛ bɛyɛ anammɔn ahasa aduɔson enum (375) wɔ nʼafanan biara. 18Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tentene mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapueeɛ fam ne nʼatɔeɛ fam. Ɛso nnɔbaeɛ no na kuropɔn no adwumayɛfoɔ bɛdi. 19Kuropɔn no mu adwumayɛfoɔ a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wɔfiri Israel mmusuakuo nyinaa no mu. 20Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susu anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Wobɛyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sononko.
21“Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Ɛfiri apueeɛ fam a ɛsusu anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) no, asase no bɛtrɛ akɔsi apueeɛ fam hyeɛ so, na atɔeɛ fam nso, ɛbɛtrɛ akɔsi atɔeɛ fam hyeɛ so. Nsase mmienu a ɛne mmusuakuo asase no sa soɔ no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini. 22Ɛno enti Lewifoɔ no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahyeɛ no ntam.
23“Mmusuakuo a aka no,
“Benyamin bɛnya kyɛfa baako; ɛbɛfiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
24Simeon bɛnya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
25Isakar bɛnya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
26Sebulon bɛnya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
27Gad bɛnya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hyeɛ afiri apueeɛ fam akɔ atɔeɛ fam.
28Gad kyɛfa no hyeɛ a ɛda anafoɔ fam no bɛkɔ anafoɔ fam afiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no.
29“Yei ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuo no sɛ agyapadeɛ, na yeinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Kuropɔn No Apono
30“Yeinom ne apono a wɔbɛfa mu apue afiri kuropɔn no mu:
“Ɛfiri aseɛ wɔ atifi fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum no (6,750), 31wɔde Israel mmusuakuo dumienu no din bɛtoto kuropɔn apono no. Apono mmiɛnsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ Ruben ɛpono, Yuda ɛpono ne Lewi ɛpono.
32Apueeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
33Anafoɔ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
34Atɔeɛ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
35“Ɛkwan a ɛtwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tentene yɛ anammɔn mpem aduonu nson (27,000).
“Na ɛfiri saa ɛda no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no sɛ, ‘Awurade Wɔ Hɔ.’ ”