耶稣基督的家谱
1耶稣基督是亚伯拉罕的子孙、大卫的后裔,以下是祂的家谱:
2亚伯拉罕生以撒,
以撒生雅各,
雅各生犹大和他的兄弟,
3犹大和她玛生法勒斯和谢拉,
法勒斯生希斯仑1:3 “兰”希腊文是“亚兰”。,
希斯仑生兰,
4兰生亚米拿达,
亚米拿达生拿顺,
拿顺生撒门,
5撒门和喇合生波阿斯,
波阿斯和路得生俄备得,
俄备得生耶西,
6耶西生大卫王。
大卫和乌利亚的妻子生所罗门,
7所罗门生罗波安,
罗波安生亚比雅,
亚比雅生亚撒,
8亚撒生约沙法,
约沙法生约兰,
约兰生乌西雅,
9乌西雅生约坦,
约坦生亚哈斯,
亚哈斯生希西迦,
10希西迦生玛拿西,
玛拿西生亚们,
亚们生约西亚,
11约西亚生耶哥尼雅和他的兄弟,
那时以色列人被掳往巴比伦。
12被掳到巴比伦以后,
耶哥尼雅生撒拉铁,
撒拉铁生所罗巴伯,
13所罗巴伯生亚比玉,
亚比玉生以利亚敬,
以利亚敬生亚所,
14亚所生撒督,
撒督生亚金,
亚金生以律,
15以律生以利亚撒,
以利亚撒生马但,
马但生雅各,
16雅各生约瑟。
约瑟就是玛丽亚的丈夫,
那被称为基督1:16 “基督”意思是“受膏者”。的耶稣就是玛丽亚生的。
17这样,从亚伯拉罕到大卫共有十四代,从大卫到被掳至巴比伦也是十四代,从被掳至巴比伦到基督降生也是十四代。
耶稣的降生
18以下是耶稣基督降生的经过。
耶稣的母亲玛丽亚和约瑟订了婚,还没有成亲就从圣灵怀了孕。 19约瑟是个义人,不愿公开地羞辱她,便决定暗中和她解除婚约。 20他正在考虑这事的时候,主的一位天使在梦中向他显现,说:“大卫的后裔约瑟,不要怕,把玛丽亚娶过来,因为她所怀的孕是从圣灵来的。 21她将生一个儿子,你要给祂取名叫耶稣1:21 “耶稣”意思是“救主”。,因为祂要把自己的子民从罪恶中救出来。”
22这一切应验了主借着先知所说的话: 23“必有童贞女怀孕生子,祂的名字要叫以马内利,意思是‘上帝与我们同在’。” 24约瑟醒来,就遵从主的天使的吩咐和玛丽亚结婚, 25只是在她生下孩子之前没有与她同房。约瑟给孩子取名叫耶稣。
Yesu Kristo Mpanyimfo
1Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:
2Abraham ba ne Isak,
Isak ba ne Yakob;
Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
3Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar.
Peres ba ne Hesron
na Hesron nso ba ne Ram.
4Ram woo Aminadab,
Aminadab woo Nahson,
Nahson nso woo Salmon.
5Salmon ne ne yere Rahab woo Boas,
Boas ne ne yere Rut woo Obed,
Obed nso woo Yisai.
6Yisai ba ne Ɔhene Dawid.
Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
7Salomo woo Rehoboam,
Rehoboam woo Abia,
Abia woo Asa.
8Asa woo Yehosafat,
Yehosafat woo Yoram,
Yoram nso woo Usia
9Usia ba ne Yotam,
Yotam ba ne Ahas:
Ahas ba ne Hiskia.
10Hiskia ba ne Manase,
Manase ba ne Amon,
Amon nso ba ne Yosia.
11Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.
12Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni:
Yekonia woo Sealtiel,
Sealtiel woo Serubabel.
13Serubabel woo Abihud,
Abihud woo Eliakim,
Eliakim nso woo Asor.
14Asor ba ne Sadok,
Sadok ba ne Akim,
Akim ba ne Elihud.
15Elihud ba ne Eleasar,
Eleasar ba ne Matan.
Matan nso ba ne Yakob,
16Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
17Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.
Yesu Awo
18Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron. 19Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ obegyaa no aware wɔ kokoa mu.
20Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron. 21Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.”
22Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se: 23“Ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no din Immanuel” a ase ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”
24Bere a Yosef nyan no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fi ma ɔbɛyɛɛ ne yere. 25Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”