马太福音 28 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 28:1-20

耶稣复活

1安息日刚过,周日黎明时分,抹大拉玛丽亚和另一位玛丽亚一同到坟墓去察看。

2突然,大地剧烈地震动,上帝的天使从天而降,推开堵着墓穴的石头,坐在上面。 3他的容貌如闪电,衣裳洁白如雪。 4看守墓穴的卫兵吓得要死,浑身发抖。

5天使对那两个女人说:“不要怕,我知道你们是在找那位被钉十字架的耶稣。 6祂不在这里,正如祂所说的,祂已经复活了。你们来看,这是安放祂的地方。 7现在你们快回去,把这消息告诉祂的门徒,祂已经从死里复活,先你们一步去了加利利,你们将在那里见到祂。记住,我已经告诉你们了。”

8她们听了又惊又喜,连忙离开坟墓,跑去告诉门徒。 9忽然,耶稣迎面而来,对她们说:“愿你们平安!”她们就上前抱住祂的脚敬拜祂。

10耶稣对她们说:“不要害怕。去告诉我的弟兄,叫他们到加利利去,他们将在那里见到我。”

行贿造谣

11她们还在赶路的时候,有些守墓的卫兵已经进城把整件事告诉祭司长。 12祭司长和长老聚集商议,决定用重金买通守墓的卫兵,又吩咐他们: 13“你们就说,‘半夜里我们熟睡的时候,耶稣的门徒把祂的尸体偷走了。’ 14如果这件事传到总督那里,我们一定会替你们出面,保你们无事。” 15守卫收下钱,便依照吩咐去做。于是,这说法在犹太人中一直流传到今天。

大使命

16十一个门徒赶到加利利,到了耶稣和他们约定的山上, 17看到耶稣就敬拜祂,但有些人仍然心存疑惑。 18耶稣上前对门徒说:

“天上地下所有的权柄都交给我了。 19所以,你们要去使万民做我的门徒,奉父、子、圣灵的名给他们施洗, 20教导他们遵守我吩咐你们的一切。记住,我必常与你们同在,一直到世界的末了。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 28:1-20

Yesu Asɔre

1Homeda no akyi Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɔda no so.

2Asase wosow denneennen, na Awurade bɔfo sian fii ɔsoro ba bepirew ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. 3Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatade yɛ fitaa te sɛ nwera. 4Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan sɛ awufo.

5Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, 6nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no. 7Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”

8Mmea no de ehu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɔda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. 9Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no. 10Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”

Nea Awɛmfo No Kae

11Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn 13se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’ ” 14Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ se, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” 15Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ.

Ɔsoma Kɛse No

16Afei asuafo dubaako no sii mu kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wɔnkɔ so no so. 17Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nanso na wɔn mu bi nnye nni ara. 18Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”