问候
1我是按上帝旨意蒙召做基督耶稣使徒的保罗,同所提尼弟兄, 2写信给在哥林多的上帝的教会,就是在基督耶稣里得以圣洁、蒙召做圣徒的,以及各地求告我们主耶稣基督之名的人。基督是他们的主,也是我们的主。
3愿我们的父上帝和主耶稣基督赐给你们恩典和平安!
保罗的感恩
4我常常为你们感谢我的上帝,因为祂在基督耶稣里赐给了你们恩典, 5使你们在基督里凡事富足,口才与知识兼备。 6这样,我为基督所做的见证就在你们身上得到了印证。 7因此,你们在热切等候我们的主耶稣基督再来期间,并不缺少任何属灵的恩赐。 8我们的主耶稣基督必扶持你们到底,使你们在祂再来的日子无可指责。 9上帝是信实的,祂呼召你们是要你们与祂的儿子——我们的主耶稣基督相交。
信徒要同心合意
10亲爱的弟兄姊妹,我奉主耶稣基督的名劝你们,要同心合意,不可结党纷争,要团结一致, 11因为革来家的人把各位弟兄姊妹的事情告诉了我,说你们中间有纷争。 12我的意思是你们有人说:“我是跟随保罗的”,有人说:“我是跟随亚波罗的”,有人说:“我是跟随矶法1:12 即“彼得”,下同。的”,有人说:“我是跟随基督的”。 13难道基督是分成几派的吗?替你们钉十字架的是保罗吗?你们是奉保罗的名受洗的吗?
14感谢上帝,除了基利司布和该犹以外,我没有为你们任何人施洗, 15所以没有人能说是奉我的名受洗的。 16不错,我也曾为司提法纳的家人施洗,除此以外,我不记得还为谁施洗了。 17基督差遣我不是去为人施洗,而是去传扬福音,并且不用智言慧语,免得基督十字架的能力被抹杀。
上帝的智慧
18因为十字架之道在将要灭亡的人看来是愚昧的,但对我们这些得救的人来说却是上帝的大能, 19正如圣经上说:“我要摧毁智者的智慧,废弃明哲的聪明。”1:19 以赛亚书29:14。
20这个世代所谓的智者、学者、雄辩家在哪里?上帝岂不是把这世上的智慧都变成愚昧了吗? 21上帝运用自己的智慧不让世人凭世上的智慧去认识祂,祂乐意采用世人看为愚昧的讲道去拯救那些相信的人。
22犹太人要看神迹,希腊人寻求智慧, 23但我们传讲被钉十字架的基督。这对犹太人来说是绊脚石,对外族人来说是愚昧的。 24但对于蒙召的人来说,无论是犹太人还是希腊人,基督是上帝的能力、上帝的智慧。 25因为上帝的“愚昧”也胜过世人的智慧,上帝的“软弱”也胜过世人的刚强。
26弟兄姊妹,想想你们蒙召时的情形。按人的标准来衡量,你们当中称得上有智慧的不多,有能力的不多,出身名门望族的也不多。 27但上帝拣选了世上愚昧的,要使智者羞愧;上帝拣选了世上软弱的,要使强者羞愧; 28上帝拣选了世上卑贱的、被藐视的和无足轻重的,要使世人看为举足轻重的变得无足轻重。 29这样,谁都不能在上帝面前自夸了。
30上帝使你们活在基督耶稣里,祂使基督耶稣成为我们的智慧、公义、圣洁和救赎。 31所以,正如圣经上说:“要夸耀,就当夸耀主的作为。”1:31 耶利米书9:24。
Nkyea
1Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn,
2Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
3Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
Aseda
4Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. 5Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. 6Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, 7ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi. 8Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara. 9Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.
Asafo No Mpaapaemu
10Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako. 11Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
13Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa? 14Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ. 16Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio. 17Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa.
Kristo A Ɔyɛ Onyankopɔn Tumi
18Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,
na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
20Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. 21Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa. 22Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. 23Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; 24nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. 25Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden.
26Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. 27Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no. 29Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho. 31Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”