民数记 30 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 30:1-16

许愿的条例

1摩西以色列各支派的首领说:“以下是耶和华的吩咐。

2“倘若人在什么事上向耶和华许愿或起誓,他就不可食言,必须履行诺言。 3倘若未出嫁的少女在什么事上向耶和华许愿或起誓, 4倘若她父亲得知她许的愿或起的誓后没有反对,她就必须履行诺言; 5倘若她父亲得知后加以反对,她的诺言就无效。耶和华必不追究她,因为她父亲反对。

6“倘若有女子出嫁前许了愿或信口起了誓, 7她丈夫得知后没有反对,她就必须履行诺言; 8倘若她丈夫得知后加以反对,她的诺言就无效,耶和华必不追究她。 9倘若寡妇或被休的妇人在什么事上许愿或起誓,她必须履行诺言。

10“倘若已婚妇女在夫家许愿或起誓, 11她丈夫得知后没有反对,她就必须履行诺言; 12倘若她丈夫得知的当天加以反对,她的诺言就无效。耶和华必不追究她,因为她丈夫反对。 13丈夫有权赞同或反对妻子许的愿或起的誓。 14倘若丈夫得知妻子许愿或起誓的当天没有反对,她就必须履行诺言,因为丈夫当天默认了。 15倘若丈夫当天默认了,后来又加以反对,他就要承担妻子的罪责。”

16以上是耶和华借摩西颁布的有关丈夫和妻子、父亲和未出嫁的女儿要遵守的条例。

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 30:1-16

Bɔhyɛ Ho Mmara

1Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade ahyɛ se: 2Sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ a, ɛnsɛ sɛ obu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔkaa se ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.

3“Sɛ ababaa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ bere a ɔda so te nʼagya fi, 4na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ ne ne ntam a ɔkaa no nyinaa no di mu. 5Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no siw no bɔhyɛ no ho kwan a, etwa ne bɔhyɛ ne ntam a ɔkae no mu. Awurade de bɛkyɛ ababaa no, efisɛ nʼagya ampene sɛ obedi so.

6“Sɛ ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam ansa na ɔware na ɛbɛyɛ asodi ma no 7na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee a, na ne bɔhyɛ no gyina hɔ. 8Na sɛ ne kunu no te na osiw no ho kwan a na ɛkyerɛ sɛ watwa mu a bɔhyɛ no anaa ntam no ho asodi nna ne so bio, enti Awurade de ne ho bɛkyɛ no.

9“Ɛsɛ sɛ ɔbea kunafo anaa nea wɔagyaa no aware no di ne ntam a ɔbɛka anaa bɔ a ɔbɛhyɛ no biara so.

10“Sɛ waware na ɔte ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam, 11na ne kunu no te na wansiw no ho kwan a, na ɛkyerɛ sɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ. 12Na sɛ ne kunu no te na, sɛ wampene so na, otwa mu a, na ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de ne ho bɛkyɛ no. 13Enti ne kunu no betumi asi ne bɔ a ɔhyɛ anaa ntam a ɔka no so dua anaasɛ obetwa mu. 14Sɛ da mu no nyinaa wanka ho hwee ankyerɛ no de a, na ɛkyerɛ sɛ ɔpene so wɔ hwee a wanka amfa ho no nti. 15Sɛ ɔtwɛn ma mmere bi fa so ansa na ɔka se bɔhyɛ no nni mu a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔsoa ɔbea no mfomso no ho asodi.”

16Eyinom ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere, ne agya ne ne babea a ɔda so te ne fi no.