撒母耳记上 23 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 23:1-29

大卫营救基伊拉

1一天,大卫得知非利士人正在攻打基伊拉,抢掠麦场, 2便求问耶和华:“我可以去攻打非利士人吗?”耶和华答道:“你可以去攻打非利士人,营救基伊拉。” 3大卫的部下却对他说:“我们在犹大这里尚且胆战心惊,何况去基伊拉攻打非利士军队呢!” 4大卫再求问耶和华,耶和华答道:“到基伊拉去吧,我一定把非利士人交在你手里。” 5于是,大卫和部下到基伊拉去攻打非利士人,大败敌人,夺取了他们的牲畜,救出基伊拉人。

6亚希米勒的儿子祭司亚比亚他基伊拉投奔大卫时,把以弗得也带了去。 7扫罗得知大卫基伊拉,就说:“这一次是上帝把他交在我手中了,因为他竟然自投网罗,进入有门有闩的城。” 8扫罗召集全军准备攻打基伊拉,围困大卫和他的部下。 9大卫知道了扫罗的计谋,便吩咐祭司亚比亚他把以弗得带来, 10然后说:“耶和华,以色列的上帝啊,仆人听说扫罗要来毁灭基伊拉,因为我在这里。 11基伊拉的人会不会把我交给扫罗呢?扫罗是不是像我听说的那样要来这里呢?耶和华,以色列的上帝啊,求你告诉我。”耶和华说:“扫罗一定会来。” 12大卫又问耶和华:“基伊拉的人会不会把我和我的部下交给扫罗呢?”耶和华说:“他们一定会。” 13于是,大卫率领自己的六百部下离开基伊拉,到处流浪。扫罗得知大卫已经离开基伊拉,就不去了。

14大卫住在旷野的堡垒或西弗旷野的山区。扫罗天天搜捕大卫,但上帝没有把大卫交在他的手中。 15大卫西弗旷野的何利沙得知扫罗要来杀他。 16扫罗的儿子约拿单何利沙大卫,鼓励大卫坚定地信靠上帝。 17他对大卫说:“不要害怕,我父亲害不了你。你将做以色列的王,我将做你的宰相。我父亲也明白这一点。” 18二人在耶和华面前立了约。之后,大卫仍留在何利沙约拿单则回家去了。

19西弗人去基比亚扫罗,说:“大卫就躲在我们那里,在旷野南面哈基拉山上何利沙的堡垒里。 20王啊,你随时都可以下来,我们一定把他交在王的手里。” 21扫罗说:“愿耶和华赐福给你们!因为你们体恤我。 22我听说他非常狡猾,你们再回去弄清楚他的行踪,谁在那里见过他, 23查明他的藏身之处,回来如实告诉我,然后我会与你们同去。如果他在犹大境内,我要搜遍千家万户,找到他。” 24于是,西弗人先回去了。当时大卫和他的部下在旷野南面的亚拉巴,即玛云旷野。 25大卫听说扫罗和手下正在搜寻他,便率领部下前往玛云旷野的磐石,住在那里。扫罗得知后,便去玛云旷野追赶大卫26扫罗在山这边走,大卫和他的部下在山那边走,急急忙忙地躲避扫罗扫罗和他的手下四面包围过来,眼看就要抓住他们了。 27这时,扫罗的信使前来禀报,说非利士人前来犯境,请王速回。 28扫罗只好放弃追赶大卫,回师迎战非利士人。因此,那地方叫“脱险岩”。 29后来,大卫从那里转移到隐·基底的堡垒里。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 23:1-29

Dawid Bɔ Keila Kuro Ho Ban

1Ɛda koro bi, Dawid tee sɛ Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔ wɔn ayuporobea. 2Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ wɔn so anaa?”

Awurade buaa sɛ, “Aane, kɔ na kɔgye Keila.”

3Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.”

4Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.”

5Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. 6Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.

7Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” 8Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.

9Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 10Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri sɛ, mewɔ ha. 11Merebisa sɛ, enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me.”

Na Awurade buaa no sɛ, “Ɔbɛba.”

12Bio, Dawid bisaa sɛ, “Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?”

Na Awurade buaa sɛ, “Aane, wɔbɛyi mo ama.”

Dawid Kɔhinta Ɛserɛ So

13Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.

14Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ hɔ wɔ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso Awurade amma no anhunu no.

15Dabi a Dawid wɔ Hores wɔ Sif ɛserɛ so no, ɔtee sɛ Saulo nam ɛkwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. 16Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu. 17Yonatan hyɛɛ no den sɛ, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no.” 18Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores hɔ.

19Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔyii Dawid maeɛ sɛ, “Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, wɔ Yesimon anafoɔ fam ha yi. 20Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo.”

21Saulo kaa sɛ, “Awurade nhyira mo! Afei, mahunu sɛ, mʼasɛm fa obi ho. 22Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhunu baabi a ɔte ne obi a wahunu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, menim sɛ ɔyɛ oniferefoɔ. 23Monhwehwɛ nʼahintaeɛm, na monsane mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ ɛpɔ mu hɔ nko ara deɛ a, mɛnya no, na mpo, sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ ahintaeɛ biara a ɛwɔ Yuda a, mɛyɛ!”

24Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so. 25Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no.

26Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no, 27Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio. 28Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan. 29Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ.