哥林多后书 13 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哥林多后书 13:1-14

最后的警告

1这是我第三次要去你们那里。圣经上说:“任何控告必须有两三个证人作证才能成立。” 2我第二次去探望你们的时候已经警告过了,如今我虽然不在你们那里,但仍要再次警告那些犯罪的人以及其余的人:我再来的时候,必不宽容。 3既然你们要我证明是基督借着我说话,那么你们当知道,基督处理你们这类的事绝不软弱,祂在你们当中充满力量。 4不错,祂的软弱之躯曾被钉在十字架上,但如今祂靠上帝的大能活着。我们也跟祂一样软弱,但为了你们,我们要靠上帝的大能和祂一同活着。

5你们要自我省察,看看自己是否真正信主,也要察验自己。除非你们经不起察验,否则,你们应该知道耶稣基督住在你们里面。 6我希望你们会知道,我们是经得起考验的。 7我们祈求上帝使你们一件恶事都不做,不是为了要显明我们经得起考验,而是要你们行事端正,就算我们经不起考验也无妨。 8因为我们不能抵挡真理,只能拥护真理。 9只要你们刚强,我们就是软弱也欢喜。我们为你们祈祷,盼望你们做纯全的人。 10我写这封信是预先警告你们,免得我到你们当中的时候,必须运用基督给我的权柄严厉地对待你们。基督赐给我这权柄是为了造就人,不是毁坏人。

劝勉与祝福

11最后,弟兄姊妹,我还有几句话要说:你们要喜乐,追求完善,接受劝勉,同心合意,和睦共处。这样,仁爱和平的上帝必常与你们同在。

12你们要以圣洁的吻彼此问候。 13全体圣徒都问候你们。

14愿主耶稣基督的恩典、上帝的慈爱、圣灵的感动,常与你们众人同在!

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 13:1-14

Kɔkɔbɔ A Etwa To

1Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, “Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” 2Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu mprempren a minni mo nkyɛn yi. Sɛ mesan ba bio a, meremfa mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no ho nkyɛ wɔn, 3efisɛ mopɛ sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu. 4Ɛwɔ mu sɛ mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asennua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛw de, nanso ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.

5Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu ana. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu ana? Sɛ ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. 6Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu. 7Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim. 8Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina ma no. 9Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ. 10Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ meba a merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so.

11Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

12Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

13Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.

14Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.