介绍菲比
1现在我给你们推荐我们的姊妹菲比,她是坚革哩教会的女执事。 2请你们在主里照着做圣徒的本分接待她。无论她有什么需要,请你们帮助她,因为她帮助过许多人,也帮助过我。
问候圣徒
3请代我问候百基拉和亚居拉夫妇,他们是我在基督耶稣里的同工, 4为了救我将生死置之度外。不但我感谢他们,就是外族人的教会也感谢他们。 5请问候在他们家中聚会的教会。请问候我所爱的以拜尼土,在亚细亚他第一个信从基督。 6请问候玛丽亚。她为你们多受劳苦。 7请问候安多尼古和犹尼亚,他们是我的亲人,曾与我一同坐牢,在使徒中很有名望,比我先信基督。 8请问候我在主里所爱的暗伯利。 9请问候在基督里与我同工的耳巴奴和我所爱的士大古。 10请问候亚比利,他在基督里曾受过考验。请问候亚利多布家里的人。 11请问候我的亲人希罗天。请问候拿其数家中的信徒。 12请问候土非娜和土富撒,她们都为主劳苦。请问候我所爱的彼息,她为主多受劳苦。 13请问候主所拣选的鲁孚,也问候他的母亲,他的母亲就是我的母亲。 14请问候亚逊其土、弗勒干、黑米、八罗巴、黑马和他们当中的其他弟兄姊妹。 15请问候非罗罗古、犹利亚、尼利亚和他的妹妹、阿林巴和他们那里的众圣徒。 16你们要以圣洁的吻彼此问候。基督的众教会都问候你们。
提防悖逆者
17弟兄姊妹,我劝你们要留意那些制造分裂和障碍、背离你们所学之道的人,你们要避开他们。 18他们并不是在事奉我们的主基督,只是为了满足自己的欲望,用花言巧语欺骗单纯幼稚的人。 19你们对主的顺服已人人皆知,我为你们高兴,我希望你们在好事上聪明,在坏事上无知。 20赐平安的上帝快要把撒旦践踏在你们脚下了。愿我们主耶稣的恩典与你们同在!
其他人的问候
21我的同工提摩太和我的亲人路求、耶孙和所西巴德问候你们。 22我这代笔写信的德特在主里问候你们。 23接待我也接待全教会的该犹问候你们。主管本城财政的以拉都问候你们,括土弟兄也问候你们。 24愿我们的主耶稣基督赐恩典给你们众人!阿们。16:24 有古卷无24节。
25愿荣耀归于上帝!祂能按照我传讲的耶稣基督的福音,并通过启示万古隐藏的奥秘使你们刚强。 26按照永恒上帝的命令,这奥秘如今已经显明出来,并借着先知们所写的经书公诸于世,让万族的人都信从耶稣基督。 27愿荣耀借着耶稣基督归于独一全智的上帝,直到永远。阿们!
Nkyea
1Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. 2Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso.
3Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu 4a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.
5Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn.
Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
6Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso.
7Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.
8Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia.
9Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.
10Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no,
Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.
11Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie.
12Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no.
Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.
13Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.
14Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.
15Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.
16Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho mo ho.
Kristo asafo no nyinaa kyea mo.
17Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho. 18Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee. 19Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno enti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.
20Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Ɔbonsam wɔ mo nan ase.
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
21Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo.
22Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo.
23Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo.
Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo. 24Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
25Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, 26wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. 27Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.