与外族人隔离
1那天,有人给民众宣读摩西律法书时,发现书上说亚扪人和摩押人永不可加入上帝的会众。 2因为他们没有用食物和水接待以色列人,还雇巴兰咒诅他们,但我们的上帝将咒诅变为祝福。 3以色列人听到律法书上的话,便逐出所有外族人。
尼希米的改革
4这事之前,被委派负责上帝殿库房的以利亚实祭司因与多比雅是亲戚, 5就为多比雅预备了一个大房间,这房间从前用来存放素祭、乳香、器皿,还有按律法给利未人、歌乐手、殿门守卫的十分之一五谷、新酒和新油,以及给祭司的举祭。 6这一切发生的时候,我不在耶路撒冷,因为我已在巴比伦王亚达薛西三十二年回到王那里。过了一段日子,我向王请假离开。 7我返回耶路撒冷后,才得知以利亚实在上帝殿的院内为多比雅预备房间的恶事。 8我非常愤怒,把多比雅所有的物品扔出房间, 9下令洁净那些房间,然后搬回上帝殿内的器皿、素祭和乳香。
10我发现利未人没有得到应得之份,以致当值的利未人和歌乐手都跑回自己的田地。 11我斥责众首领说:“为何忽略上帝的殿?”然后,我招聚利未人,叫他们各归各职。 12犹大人都把他们的五谷、新酒和新油的十分之一送进库房。 13我派示利米雅祭司、律法教师撒督及利未人毗大雅管理库房,并派撒刻的儿子、玛他尼的孙子哈难做他们的助手。这些人忠诚可靠,他们负责把物品分配给他们的弟兄。 14我的上帝啊,求你因这事而记念我,不要涂抹我为上帝的殿和其中的敬拜礼仪所做的善事。
15那些日子,我在犹大看见有人在安息日榨酒,用驴驮运禾捆,又在安息日把酒、葡萄、无花果和各样出产带进耶路撒冷。我就在他们卖食物的那天警告他们。 16一些住在耶路撒冷的泰尔人运来鱼和各样货物,在安息日卖给耶路撒冷的犹大人。 17我斥责犹大的贵族说:“你们为何做这恶事干犯安息日? 18你们的祖先难道不是犯了这样的罪,以致我们的上帝使一切灾祸临到我们和这城吗?如今你们干犯安息日,使上帝的愤怒越发临到以色列。”
19我下令在安息日之前夜幕来临时关上耶路撒冷城门,一直到安息日完毕才打开。我又派我的一些仆人把守城门,不准在安息日带货物进城。 20有一两次,商人和贩卖各样货物的曾在耶路撒冷城外住宿。 21我警告他们说:“你们为什么在城墙外面住宿呢?若再这样,我必拘捕你们。”从此,他们就不再在安息日来了。 22我吩咐利未人洁净自己,然后来看守城门,尊安息日为圣日。我的上帝啊,求你因此而眷顾我,按你丰盛的慈爱怜悯我。
23那些日子,我见犹大人娶了亚实突、亚扪和摩押的女子为妻。 24他们半数的子女说亚实突话或其他外族人的话,不懂得犹大话。 25我就斥责他们,咒诅他们,打了他们其中一些人,又扯他们的头发,要他们奉上帝的名起誓不再让自己的子女与外族人通婚,自己也不娶外族女子。 26我说:“这岂不是以色列王所罗门所犯的罪吗?众国中没有王可与他相比,他的上帝爱他,立他做全以色列的王。然而,连他也被外族女子引入罪中。 27我怎能听凭你们行这大恶,因娶外族女子而背叛我们的上帝呢?” 28以利亚实大祭司之子耶何耶大有个儿子娶了和伦人参巴拉的女儿,我就把他赶了出去。 29我的上帝啊,求你记住他们,因为他们玷污了祭司的职分,违背了你与祭司和利未人所立的约。
30这样,我清除了他们当中的一切外族之物,并指定祭司和利未人的职分,使他们各尽其职, 31又让民众定期供应木柴和初熟的物产。
我的上帝啊,求你眷顾我,施恩于我。
Nehemia Nsesɛw Foforo A Etwa To
1Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase. 2Ase ne sɛ, bere a Israelfo fii Misraim no, wɔne wɔn anni no yiye. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. 3Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpam ananafo no nyinaa fii aguabɔ no ase.
4Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na ɔsɔfo Eliasib a woyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfo no a na ɔsan yɛ Tobia busuani no, 5adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de.
6Saa bere no, na minni Yerusalem. Na masan kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahenni afe a ɛto so aduasa abien so. Akyiri no na ɔmaa me kwan sɛ mensan mmra. 7Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no, 8ɛtɔɔ me so, na miyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa gui. 9Afei mehyɛe sɛ, wonnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atoko afɔrebɔde ne aduhuam no san beguu mu.
10Mesan huu sɛ wɔmfaa nea ɛsɛ sɛ Lewifo no nya no mmaa wɔn ɛ, enti na wɔne nnwontofo no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asan akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuw mu. 11Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofo no nkyɛn, kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na moayi mo ani afi Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifo no nyinaa ma wɔsan bae, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.
12Na bio, Yudafo nyinaa fii ase de wɔn atoko ntotoso du du, nsa foforo ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. 13Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no.
14Kae saa ade pa yi yɛ, me Nyankopɔn, na mma wo werɛ mfi nea mifi nokwaredi mu ayɛ nyinaa de ama me Nyankopɔn Asɔredan no.
15Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda. 16Na mmarima bi nso fi Tiro a wɔde nsumnam ne aguade ahorow bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafo wɔ Yerusalem fie ankasa! 17Ɛno nti, mekɔɔ Yuda ntuanofo no so kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? 18Munnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no nti na yɛn Nyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so mprempren yi brɛɛ yɛn ne yɛn kurow yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntraso mprempren no bɛma abufuwhyew aba Israelfo so.”
19Na afei, mehyɛɛ sɛ, efi saa bere no rekɔ, Fida biara anwummere, wɔntoto kurow no apon mu a wommmue ara kosi sɛ Homeda no betwa mu. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfo kɔwɛn apon no, sɛnea wɔrentumi mfa aguade mma homeda no. 20Aguadifo ne nsaanodwumayɛfo a wɔde aguade ahorow ba no soɛɛ wɔ Yerusalem mfikyiri pɛnkoro anaa mprenu. 21Nanso mekasa kyerɛɛ wɔn anibere so se, “Dɛn na motete ɔfasu yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Efi hɔ no, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio. 22Na mehyɛɛ Lewifo no sɛ, wonnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apon no sɛnea Homeda no kronkronyɛ no bɛka hɔ.
Kae saa ade pa yi yɛ nso, me Nyankopɔn, na wʼadɔe kɛse a ɛnsa da no nti, hu me mmɔbɔ.
23Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab. 24Na nea na enye koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforo bi kasa a na wontumi nka Yudafo kasa no koraa. 25Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware. 26Mibisae se, “Ɛnyɛ eyi bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so hene toto ne ho a, ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn dɔɔ no, na osii no hene wɔ Israel nyinaa so. Nanso ɔno mpo ananafo aware de no kɔɔ bɔne mu. 27Dɛn na ɛhaw mo ma modwene sɛ mobɛware ananafo mmea, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na munni Onyankopɔn nokware?
28Esiane sɛ ɔsɔfopanyin Eliasib babarima Yoiada aware Horonni Sanbalat babea nti, mepam no fii mʼanim.
29Kae wɔn, me Nyankopɔn, efisɛ wɔagu asɔfodwuma, asɔfo ne Lewifo bɔhyɛ ne ntam no ho fi.
30Enti miguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma. 31Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔremuka so no nso bɛba mmere a ɛsɛ mu, na afei wobegye otwa a edi kan no mu nnɔbae de abrɛ asɔfo no.
Kae eyi na dom me, me Nyankopɔn.