加拉太书 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

加拉太书 3:1-29

行律法与信基督

1无知的加拉太人啊!谁又迷惑了你们呢?耶稣基督被钉在十字架上的事早就像一幅画一样展现在你们眼前了。 2我只想问,你们领受了圣灵是靠遵行律法呢,还是因为相信所听见的福音呢? 3你们既然靠圣灵开始了基督徒的生活,现在却想靠肉体达到纯全吗?你们就这么无知吗? 4你们受了许多苦,难道都是徒然的吗?都白受了吗? 5上帝将圣灵赐给你们又在你们中间行神迹,是因为你们遵行律法呢,还是因为你们相信所听到的福音呢?

6圣经上说:“亚伯拉罕信上帝,就被算为义人。” 7因此,你们要明白,那些信上帝的人才是亚伯拉罕的子孙。 8圣经早就指明,上帝要叫外族人因信而被称为义人,祂预先将福音传给亚伯拉罕,说:“万国必因你而蒙福。” 9所以那些信上帝的人必和有信心的亚伯拉罕一同得到祝福。

10凡以遵行律法为本的人都在咒诅之下,因为圣经上说:“凡不遵行律法书上一切命令的人必受咒诅。” 11非常明显,没有人能靠遵行律法在上帝面前被称为义人,因为圣经上说:“义人必靠信心而活。” 12律法却不是以信心为本,而是说:“遵行的人必存活。”

13但基督替我们受了咒诅,从而救赎我们脱离了律法的咒诅,因为圣经上说:“凡挂在木头上的人都是受咒诅的。” 14这样,赐给亚伯拉罕的祝福可以借着基督耶稣临到外族人,使我们也可以借着信得到上帝应许赐给我们的圣灵。

律法与应许

15弟兄姊妹,我举个日常生活中的例子。世人的合约一经双方签订之后,就不能作废,也不能加添。 16上帝曾向亚伯拉罕和他的后裔赐下应许,不过这里没有说“后裔们”——指许多人,而是说“你的后裔”——指一个人,就是基督。 17我的意思是:四百三十年后颁布的律法不会废除上帝先前立下的约,以致应许落空。 18倘若我们是靠守律法去承受产业,我们就不是倚靠上帝的应许。但上帝是凭应许把产业赐给了亚伯拉罕

19那么,为什么会有律法呢?律法是为了使人知罪而颁布的,等那位承受应许的后裔来到后,律法的任务就完成了。律法是通过天使交给一位中间人颁布的。 20中间人代表双方,但上帝则单方面赐下应许。

21这样看来,上帝的律法和上帝的应许是否互相矛盾呢?当然不是!如果赐下的律法能带给人生命,人就可以靠律法成为义人了。 22但圣经说万物都在罪的权势下,为要使那些相信的人因为相信耶稣基督而得到应许3:22 因为相信耶稣基督而得到应许”或译“因为耶稣基督的信实而得到应许”。

23信耶稣的时代3:23 信耶稣的时代”希腊文是“信心”,下同25节。还没有来临以前,律法暂时监管我们。等到信耶稣之道显明出来后,律法就不再监管我们。 24因此,律法是我们的监护人,负责引领我们归向基督,使我们可以因信而被称为义人。 25现在信耶稣的时代已经来临,我们不再受律法监管。 26你们都借着信基督耶稣而成为上帝的儿女, 27因为你们受洗归入基督就是披戴基督3:27 披戴基督”是个隐喻,主要的意思是“像基督”,象征有基督的生命与品格。28从此不再分犹太人和希腊人,自由人和奴隶,男人和女人,因为你们都在基督耶稣里合而为一了。 29你们若属于基督,就是亚伯拉罕的后裔,都是照着上帝的应许承受产业的人。

Asante Twi Contemporary Bible

Galatifoɔ 3:1-29

Gyidie Anaa Mmara So Di

1Mo Galatifoɔ adwenemherɛfoɔ! Hwan na ɔdanee mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asɛnnua mu. 2Mommua me saa asɛm yi: Moyɛɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so? Anaasɛ motiee Asɛmpa no gye diiɛ ansa? 3Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? 4Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. 5Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? 6Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.”

7Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 8Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no.

10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” 12Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa. 13Ɛno enti na Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufoɔ so, na yɛnam gyidie so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no.

Mmara Ne Bɔhyɛ No

15Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛsoɔ: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. 16Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nnka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdi so. Mmara no a ɛbaa akyire no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirinhyia ahanan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no maaeɛ, no mu. 18Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham.

19Ɛnneɛ na Mmara no ho mfasoɔ ne sɛn? Wɔde maa akyire no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ kɔsi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfoɔ no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafoɔ. 20Yɛnim sɛ ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ baako amfa ntamugyinafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.

Mmara No Botaeɛ

21Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabi! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ anka onipa nam saa mmara no so bɛtumi atene wɔ Onyankopɔn anim. 22Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no.

23Ansa na gyidie no reba no, Mmara no too yɛn mpɔkyerɛ kɔsii sɛ wɔbɛdaa gyidie no adi. 24Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnam gyidie so bɛbu yɛn bem. 25Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio.

26Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. 27Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu. 29Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ, na bɔhyɛ no enti, moyɛ adedifoɔ nso.