民数记 5 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 5:1-31

送不洁净之人出营

1耶和华对摩西说: 2“你吩咐以色列人把所有患麻风病、漏症和因碰过死尸而不洁净的人, 3无论男女,都送到营外,免得他们玷污了营地,因为我住在其中。” 4以色列人就照耶和华对摩西的吩咐,把这些人送到营外。

赔偿条例

5耶和华对摩西说: 6“你把以下条例告诉以色列人。

“无论男女,若损害别人就是不忠于耶和华,就是犯罪。 7那人必须认罪,赔偿损失,并且必须加赔五分之一。 8如果受害人已死,又没有可以接受赔偿的近亲,赔偿就属于耶和华,要归祭司所有。那人还要再献上一只公绵羊为自己赎罪。 9以色列人带来奉献的一切圣物都要归祭司所有。 10各人奉献的圣物,无论是什么,都要归祭司所有。”

疑妻不贞

11耶和华对摩西说: 12-14“你把以下条例告诉以色列人。

“若有人怀疑妻子出轨,暗中与人通奸,却没有证据,在无法确定是自己疑心还是妻子不忠的情况下, 15他要带妻子到祭司那里,同时为妻子带去一公斤大麦面粉作为供物。不可在上面浇油或加乳香,因为这是因疑心而献上的素祭,要证明他妻子是否有罪。

16“祭司要把那妇人带到耶和华面前, 17用陶器盛一些圣水,从圣幕的地上取一些尘土撒在水中, 18然后让那妇人站在耶和华面前,解开她的头发,把那素祭放在她手里。祭司要拿着带给罪人咒诅的苦水, 19叫她发誓。祭司要对她说,‘如果你没有出轨,没有背着丈夫与人通奸,就不会被这苦水所害。 20如果你曾出轨,背着丈夫与人通奸, 21-22你喝下这苦水后,愿耶和华使你大腿消瘦、肚腹肿胀、不能生育,使你被同胞咒诅和唾弃。’她要说,‘阿们!阿们!’ 23祭司要把这咒诅写在书卷上,再放在苦水里把字洗掉。 24祭司要让妇人喝这可带来咒诅的苦水,不忠的妇人喝下后,肚子会感到剧痛。 25祭司要从妇人手中接过她丈夫因疑心而献的素祭,在耶和华面前摇一摇,然后带到祭坛那里。 26他要从素祭中取出一把面粉作为象征放在祭坛上焚烧,然后叫那妇人喝下苦水。 27如果她曾与人通奸,背叛了丈夫,这可带来咒诅的苦水进入她体内后,会引起剧痛,使她肚腹肿胀、大腿消瘦、不能生育,她也将被同胞咒诅。 28但如果她是贞洁的,没有与人通奸,就不会受伤害,仍能生育。

29“这就是处理丈夫怀疑妻子不忠的条例。遇到妻子背着丈夫与人通奸, 30或是丈夫怀疑妻子不忠,就要让妻子站在耶和华面前,由祭司对她执行这条例。 31无论结果怎样,丈夫都无罪,但妻子若有罪,必承担罪责。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 5:1-31

Israelfo Atenae Hɔ Kronkronyɛ

1Eyi ne mmara a Awurade san hyɛ maa Mose: 2“Ka kyerɛ Israelfo no se, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafo nyinaa fi atenae hɔ. Wɔn a kuru atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka funu nti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. 3Mmarima ne mmea nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na atenae a me ne mo bɛtena no ho rengu fi.” 4Wodii Awurade mmara no so.

5Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 6“Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima o, ɔbea o, odi Awurade huammɔ a, ɛyɛ bɔne. 7Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no. 8Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ Awurade de. 9Akyɛde kronkron a Israelfo de bɛkyɛ ɔsɔfo no yɛ ne de. 10Ɔsɔfo biara bɛfa akyɛde kronkron biara a ne nsa bɛka.”

11Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12“Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ aguaman 13nanso onhu asɛm no mu nokware na onya ɔdanseni 14na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, 15ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfo anim a ɔbea no ho afɔrebɔde a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohuam ngo mfrae lita abien ka ho. Efisɛ ɛyɛ ninkutwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokware ada adi ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem.

16“Ɔsɔfo no de ɔbea no bɛba Awurade anim, 17na wasaw Ahyiae Ntamadan no mu mfutuma de afra nsu kronkron5.17 Nsu kronkron ne mfutuma a wɔde afra no kyerɛ atɛntrenee a wobebu nnebɔneyɛfo no. a egu asuhina kɛse bi mu no. 18Ɔbɛsan ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔde no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuwii no yɛ nokware ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokware. Ɔsɔfo no begyina nʼanim a okura nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba no. 19-22Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’

23“Ɔsɔfo no bɛkyerɛw nnome yi nyinaa agu nhoma bi mu na wahohoro agu nsu nwenweenwen no mu. 24Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no nom nsu no na sɛ ɔnom wɔ bere a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu. 25Afei, ɔsɔfo no begye ninkunu afɔrebɔde no afi ɔbea no nsam na wahinhim wɔ Awurade anim na ɔde akɔ afɔremuka no so. 26Ɔbɛsaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so na wama ɔbea no anom nsu no. 27Sɛ ne ho agu fi na wabɔ aguaman atia ne kunu a, nsu a wanom no bɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu na ne yafunu ahon na ne srɛ aporɔw na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfo mu. 28Sɛ ɔyɛ kronkron a ɔmmɔɔ aguaman a, wɔrenhaw no, na ɛrenkyɛ, obenyinsɛn.

29“Eyi ne mmara a ɛfa ɔbea a ne bra nye na ne kunu twe ne ho ninkunu 30de hwehwɛ mu hu sɛ odi ne kunu nokware anaa onni no nokware no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfo no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. 31Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama ɔyare bɔne bi aba ne yere so, efisɛ ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”