箴言 30 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible 2022 (Simplified)

箴言 30:1-33

亚古珥的箴言

1以下是雅基的儿子亚古珥的箴言。

这人说:上帝啊,我很疲倦;

上帝啊,我很疲倦,精疲力尽。30:1 “这人说”希伯来文或译“这人对以铁说,对以铁和乌甲说”。

2我比众人都愚蠢,

不具备人的悟性。

3我从未学到智慧,

也不认识至圣者。

4谁升上高天又降下来?

谁将风聚在掌中?

谁将众水裹在衣服里?

谁定了地的边界?

祂叫什么名字?

祂儿子叫什么名字?

你知道吗?

5上帝的话句句千真万确,

祂作投靠祂之人的盾牌。

6你不可对祂的话有所添加,

免得祂责备你,

揭穿你的虚谎。

7上帝啊,我向你求两件事,

求你在我有生之年赐给我。

8求你使虚伪和谎言远离我,

求你让我不贫穷也不富足,

赐给我需用的饮食,

9免得我因为饱足就不认你,

说:“耶和华是谁呢?”

又恐怕我因穷困而偷窃,

以致辱没我上帝的名。

10别向主人毁谤他的仆人,

免得你受咒诅、担当罪责。

11有一种30:11 “种”希伯来文是“世代”,11-14节也相同。人咒诅父亲,

不为母亲祝福。

12有一种人自以为纯洁,

却没有洗掉自己的污秽。

13有一种人趾高气扬,

目空一切。

14有一种人牙如剑,

齿如刀,

要吞吃世间的困苦人和贫穷人。

15水蛭有两个女儿,

她们不停地叫:“给我!给我!”

三样东西从不知足,

永不言“够”的共有四样:

16阴间、不孕的妇人、

干旱的土地和烧不够的火焰。

17嘲笑父亲、藐视母亲教诲的,

眼睛必被谷中的乌鸦啄出,

被秃鹰吃掉。

18我测不透的妙事有三样,

我不明白的事共有四样:

19鹰在空中飞翔之道,

蛇在石上爬行之道,

船在海中航行之道,

男女相爱之道。

20淫妇的道是这样:

她吃完就擦擦嘴,

说,“我没有做坏事。”

21使大地震动的事有三样,

大地无法承受的事共有四样:

22奴仆做王,

愚人吃饱,

23丑恶女子出嫁,

婢女取代主母。

24地上有四种动物,

身体虽小却极其聪明:

25蚂蚁力量虽小,

却在夏天储备粮食;

26石獾虽不强壮,

却在岩石中做窝;

27蝗虫虽无君王,

却整齐地列队前进;

28壁虎虽易捕捉,

却居住在王宫大内。

29步履威武的有三样,

走路雄壮的共有四样:

30威震百兽、从不畏缩的狮子,

31昂首阔步的雄鸡,

公山羊和率领军队的君王。

32你若行事愚昧、

妄自尊大或图谋不轨,

就当用手掩口。

33激起愤怒会引起争端,

正如搅牛奶会搅出奶油,

拧鼻子会拧出鼻血。

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 30:1-33

Agur Nsɛm A Ɔkaeɛ

1Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:

Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:

2“Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,

menni onipa nteaseɛ.

3Mensuaa nyansa,

na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

4Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?

Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?

Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?

Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?

Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?

Sɛ wonim a ka kyerɛ me!

5“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.

6Mfa biribi nka nʼasɛm ho,

anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.

7“Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;

mfa nkame me ansa na mawu:

8Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;

mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;

nanso ma me deɛ medi daa.

9Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo

na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’

Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,

na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.

10“Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;

sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.

11“Nnipa bi dome wɔn agyanom,

na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;

12Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so

a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;

13wɔn a wɔn ani tra ntɔn,

na wɔbu animtiaa;

14wɔn a wɔn se yɛ akofena

na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan

wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,

na woayi onibie afiri adasamma mu.

15“Amemem wɔ mmammaa mmienu

a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’

“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.

Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

16Damena,

obonini awotwaa,

asase a ɛyɛ wesee daa,

ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

17“Ani a ɛyi agya ahi,

na ɛbu ɛna animtia no,

bɔnhwa ho anene bɛtutu,

na apete abɛdi.

18“Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa,

ɛnan na mente aseɛ:

19Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem,

sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so,

ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so,

ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.

20“Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie:

Ɔdidi, ɔpepa nʼano

na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’

21“Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso,

ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:

22akoa a wabɛyɛ ɔhene,

ɔkwasea a wadidi amee,

23ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ,

afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.

24“Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so,

nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:

25Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden,

nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;

26Nkukuban30.26 Nkukuban yɛ nnanko mu ahodoɔ bi a, wɔtena akuakuo wɔ mmepɔ mu.—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden,

nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,

27ntutummɛ nni ɔhene,

nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;

28wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ,

nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.

29“Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ,

ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:

30gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;

31akokɔnini a ɔretutu taataa,

ɔpapo,

ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.

32“Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,

anaa woadwene bɔne a,

ma wʼani nwu na mua wʼano!

33Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba

na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no,

saa ara na abufuo de akasakasa ba.”