以西結的異象
1第三十年四月五日,我正在迦巴魯河畔被擄的人當中,那時天開了,我看見了上帝的異象。 2那是約雅斤王被擄第五年的四月五日, 3就在迦勒底人境內的迦巴魯河畔,耶和華的話傳給了布西的兒子以西結祭司,耶和華的手按在他身上。
4在異象中,我看見一陣狂風從北方颳來,有一大朵雲閃耀著火光,四周環繞著燦爛的光芒,火的中心像發光的金屬。 5火中有四個像人形的活物, 6每個活物有四張臉和四個翅膀。 7他們的腿是直的,腳如同牛犢的蹄,都亮如磨光的銅。 8四面的翅膀下都有人的手,四個活物都有臉和翅膀, 9翅膀彼此相連。他們移動時不必轉身,各朝前面移動。 10四個活物的臉是這樣的:正面是人的臉,右面是獅子的臉,左面是牛的臉,後面是鷹的臉。 11他們的翅膀向上展開,每個活物的一對翅膀與兩側活物的翅膀相連,另外一對翅膀遮蔽身體。 12每個活物都往前直行,耶和華的靈往哪裡去,他們也往哪裡去,移動時不用轉身。 13四個活物的形像如燃燒的火炭,又像火把。活物之間有火上下移動,非常明亮,從火中發出閃電。 14這些活物像閃電一樣往來飛馳。
15當我觀看這些活物的時候,發現每個活物旁邊的地上都有一個輪子。 16四個輪子的形狀和結構都一樣,好像輪套輪,如同閃耀的綠寶石。 17他們可以向四面移動,移動時輪子不必轉向。 18輪圈高而可畏,周圍佈滿了眼睛。 19活物行走,輪子也在旁邊行走;活物上升,輪子也上升。 20靈往哪裡去,活物也往哪裡去,輪子也跟著往哪裡去,因為活物的靈在輪子裡。 21活物行走,輪子也行走;活物站立不動,輪子也站立不動;活物上升,輪子也跟著上升,因為活物的靈在輪子裡。
22活物的頭上好像鋪展著茫茫的穹蒼,如同頂著耀眼的水晶。 23穹蒼下四個活物伸展翅膀,彼此相對,各用另兩個翅膀遮蔽身體。 24他們移動時,我聽見他們翅膀發出的響聲如洪濤之聲,既像全能者的聲音,又像軍隊的吶喊。活物站住的時候,便將翅膀垂下。 25他們站立垂下翅膀時,有聲音從他們頭頂的穹蒼之上傳來。
26在他們頭頂的穹蒼之上彷彿有藍寶石的寶座,有一位形狀像人的高坐在寶座上。 27我看到祂的腰部以上好像燒紅發亮的金屬,好像有火四面環繞。腰部以下如同火焰。祂周圍有耀眼的光輝, 28彷彿雨天雲中的彩虹。
這是耶和華榮耀的形像。我一看見,便俯伏在地,隨後聽見有說話的聲音。
Ateasefoɔ No Ne Awurade Animuonyam
1Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu.
2Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum. 3Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.
4Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ. 5Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa, 6wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan. 7Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho. 8Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase, 9na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho.
10Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim. 11Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ ɔsoro; na wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho. 12Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho. 13Ateasefoɔ no suban te sɛ ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa. 14Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te sɛ anyinam a ɛredwidwa.
15Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu. 16Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu. 17Sɛ ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam. 18Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho.
19Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so. 20Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. 21Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu.
22Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa. 23Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne ho. 24Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.
25Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no. 26Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ. 27Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ.
Yei yɛ Awurade animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.